“Ɔbarima Ne Ɔbea Na Ɔbɔɔ Wɔn”
“Onyankopɔn bɔɔ onipa wɔ ne suban so, Onyankopɔn suban so na ɔbɔɔ no, ɔbarima ne ɔbea na ɔbɔɔ wɔn.”—GENESIS 1:27.
1. Ɔkwan bɛn so na nokware no yɛ nhyira ma Kristofo mmarima ne mmea?
HWƐ anigye a ɛyɛ sɛ wobɛka Yehowa nkurɔfo ho, na wo ne mmarima ne mmea, mmarimaa ne mmeawa a wɔn asetram botae titiriw ne sɛ wɔbɛdɔ Onyankopɔn na wɔatie no no bɛbɔ fekuw! Nokware no nso ma yenya ahofadi fi abrabɔ ne nneyɛe a ɛnsɔ Yehowa Nyankopɔn ani ho, na ɛkyerɛkyerɛ yɛn ma yɛtra ase sɛnea ɛsɛ sɛ Kristofo yɛ. (Yohane 8:32; Kolosefo 3:8-10) Sɛ́ nhwɛso no, nnipa a wɔwɔ mmaa nyinaa wɔ atetesɛm anaa nkyerɛkyerɛ a ɛfa sɛnea ɛsɛ sɛ mmarima da wɔn mmarima su adi na mmea nso da wɔn mmea su adi ho. So wɔde mmarima su wo mmarima, na wɔde mmea su wo mmea ara kwa? Anaasɛ nokwasɛm foforo bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yesusuw ho?
2. (a) Dɛn so na ɛsɛ sɛ mmarima su ne mmea su ho adwene a yɛwɔ no gyina? (b) Dɛn na aba bɔbeasu ho adwene a nkurɔfo wɔ so?
2 Wɔ Kristofo fam no, Onyankopɔn Asɛm no ne nhoma a yedi akyi, ɛmfa ho yɛn nipasu, amammerɛ anaa atetesɛm a wɔde akyerɛkyerɛ yɛn no. (Mateo 15:1-9) Bible no nkyerɛkyerɛ mmarima su ne mmea su ho nsɛm nyinaa mu. Mmom no, ɛma su ahorow te sɛ nea yehu wɔ aman ahorow mu no ho kwan. Sɛ mmarima ne mmea bɛyɛ sɛnea Onyankopɔn bɔɔ wɔn sɛ wɔnyɛ a, ɛsɛ sɛ mmarima nya mmarima su, na mmea nya mmea su. Dɛn ntia? Efisɛ nea ɛka boa a wɔyɛɛ ɔbarima ne ɔbea sɛ wɔmmoa wɔn ho wɔn ho wɔ honam fam ho no, wɔyɛɛ wɔn sɛ wɔmfa mmarima ne mmea su atitiriw mmoa wɔn ho wɔn ho. (Genesis 2:18, 23, 24; Mateo 19:4, 5) Nanso wɔakyinkyim bɔbeasu ho adwene adannan ani. Nnipa pii di mfomso susuw sɛ mmarima su kyerɛ nhyɛso katee, anuɔden, anaa akakabensɛm. Wɔ aman bi mu no, ɛbɛyɛ den anaa aniwu sɛ ɔbarima besu wɔ baguam, anaa kokoam. Nanso “Yesu sui” wɔ nnipadɔm mu wɔ Lasaro ɔboda ho. (Yohane 11:35) Na ɛno nyɛ ade a ɛmfata sɛ Yesu a na ne mmarima su yɛ pɛ no bɛyɛ. Ɛnnɛ nnipa pii abenya mmea su ho adwene a ɛnkari pɛ, na wobu no sɛ ɛyɛ honam fam su ne biribi a ɛkanyan nna ho akɔnnɔ kɛkɛ.
Mmarima Su ne Mmea Su Ankasa
3. Ɔkwan bɛn so na mmarima ne mmea da nsow?
3 Dɛn ne mmarima su ankasa, na dɛn ne mmea su ankasa? The World Book Encyclopedia ka sɛ: “Ɛnyɛ yɛbea mu nko na mmarima dodow no ara da nsow wɔ mmea ho, na mmom wɔ nneyɛe ne nneɛma a wɔn ani gye ho mu nso. Saa nsonsonoe yi mu bi fi awosu mu. . . . Nanso ɛte sɛ nea nsonsonoe a ɛmfa yɛbea ho no mu pii gyina dwuma a mmarima ne mmea di a ankorankoro biara sua no so. Wɔwo onipa sɛ ɔbarima anaa ɔbea, nanso mmarima su ne mmea su de, wosua.” Ɛwom sɛ yɛn awosu na ɛma yɛyɛ nneɛma pii de, nanso mmarima su ne mmea su a ɛfata a obi benya no gyina nea Onyankopɔn hwehwɛ fi yɛn hɔ a yebesua, ne nea yɛn mu biara paw sɛ ɔbɛyɛ wɔ asetra mu na odi ho dwuma no so.
4. Dɛn na Bible da no adi wɔ ɔbarima ne ɔbea dwumadi ho?
4 Bible abakɔsɛm da no adi sɛ na Adam asɛyɛde ne sɛ obedi anim sɛ ne yere ne ne mma ti. Afei nso na ɛsɛ sɛ odi Onyankopɔn apɛde a ɛne sɛ ɔbɛwo ahyɛ asase so ma, adi so, na wama asase so abɔde nyinaa ahyɛ n’ase no ho dwuma. (Genesis 1:28) Ná mmea asɛyɛde a Hawa wɔ wɔ abusua no mu ne sɛ ɔbɛyɛ Adam “boafo” ne ‘ɔhokafo’ a ɔbrɛ ne ho ase hyɛ ne tiyɛ ase, na ɔne no yɛ biako di Onyankopɔn atirimpɔw a ɔde ama wɔn no ho dwuma.—Genesis 2:18; 1 Korintofo 11:3.
5. Ɔkwan bɛn so na wɔsɛee ɔbarima ne ɔbea ntam abusuabɔ no?
5 Nanso Adam anni n’asɛyɛde ho dwuma, na Hawa de ne mmea su dii dwuma adɛfɛdɛfɛ kwan so twetwee Adam ma ɔkɔkaa ne ho yɛɛ Onyankopɔn so asoɔden. (Genesis 3:6) Esiane sɛ Adam gyaee ne ho mu yɛɛ ade a onim sɛ enye nti, wanna mmarima su ankasa adi. Ɔgow ne ho mu kodii ne hokafo a na wɔadaadaa no no akyi mmom sen sɛ anka obetie N’agya ne ne Bɔfo no. (Genesis 2:16, 17) Ankyɛ na awarefo a wodi kan no huu nea Onyankopɔn hu siei sɛ ɛbɛyɛ wɔn asoɔden so akatua no. Adam a na wadi kan aka ne yere ho asɛm fɛfɛɛfɛ wɔ anwensɛm kwan so no de amemenemfe kaa ne ho asɛm afei sɛ ‘ɔbea a wode no brɛɛ me no.’ Ne sintɔ no sɛee ne mmarima su ma wamfa ani dwuma ɔkwampa so, na ɛma ‘odii’ ne yere so. Ná Hawa nso ‘ani begyina’ ne kunu, a ɛda adi sɛ na ɛbɛyɛ nea ɛtra so anaa ɛnkari pɛ.—Genesis 3:12, 16.
6, 7. (a) Mmarima su ho adwene a ɛnteɛ bɛn na ɛdaa adi ansa na Nsuyiri no reba? (b) Dɛn na yebetumi asua afi tebea a ɛkɔɔ so ansa na Nsuyiri no reba no mu?
6 Mmarima su ne mmea su a wɔde dii dwuma ɔkwammɔne so no bɛdaa adi kɛse bere a na aka kakra ma Nsuyiri no aba no. Abɔfo a wogyaw wɔn trabea wɔ soro no danee wɔn ho nnipa na ama wɔatumi ne nnipa mmabea adeda. (Genesis 6:1, 2) Kyerɛwtohɔ no ka mmarima a wɔwoo wɔn wɔ saa nna mu kyɛfa a ɛnyɛ ne kwan so no mu nkutoo ho asɛm. Na ɛte sɛ nea na wɔn mma no yɛ afrafra mma, nnipa a wontumi nwo. Wɔbɛfrɛɛ wɔn abirɛmpɔn, Nefilim, anaa Wɔn a Wɔhwe Nkurɔfo Ase, esiane sɛ na wɔma afoforo hwe ase nti. (Genesis 6:4, NW; ase hɔ asɛm) Ɛda adi sɛ na wɔyɛ basabasayɛfo, ntuafo, atirimɔdenfo a wonni tema ma afoforo.
7 Ɛda adi sɛ honam fam ahoɔfɛ, nipadua yɛbea, kɛseyɛ, anaa ahoɔden ankasa mma obi nnya mmarima su anaa mmea su a ɛfata. Ɛda adi sɛ na abɔfo a wɔsakraa wɔn ho no ho yɛ fɛ. Ná Nefilim no sõsõ yeyɛ abran, nanso na wɔn adwene asɛe. Abɔfo asoɔdenfo no ne wɔn mma de nna mu ɔbrasɛe ne basabasayɛ hyɛɛ asase so ma. Enti, Yehowa de saa wiase no baa awiei. (Genesis 6:5-7) Nanso Nsuyiri no anyi adaemone nkɛntɛnso amfi hɔ koraa, na saa ara nso na anyi nea Adam bɔne de bae no amfi hɔ. Mmarima su ne mmea su ho adwene a ɛnteɛ daa adi bio wɔ Nsuyiri no akyi, na nhwɛso ahorow wɔ Bible mu, nea eye ne nea enye, a yebetumi asua biribi afi mu.
8. Mmarima su ho nhwɛso a ɛfata bɛn na Yosef yɛe?
8 Yosef ne Potifar yere asɛm no ma yehu mmarima su a ɛfata a wɔde ko tia mmea su a ɛyɛ wiase de ho nhwɛso a edi mu. Potifar yere a na wabenya Yosef a na ne ho yɛ fɛ no ho akɔnnɔ a ɛmfata no bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛdaadaa no. Saa bere no na Onyankopɔn mmara biara nni hɔ a wɔakyerɛw a ɛbara aguamammɔ anaa awaresɛe. Nanso, Yosef guan gyaw ɔbea guamanfo no hɔ de daa ne ho adi sɛ ɔyɛ Onyankopɔn nipa ankasa, onipa a ɔdaa mmarima su a ɛsɔ Onyankopɔn ani adi.—Genesis 39:7-9, 12.
9, 10. (a) Ɔkwan bɛn so na Ɔhemmaa Wasti de ne mmea su dii dwuma ɔkwammɔne so? (b) Mmea su ho nhwɛso pa bɛn na Ester yɛ maa yɛn?
9 Ester ne Ɔhemmaa Wasti yɛ nhwɛso atitiriw a ɛda nsow ma mmea. Ɛda adi sɛ Wasti susuwii sɛ na ne ho yɛ fɛ araa ma Ɔhene Ahasweros bɛpene n’apɛde so bere nyinaa. Nanso na n’ahoɔfɛ no yɛ ɔhonam ani de kɛkɛ. Na onni ahobrɛase ne mmea su, efisɛ wammrɛ ne ho ase amma ne kunu a ɔyɛ ɔhene no. Ɔhene no poo no, na ɔpaw ɔbea a ɔwɔ mmea su ankasa na osuro Yehowa nokwarem ma ɔbɛyɛɛ ne hemmaa.—Ester 1:10-12; 2:15-17.
10 Ester yɛ nhwɛso pa ma Kristofo mmea. Ná ne “nipadua yɛ fɛ, na n’anim nso ye” de, nanso ɔdaa ‘komam nipa a wahintaw, honhom a edwo na ɛyɛ komm ade a ɛmporɔw mu’ adi. (Ester 2:7; 1 Petro 3:4) Wamma honam fam ahyehyɛde anyɛ no ade titiriw. Ester yɛɛ anifere, dii ne ho so, brɛɛ ne ho ase maa ne kunu, Ahasweros, bere a na ne nkurɔfo nkwa da asiane mu mpo no. Ester kaa n’ano toom bere a na nyansa wom sɛ ɔyɛ saa no, nanso ɔde akokoduru kasae bere a na ɛho hia na ɛfata no. (Ester 2:10; 7:3-6) Otiee ne papa nua ba Mordekai a ne ho akokwaw no afotu. (Ester 4:12-16) Ɔdaa ɔdɔ ne nokware adi maa ne nkurɔfo.
Honam Ani Hwɛbea
11. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwenem wɔ honam fam ahoɔfɛ ho?
11 Dɛn na ɛma wonya mmea su a ɛfata? Ɛna bi kae sɛ: “Osoowayɛ yɛ nnaadaa, na ahoɔfɛ yɛ ahuhude; ɔbea a osuro Awurade [Yehowa, NW] na wobeyi no ayɛ.” (Mmebusɛm 31:30) Enti Onyankopɔn ho suro pa ho hia, na adɔe, su pa, ahobrɛase, ne odwo a wɔde kasa, ma mmea su da adi kɛse sen honam fam ahoɔfɛ.—Mmebusɛm 31:26.
12, 13. (a) Nea ɛyɛ awerɛhow no, dɛn na ɛda adi wɔ nnipa pii kasa mu? (b) Mmebusɛm 11:22 ase ne dɛn?
12 Awerɛhosɛm ne sɛ, mmarima ne mmea pii mmue wɔn ano nyansa mu, na saa ara na adɔe nni wɔn tɛkrɛma so. Wɔn kasa yɛ anobow, atɛnnidi, nkwaseasɛm, kasafĩ, na wonni tema. Mmarima bi susuw sɛ kasafĩ yɛ mmarima su ho sɛnkyerɛnne, na mmea bi suasua wɔn wɔ ɔkwan a nyansa nni mu so. Sɛ ɔbea bi ho yɛ fɛ nanso onnim nyansa, ɔpɛ ntɔkwaw, atɛnnidi, anaa ɔyɛ ahantan a, so obetumi ayɛ obi a ne ho yɛ fɛ ankasa a ɔwɔ mmea su ankasa? “Sɛ sika adwinne te, prako hwene mu, sɛ ɔbaabere a onnim nea ɛfata te ne no.”—Mmebusɛm 11:22.
13 Ɔbea a ne ho yɛ fɛ a ɔka kasafĩ, odidi atɛm, anaa onnim nyansa mfata, na onni mmea su biara a obi ani betumi agye ho. Nokwarem no, subammɔne a ɛte saa betumi ama obi a ɔwɔ honam fam ahoɔfɛ ho ayɛ tan mpo. Yebetumi ahu no ntɛm ara sɛ sɛnea ɔbarima anaa ɔbea bi te wɔ honam fam ankasa no ntumi nkata abufuw a ɔda no adi, nteɛteɛm, anaa kasafĩ so mma ɛmfata. Ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa de wɔn kasa ne wɔn nneyɛe a egyina Bible so no tumi ma Onyankopɔn ne wɔn mfɛfo nnipa ani gye wɔn ho.—Efesofo 4:31.
14. Ahosiesie bɛn na wɔkamfo kyerɛ wɔ 1 Petro 3:3-5, na wote nka dɛn wɔ ho?
14 Bere a mmea su ne mmarima su ankasa gyina honhom fam su ahorow so no, honam fam yɛbea ne hwɛbea, a ntade a yɛhyɛ ne sɛnea yɛhyɛ no ka ho no, ka yɛn ho asɛm. Akyinnye biara nni ho sɛ na afeha a edi kan no mu ntadehyɛ ne ahosiesie bi ho asɛm wɔ ɔsomafo Petro adwenem bere a otuu Kristofo mmea fo no: “Mommma mo ahyehyɛde nnyɛ ɔhonam ani de, mmɛsawɔw ne sikahyɛ anaa ntadehyɛ mu, na mmom momma ɛnyɛ komam nipa a wahintaw no, honhom a edwo na ɛyɛ komm ade a ɛmporɔw mu. Ɛno na ne bo yɛ den Onyankopɔn anim. Na saa na tete no mmea kronkron a wɔde wɔn ho too Nyankopɔn so no hyehyɛɛ wɔn ho, na wɔbrɛɛ wɔn ho ase maa wɔn ankasa wɔn kununom.”—1 Petro 3:3-5.
15. Dɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo mmea bɔ mmɔden da no adi wɔ wɔn ntadehyɛ mu?
15 Yehu Paulo nsɛm a ɛfa mmea ntade ho wɔ 1 Timoteo 2:9, 10 sɛ: “Saa ara nso na mmea nhyɛ ntade a ɛsɛ, mfa ani a ewu ade ne adwenemtew nkeka wɔn ho . . . nnwuma pa a ɛsɛ mmea a woyi onyamesom kyerɛ mu.” Osii kyenkyerenn a wɔnyɛ ne ntade a ɛsɛ a ɛda adwenemtew adi so dua wɔ hɔ.
16, 17. (a) Ɔkwan bɛn so na mmarima ne mmea pii hyɛ ntade ɔkwammɔne so nnɛ? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛka wɔ afotu a ɛwɔ Deuteronomium 22:5 no ho?
16 Sɛ ɔbarima anaa ɔbea, abarimaa anaa abeawa bi yɛ ade anaa osiesie ne ho wɔ ɔkwan a ɛkanyan nna ho akɔnnɔ so a, ɛremma ne mmarima su anaa ne mmea su ntu mpɔn ankasa, na akyinnye biara nni ho sɛ ɛnhyɛ Onyankopɔn anuonyam. Nnipa a wɔwɔ wiase pii yɛ ade tra so de da mmarima anaa mmea bɔbeasu adi wɔ ntadehyɛ ne nneyɛe mu. Afoforo nso wɔ hɔ a wɔmma wonhu nsonsonoe a ɛwɔ mmarima ne mmea ntam esiane ɔbrasɛe ho adwene nti. Hwɛ aseda a yɛn Kristofo betumi de ama sɛ Bible no da Onyankopɔn nsusuwii adi! Yehowa ka kyerɛ tete Israelfo sɛ: “Ɔbea nnhyɛ ɔbarima ade, na ɔbarima nso mmfura ɔbea ntama, efisɛ wɔn a wɔyɛ eyi nyinaa yɛ Awurade [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn akyide.”—Deuteronomium 22:5.
17 Wɔ eyi mu no, ɛda adi sɛ w’ani begye ho sɛ wobɛsan ahwɛ nea October 1, 1988 Ɔwɛn-Aban no kae wɔ kratafa 17 no: “Ɛnyɛ asɛm no ne sɛ ebia sɛnea wɔpam atade bi no yɛ nea aba so kɛse na mmom sɛ ebia ɛfata ma obi a ɔkyerɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn somfo anaa. (Romafo 12:2; 2 Korintofo 6:3) Ahosiesie a ɛmfata anaasɛ ntade a ɛkyekyere obi papee no betumi apam afoforo afi yɛn asɛm no ho. Ɛda adi pefee sɛ ntade a ɛhyɛ da ma mmarima dan yɛ te sɛ mmea na mmea dan yɛ te sɛ mmarima no nye. (Fa toto Deuteronomium 22:5 ho.) Nokwarem no, amammerɛ gu ahorow, esiane sɛnea wim tebea, adwuma mu ahiade ahorow, ne nea ɛkeka ho te nti, Kristofo asafo no nhyɛ mmara kyenkyenee mma anuanom a wɔwɔ wiase nyinaa no.”
18. Sɛ yɛde Bible mu afotu a ɛfa ntadehyɛ ne ahosiesie ho no redi dwuma a, dɛn na yebetumi ayɛ wɔ ho?
18 Afotu a ɛkari pɛ na ɛfata bɛn ara ni! Awerɛhosɛm ne sɛ, Kristofo mmarima ne mmea binom di ntadehyɛ ne ahosiesie biara a wiase no hyɛ ho nkuran akyi saa ara a wonsusuw sɛnea ɛbɛka Yehowa ne Kristofo asafo no ho. Ɛsɛ sɛ yɛn mu biara hwehwɛ ne ho mu hwɛ sɛ ebia wiase nsusuwii anya ne so nkɛntɛnso anaa. Anaasɛ yebetumi akɔ onua anaa onuawa bi a ne ho akokwaw a yebu no nkyɛn akobisa no sɛ ebia wahu biribi wɔ sɛnea yɛpam yɛn ntade ho a ehia sɛ yɛyɛ nsakrae bi, na afei yɛasusuw nyansahyɛ ahorow a ɔde ma no ho yiye.
Kristofo Mmarima ne Mmea—Mmarima ne Mmea Ankasa
19. Nkɛntɛnso bɔne bɛn na ehia sɛ yɛko tia?
19 Wiase yi nyame ne Satan, na wotumi hu ne nkɛntɛnso wɔ ntoto a wama aba bɔbeasu mu no mu, na ɛkɔ akyiri sen ntadehyɛ ara kwa. (2 Korintofo 4:4) Wɔ nsase bi so no, mmea pii ne mmarima pere tiyɛ ho, na wobu wɔn ani gu Bible nnyinasosɛm so. Saa ara nso na mmarima pii gyaw wɔn tiyɛ ho asɛyɛde ahorow gu hɔ kɛkɛ, sɛnea Adam yɛe no. Ebinom wɔ hɔ a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛsesa wɔn asɛyɛde wɔ asetram sɛ mmarima ne mmea ayɛ no foforo. (Romafo 1:26, 27) Bible nka abrabɔ a ɛsɔ Onyankopɔn ani foforo biara ho asɛm. Na ɛsɛ sɛ wɔn a ansa na wɔrebɛyɛ Kristofo no na wɔn adwene atu afra wɔ wɔn gyinabea anaa bɔbeasu a wɔn ani gye ho no ho hu sɛ ɛbɛyɛ papa ama wɔn daa sɛ wɔde Onyankopɔn gyinapɛn ma mmarima ne mmea no bɛtra ase, gyinabea a akyinnye biara nni ho sɛ nnipa a wobedu pɛyɛ ho nyinaa ani begye ho.
20. Tumi bɛn na ɛsɛ sɛ Galatifo 5:22, 23 nya wɔ adwene a yɛwɔ wɔ mmarima su ne mmea su ho so?
20 Kyerɛwnsɛm no da no adi sɛ ɛho hia sɛ Kristofo mmarima ne mmea nya Onyankopɔn honhom aba na wɔda no adi—ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, ne anidahɔ [ahosodi, NW]. (Galatifo 5:22, 23) Onyankopɔn de ne nyansa a ɛdɔɔso no ama mmarima ne mmea nam saa su ahorow no so ama wɔn mmarima su ne mmea su atu mpɔn. Ɛyɛ mmerɛw sɛ wobebu ɔbarima a ɔda honhom aba no adi, na ɛnyɛ den sɛ wɔbɛdɔ ɔbea a ɔyɛ saa no.
21, 22. (a) Asetra kwan ho nhwɛso bɛn na Yesu yɛe? (b) Ɔkwan bɛn so na Yesu daa ne mmarima su adi?
21 Onipa a ɔsen biara a watra ase pɛn ne Yesu Kristo, na n’asetra kwan na ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa suasua. (1 Petro 2:21-23) Sɛnea Yesu yɛe no, ɛsɛ sɛ mmarima ne mmea nyinaa di nokware ma Onyankopɔn, na wotie N’asɛm. Yesu daa su horow a ɛyɛ anigye a ɛne ɔdɔ, tema, ne mmɔborohunu adi. Sɛ nokware Kristofo no, wɔhwɛ kwan sɛ yebesuasua no de ada no adi sɛ yɛyɛ n’asuafo.—Yohane 13:35.
22 Na Yesu Kristo yɛ ɔbarima ankasa, na yetumi hu ne mmarima su pefee bere a yesua n’asetra ho nsɛm ho kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm mu no. Wanware da, nanso Bible da no adi sɛ ɔne mmea nyaa fekubɔ a na ɛkari pɛ. (Luka 10:38, 39) Ná ɔne mmarima ne mmea ntam abusuabɔ ho tew, na na nidi wom bere nyinaa. Ɔyɛ mmarima su ho nhwɛso pa. Wamma obiara—ɔbarima, ɔbea, anaa ɔbɔfo soɔdenfo bi—kwan amma wamma no anhwere ne mmarima su pa ne ne nokwaredi ma Yehowa no. Wantwentwɛn ne nan ase sɛ obegye n’asɛyɛde ahorow atom, na ɔyɛɛ saa a wannwiinwii.—Mateo 26:39.
23. Ɛdefa mmarima ne mmea dwumadi ho no, ɔkwan bɛn so na Kristofo nya nhyira soronko?
23 Hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye sɛ wobɛka Yehowa nkurɔfo ho na wo ne mmarima ne mmea, mmarimaa ne mmeawa, a wɔn asetram botae titiriw ne sɛ wɔbɛdɔ Yehowa Nyankopɔn na wɔatie no, bɛbɔ fekuw! Sɛ yedi Onyankopɔn Asɛm so a, yɛn ho nkyere yɛn. Mmom no, yenya ahofadi fi wiase yi ne n’akwan a ɛma mmarima ne mmea ahoɔfɛ, atirimpɔw a enti wɔyɛɛ wɔn, ne wɔn dwumadi a egu ahorow no dan adapaade no ho. Yebetumi anya nokware anigye afi yɛn asetram gyinabea a Onyankopɔn de ama yɛn no ho dwuma a yedi mu, sɛ́ yɛyɛ mmarima anaa mmea. Yiw, hwɛ anisɔ a yɛwɔ ma Yehowa Nyankopɔn, Ɔbɔadeɛ no, wɔ ne nsiesiei a ɔdɔ wom a wayɛ ama yɛn no nyinaa sɛ wabɔ yɛn mmarima ne mmea no ho!
Wubebua Dɛn?
◻ Mmarima ne mmea dwumadi a ɛfata bɛn na Bible ka ho asɛm?
◻ Ɔkwan bɛn so na wɔsɛee mmarima su ansa na Nsuyiri no reba, na ɔkwan bɛn so na wɔakyinkyim ɛno ne mmea su wɔ yɛn bere yi mu?
◻ Bible mu afotu a ɛfa ahoɔfɛ ho bɛn na wobɛpɛ sɛ wode di dwuma?
◻ Ɔkwan bɛn so na Kristofo mmarima ne mmea betumi ada wɔn ho adi sɛ wɔyɛ mmarima ne mmea ankasa?
[Kratafa 17 mfonini]
Ɛwom sɛ na Ester ho yɛ fɛ de, nanso nea wɔde kae no ne n’ahobrɛase ne ne dwo su
[Kratafa 18 mfonini]
Ma w’ani nkũ ahosiesie ho sɛnea ɛsɛ na si komam ahoɔfɛ so dua titiriw