‘Mummu Saafo no Yiye’
NA NNEƐMA nkɔ yiye wɔ Korintofo asafo no mu. Ná ɔbrasɛe a ɛyɛ ahobow ne mpaapaemu wɔ anuanom no ntam. Ná ebinom rehyia nsɛnnennen a ɛhaw wɔn anaasɛ na wɔwɔ nsɛmmisa a ehia sɛ wonya ho mmuae. Ná anuanom binom de wɔn mfɛfo kɔ asɛnnibea; na ebinom mpo gye owusɔre ho kyim.
Nsɛmmisa a emu yɛ den nso sɔree. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔwɔ mmusua a wɔn som gu ahorow no ne wɔn ahokafo a wɔnyɛ agyidifo no tra, anaa ɛsɛ sɛ wogyaa wɔn? Ná dɛn ne mmea afã wɔ asafo no mu? Ná ɛyɛ papa sɛ wodi nnam a wɔakum ama abosom? Ɔkwan bɛn so na na ɛsɛ sɛ wɔyɛ asafo nhyiam horow—a Awurade Anwummeduan no ka ho—no?—1 Korintofo 1:12; 5:1; 6:1; 7:1-3, 12, 13; 8:1; 11:18, 23-26; 14:26-35.
Akyinnye biara nni ho sɛ Akaiko, Fortunato, ne Stefana a na anuanom yiyedi, wɔ saa honhom fam tebea a na ɛhaw adwene yi mu, haw wɔn no tuu kwan kɔsraa ɔsomafo Paulo wɔ Efeso. Nea na ɛka nsɛm a ɛhaw adwene yi ho no, ebetumi aba sɛ na wokura asafo no krataa a nsɛm yi ho nsɛmmisa wom a wɔde rekɔma Paulo. (1 Korintofo 7:1; 16:17) Ɛda adi sɛ na ɛnyɛ anuanom baasa yi nkutoo na na tebea no haw wɔn. Nokwarem no, na “Kleo fifo” ayi Paulo asotiw dedaw sɛ kunsunkunsun wɔ asafo no mufo no mu. (1 Korintofo 1:11) Akyinnye biara nni ho sɛ abɔfo no amanneɛbɔ no boaa Paulo ma ɔtee tebea no ase yiye, na ɛmaa ohuu afotu a ɛsɛ sɛ ɔde ma, ne sɛnea obebua nsɛmmisa a ɛsɔree no. Ɛbɛyɛ sɛ krataa a ɛnnɛ yenim no sɛ ɛne Korintofo nhoma a edi Kan no ne Paulo mmuae a Onyankopɔn honhom kronkron kyerɛɛ no kwan ma ɔkyerɛwee. Ɛbɛyɛ sɛ Akaiko, Fortunato, ne Stefana na wɔde krataa no kɔe.
Henanom ne Akaiko, Fortunato, ne Stefana? Dɛn na yebetumi asua afi wɔn ho nsɛm a Kyerɛwnsɛm ka no mu?
Stefana Fifo
Ná Stefana fifo ne “aba a edi kan” wɔ Paulo som adwuma no mu wɔ Romafo mansin Akaia, a ɛwɔ Greece Kesee fam no wɔ bɛyɛ afe 50 Y.B. mu, na Paulo ankasa na ɔbɔɔ wɔn asu. Ɛda adi sɛ Paulo buu wɔn sɛ nhwɛsode, a wobetumi anya Korintofo no so nkɛntɛnso pa. Ɔkamfoo wɔn yiye esiane wɔn dwuma a wogyinaa asafo no ananmu dii no nti: “Na mitu mo fo, anuanom, munim Stefana fi sɛ ɛne Akaia aba a edi kan, na wɔde wɔn ho ama ahotefo som no, sɛ mo nso mommrɛ mo ho ase mma saafo ne obiara a ɔyɛ adwuma no bi brɛ mu no.” (1 Korintofo 1:16; 16:15, 16) Wɔnka wɔn a na wɔyɛ Stefana “fifo” ankasa no ho asɛm nkyerɛ yɛn. Asɛm no betumi akyerɛ abusuafo nanso nkoa anaa adwumayɛfo betumi aka ho. Esiane sɛ Akaiko yɛ Latin din a wɔtaa de frɛ nkoa, na Fortunato yɛ wɔn a wɔade wɔn ho nti, nkyerɛkyerɛmufo bi susuw sɛ ebia na nnipa baanu no yɛ saa fie no mufo.
Sɛnea na ɛte biara no, Paulo buu Stefana fiefo no sɛ wɔyɛ nhwɛso pa. Ná emufo no de “wɔn ho ama ahotefo som.” Ɛbɛyɛ sɛ na Stefana abusua no ahu sɛ adwuma wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔyɛ de boa asafo no yiyedi, na wofii wɔn pɛ mu gyee ɔsom adwuma yi too wɔn ho so sɛ wɔn asɛyɛde. Akyinnye biara nni ho sɛ ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔde ɔsom a ɛte saa bɛma akronkronfo no fata nkuranhyɛ ne anisɔ.
“Wɔabedwudwo Me Honhom ne Mo De Ho”
Ɛwom sɛ na Paulo ahaw wɔ Korintofo no tebea no ho de, nanso abɔfo baasa no hyɛɛ no den bere a woduu hɔ no. Paulo ka sɛ: “M’ani gye Stefana ne Fortunato ne Akaiko ba no ho, na munni me nkyɛn yi, wɔn na wɔabesi ananmu; efisɛ wɔabedwudwo me honhom ne mo de ho.” (1 Korintofo 16:17, 18) Sɛ yesusuw tebea no ho a, ebetumi aba sɛ na tew a Paulo atew ne ho afi Korintofo no ho no haw no yiye, nanso afei de, wɔn ananmusifo no ba no abesi asafo mũ no nyinaa ananmu. Ɛda adi sɛ amanneɛbɔ no boaa Paulo ma ohuu tebea no yiye na anyɛ yiye koraa no, ɛtew ehu a na aka no no so. Ebia na nneɛma nte sɛnea osusuwii no mpo.
Sɛnea Paulo kyerɛ no, ɛnyɛ ne honhom nko na abɔfo baasa no nsra dwudwowee, na mmom Korintofo asafo no de bi. Akyinnye biara nni ho sɛ wɔn bo tɔɔ wɔn yam sɛ wobehui sɛ wɔn ananmusifo no akɔkyerɛkyerɛ tebea no mu pɛpɛɛpɛ akyerɛ Paulo na wɔde ɛho afotu aba.
Enti wɔkamfoo Stefana ne n’ahokafo baanu no wɔ wɔn adwuma a wogyinaa Korintofo no ananmu yɛe no ho yiye. Paulo anisɔ ma mmarima yi ma ɔhyɛe sɛ sɛ wodu a, wonni Korintofo asafo a na emu apaapae no anim. Ɔsomafo no hyɛɛ anuanom no nkuran sɛ: ‘Mommrɛ mo ho ase mma saafo ne obiara a ɔyɛ adwuma no bi brɛ mu no. Mummu saafo no yiye!’ (1 Korintofo 16:16, 18) Nkamfo a emu yɛ den a ɛte saa no da mmarima no nokwaredi adi pefee, ɛmfa ho nsɛnnennen a na ɛwɔ asafo no mu no. Ɛsɛ sɛ wokura mmarima a wɔte saa no nidi mu.—Filipifo 2:29.
Biakoyɛ a Efi Nokwaredi mu Sow Aba Pa
Akyinnye biara nni ho sɛ, Yehowa ahyehyɛde no ne n’ananmusifo a yɛne wɔn bɛyɛ biako denneennen no sow aba pa. Bere a Paulo kyerɛw krataa a yenim no seesei sɛ Korintofo nhoma a ɛto so Abien no wɔ nea edi kan no akyi bere tiaa bi no, na nneɛma afi ase rekɔ so yiye wɔ asafo no mu dedaw. Adwuma a anuanom te sɛ Akaiko, Fortunato, ne Stefana de boasetɔ yɛe, ne afei Tito nsrahwɛ no nso nyaa nkɛntɛnso pa.—2 Korintofo 7:8-15; fa toto Asomafo no Nnwuma 16:4, 5 ho.
Nnɛyi Yehowa nkurɔfo asafo mufo betumi anya mfaso denam anokwafo a wɔaka wɔn ho asɛm tiawa wɔ Kyerɛwnsɛm mu yi ho a wobesusuw no so. Sɛ nhwɛso no, fa no sɛ esiane ntease bi nti, wontumi nsiesie tebea bi a ɛrekɔ so wɔ asafo no mu ma ɛrehaw anuanom adwene. Dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? Suasua Stefana, Fortunato, ne Akaiko a wɔantwentwɛn wɔn nan ase wɔ wɔn asɛyɛde ho sɛ wɔbɛka tebea no ho asɛm akyerɛ Paulo no, na afei woagyae tebea no mu ama Yehowa a wowɔ ahotoso sɛ ɛbɛyɛ yiye. Biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ wɔmaa nokware no ho ninkunu a wɔtwee no kwan ma wɔyɛɛ ade wɔ wɔn ankasa kwan so, anaa wɔn ‘bo fuw Yehowa.’—Mmebusɛm 19:3.
Asafo no yɛ Yesu Kristo de, na wɔ ne bere a ɛsɛ mu no, sɛnea ɔyɛe wɔ Korinto no, obedi dwuma de asiesie nsɛnnennen biara a ebetumi asɛe wɔn honhom fam yiyedi ne asomdwoe no. (Efesofo 1:22; Adiyisɛm 1:12, 13, 20; 2:1-4) Enkosi saa bere no, sɛ yedi Stefana, Fortunato, ne Akaiko nhwɛso pa no akyi na yɛkɔ so brɛ yɛn nuanom ho wɔ ɔsom no mu a, na yɛn nso yefi nokwaredi mu reboa asafo nhyehyɛe, rehyɛ yɛn nuanom nkuran, ‘retwetwe wɔn kɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu.’—Hebrifo 10:24, 25.