Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 3/15 kr. 3-9
  • Yesu Asase so Nna a Etwa To a Yɛbɛkaakae

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yesu Asase so Nna a Etwa To a Yɛbɛkaakae
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nisan 9
  • Nisan 10
  • Nisan 11
  • Nisan 12 ne 13
  • Nisan 14, Bere a Owia Akɔtɔ
  • Yesu Asetra ne Wo
  • “Dɔn No Adu”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Yesu Asetra Sɛ Ɔdesani No Da A Etwa To
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Twam Afahyɛ a Yesu Dii a na Ɔrenni Bio
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Dapɛn A Ɛsakraa Wiase No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 3/15 kr. 3-9

Yesu Asase so Nna a Etwa To a Yɛbɛkaakae

ƐYƐ Yudafo ɔsram Nisan no da a ɛto so ason wɔ afe 33 Y.B. Fa no sɛ worehwɛ nsɛm a ɛresisi wɔ Yudea kurow a ɛhyɛ Roma ahemman ase no mu. Yesu Kristo ne n’asuafo no afi Yeriko a nnua pii a ɛso ahaban frɔmfrɔm wɔ no nam mfutukwan a akontɔnkontɔn so rekɔ. Akwantufo foforo pii nam kwan no so bi rekɔ Yerusalem akodi afe afe Twam no. Nanso ɛnyɛ bepɔw so kwan a ne twa yɛ den yi nkutoo ho na Kristo asuafo no redwen.

Yudafo no retwɛn Mesia a obetumi abegye wɔn afi Romafo nhyɛso ase no. Nnipa pii gye Yesu a ofi Nasaret no di sɛ ɔno ne Ogyefo a wɔahwɛ no kwan akyɛ no. Ɔde mfe abiɛsa ne fã aka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm. Wasa ayarefo yare, ama wɔn a ɔkɔm de wɔn aduan. Yiw, ɔde awerɛkyekye abrɛ nkurɔfo no. Nanso afobusɛm a emu yɛ den a Yesu ka fa nyamesom akannifo no ho no hyɛ wɔn abufuw, na wɔrehwehwɛ ɔkwan biara a wɔbɛfa so ama wɔakum no. Ne nyinaa akyi no, ɔde akokoduru renantew ntɛmntɛm di n’asuafo no anim wɔ ɔkwan a mfuturu wɔ so no so.—Marko 10:32.

Bere a owia kɔtɔ wɔ Ngo Bepɔw a ɛwɔ wɔn anim no akyi no, Yesu ne ne mfɛfo no du Betania kurow a wɔbɛda hɔ nnansia no mu. Ne nnamfo Lasaro, Maria ne Marta a ɔdɔ wɔn no hyia wɔn kwan wɔ hɔ. Sɛnea wim adwo fɔmm anwummere no ma wonya ɔhome fi owia so akwantu no mu, na saa bere no na Nisan 8, Homeda fi ase.—Yohane 12:1, 2.

Nisan 9

Homeda no akyi no, Yerusalem yɛ begyabegya. Ahɔho mpempem pii aba kurow no mu dedaw rebedi Twam no. Nanso gyegyeegye a ɛrekɔ so wɔ ha yi nte sɛ nea edu saa bere yi wɔ afe biara mu a ɛba no. Nkurɔfokuw a wɔpɛ sɛ wohu nea ɛrekɔ so tu mmirika kirididi fa akwan nketewa so ba kurow no pon ano. Bere a wɔde apiapia pue fi apon a nnipa akyere so wɔ ano mu no, hwɛ asɛm! Nnipa pii de osebɔ nam Betfage kwan so resian Ngo Bepɔw no. (Luka 19:37) Eyi nyinaa ka dɛn?

Hwɛ! Yesu a ofi Nasaret na ɔte afurum ba so reba yi. Nkurɔfo de ntama sesɛw kwan mu ma no. Afoforo nso atwitwa berɛw renyam no de anigye teɛteɛm sɛ: “Nhyira ne nea ɔreba [Yehowa, NW] din mu no, Israel hene no!”—Yohane 12:12-15.

Bere a nkurɔfokuw no bɛn Yerusalem no, Yesu hwɛ kurow no, na ne werɛ how. Ofi ase su, na yɛte sɛ ɔhyɛ nkɔm sɛ, wɔbɛsɛe kurow yi. Bere a Yesu du asɔrefie hɔ bere tiaa bi akyi no, ɔkyerɛkyerɛ nkurɔfokuw no, na ɔsa anifuraefo ne mmubuafo a wɔba ne nkyɛn no yare.—Mateo 21:14; Luka 19:41-44, 47.

Asɔfo mpanyin ne akyerɛwfo no ani tua nea ɛrekɔ so yi. Hwɛ sɛnea wɔn bo afuw bere a wohu Yesu anwonwade ahorow ne nkurɔfokuw no osebɔ no! Bere a Farisifo no ntumi nka wɔn abufuw nhyɛ no, wɔka sɛ: “Kyerɛkyerɛfo, ka w’asuafo no anim!” Yesu bua sɛ: “Mise mo sɛ: Eyinom mua wɔn ano a, anka abo mpo bɛteɛm.” Ansa na Yesu rebefi hɔ no, ohu aguadi a ɛrekɔ so wɔ asɔrefie hɔ no.—Luka 19:39, 40; Mateo 21:15, 16; Marko 11:11.

Nisan 10

Yesu du asɔrefie hɔ ntɛm. Nnɛra, ɔsom a wɔde ma N’agya, Yehowa Nyankopɔn, a na wɔde ayɛ aguadi a ɛmfata no hyɛɛ no abufuw kɛse. Enti, ɔde nnamyɛ a emu yɛ den pam wɔn a wɔtɔ ne wɔn a wɔtɔn wɔ asɔrefie hɔ no fii hɔ. Afei ɔdannan sikasesafo adifudepɛfo no apon ne wɔn a wɔtontɔn mmorɔnoma no nkongua ani butubutu. Yesu teɛm sɛ: “Wɔakyerɛw sɛ: Wɔbɛfrɛ me fi asɔrefie, na mo de, mode ayɛ adwowtwafo tu.”—Mateo 21:12, 13.

Asɔfo mpanyin, akyerɛwfo, ne atitiriw no nhu nea wɔnyɛ wɔn ho koraa wɔ nea Yesu reyɛ, ne ne baguam nkyerɛkyerɛ no ho. Hwɛ sɛnea wɔn ani abere denneennen repɛ no akum no! Nanso nkurɔfokuw no nti, wontumi nyɛ saa efisɛ Yesu nkyerɛkyerɛ no ama nkurɔfo no ho adwiriw wɔn, na wɔkɔ so ‘de wɔn ho bata ne ho tie no.’ (Luka 19:47, 48) Bere a onwini dwo no, Yesu ne ne mfɛfo no de ahosan nantew kɔ Betania bio kɔda gye wɔn ahome anadwo no.

Nisan 11

Ɛyɛ anɔpatutuutu, na Yesu ne n’asuafo no asi kwan so dedaw a wɔnam Ngo Bepɔw no so rekɔ Yerusalem. Bere a wodu asɔrefie hɔ no, asɔfo mpanyin ne mpanyimfo no yɛ ntɛm kɔ Yesu hɔ. Ade a ɔyɛ tiaa sikasesafo ne aguadifo no wɔ asɔrefie hɔ no da so wɔ wɔn adwene mu. N’atamfo no de adwemmɔne bisa sɛ: “Tumi bɛn na wode yɛ nneɛma yi, na hena na ɔmaa wo tumi yi?” Yesu nso ka sɛ: “Me nso mebisa mo asɛm biako a sɛ moka kyerɛ me a, me nso mɛka tumi ko a mede meyɛ nneɛma yi makyerɛ mo: Yohane asubɔ no, efi he? Efi soro anaasɛ efi nnipa?” Asɔretiafo no boa wɔn ho ano susuw ho sɛ: “Sɛ yɛka sɛ efi soro a, obese yɛn sɛ: Adɛn nti na moannye no anni? Na sɛ yɛka sɛ efi nnipa a, yesuro nkurɔfokuw no; efisɛ wɔn nyinaa bu Yohane sɛ odiyifo.” Esiane sɛ asɛm no abɔ wɔn so nti, woyi ano bɔkɔɔ sɛ: “Yennim.” Yesu nso ka no odwo so sɛ: “Me nso merenka tumi ko a mede meyɛ eyinom menkyerɛ mo.”—Mateo 21:23-27.

Afei Yesu atamfo bɔ mmɔden sɛ wobesum no afiri ma waka biribi a ɛbɛma wɔatumi akyere no. Wobisa sɛ: “Ɛwɔ ho kwan sɛ woyi tow ma Kaesare anaasɛ wonnyi?” Yesu bua sɛ: “Momfa ɔtow sika no bi mmɛkyerɛ me.” Obisa sɛ: “Hena mfonini ne nkyerɛwee ni?” Wɔka sɛ: “Kaesare dea.” Yesu ma wɔn nsɛm ka wɔn tirim bere a ɔka no pefee ma obiara te sɛ: “Ɛnde momfa Kaesare de mma Kaesare ne Nyankopɔn de mma Onyankopɔn!”—Mateo 22:15-22.

Bere a nsɛm a wontumi mmɔ ngu a Yesu kae no nti n’atamfo nnya asɛm biara nka no, afei ɔkasa tia wɔn kyerɛ nkurɔfokuw no ne n’asuafo no. Tie sɛnea ɔde akokoduru ka akyerɛwfo ne Farisifo no anim. Ɔka sɛ: “Wɔn nnwuma de, monnyɛ; efisɛ wɔka, nanso wɔnyɛ.” Ɔde akokoduru ma wɔn due mpɛn pii, na ɔka sɛ wɔyɛ akwankyerɛfo anifuraefo ne nyaatwomfo. Yesu ka sɛ: “Awɔ, nhurutoa mma! Mobɛyɛ dɛn aguan [Gehenna, “NW”] atemmu?”—Mateo 23:1-33.

Afobusɛm a emu yɛ den yi nkyerɛ sɛ sɛ afoforo yɛ ade pa a Yesu nhu. Akyiri yi, ohu sɛ nkurɔfo de sika regu asɔrefie tow nnaka mu. Hwɛ sɛnea ɛka ne koma sɛ ohu sɛ okunafo bi de n’asetrade nyinaa abegu mu—dwetɛ sika abien a ɛnsom bo koraa! Yesu de anisɔ kɛse ka sɛ, wɔhwɛ mu a, ɔde pii abegu mu sen wɔn a wɔde ntoboa akɛseakɛse a ɛyɛ nea “aboro wɔn so” aba no nyinaa. Esiane sɛ Yesu wɔ tema nti, n’ani sɔ biribiara a obi ahoɔden ma no kwan ma ɔyɛ no kɛse.—Luka 21:1-4.

Afei Yesu refi asɔrefie hɔ a ɔnsan mma hɔ bio. N’asuafo no bi ka ne fɛ a ɛyɛ, ne sɛnea “wɔde abo fɛfɛ ne adekyɛde ahyehyɛ no” ho asɛm. Yesu bua ma ɛyɛ wɔn nwonwa sɛ: “Nna bi bɛba a wɔrennyaw ɔbo wɔ ɔbo so emu a wɔrennwiriw ngu fam.” (Luka 21:5, 6) Bere a asomafo no di Yesu akyi fi kurow a nnipa ayɛ mu ma no mu no, wosusuw nea ɔrepɛ akyerɛ no ho.

Bere tiaa bi akyi no, Yesu ne n’asomafo no kɔtra Ngo Bepɔw a ɛso dwo fɔmm no so. Bere a wohu Yerusalem ne n’asɔrefie a ɛda hɔ fɛfɛɛfɛ no, Petro, Yakobo, Yohane, ne Andrea bisa Yesu nkɔmhyɛ nwonwaso no mu nkyerɛkyerɛmu. Wɔka sɛ: “Kyerɛ yɛn da ko a eyinom bɛba, na ɛdɛn na ɛbɛyɛ wo ba ne wiase awiei no ho sɛnkyerɛnne?”—Mateo 24:3; Marko 13:3, 4.

Bere a Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no rebua no, ɔhyɛ nkɔm bi a ɛda nsow ankasa. Ɔka sɛ akodi, asasewosow, aduankɔm, ne ɔyaredɔm a emu yɛ den bɛba. Yesu ka sie nso sɛ wɔbɛka Ahenni ho asɛmpa no wɔ asase nyinaa so. Ɔbɔ kɔkɔ sɛ: “Ɛno na ahohiahia kɛse a efi wiase asefi de besi nnɛ ebi mmae da nanso ɛremma da bɛba.”—Mateo 24:7, 14, 21; Luka 21:10, 11.

Asomafo baanan no tie Yesu bere a ɔka ‘ne ba ho sɛnkyerɛnne’ no afã afoforo ho asɛm no. Osi hia a ɛho hia sɛ ‘wɔkɔ so wɛn’ no so dua. Adɛn ntia? Ɔka sɛ: “Efisɛ munnim da ko a mo wura bɛba.”—Mateo 24:42; Marko 13:33, 35, 37.

Eyi yɛ da a Yesu ne n’asomafo no werɛ remfi da. Nokwarem no, ɛyɛ Yesu baguam asɛnka adwuma no da a etwa to ansa na wɔrekyere no adi n’asɛm, akum no. Esiane sɛ ade resa nti, wosim kɔfa kwantiaa a ɛda bepɔw so no san kɔ Betania.

Nisan 12 ne 13

Yesu ne n’asuafo no nkɔ baabiara Nisan 12. Wahu sɛ nyamesom akannifo no rehwehwɛ ɔkwan biara a wɔbɛfa so akum no, na ɔmpɛ sɛ wɔsɛe Twam a obedi no da a edi hɔ no anwummere no. (Marko 14:1, 2) Da a edi hɔ a ɛne Nisan 13 no, nkurɔfo reyɛ ahoboa a etwa to ama Twam no a adagyew nni mu. Awiabere no, Yesu soma Petro ne Yohane ma wokosiesie Twam no ma wɔn wɔ Yerusalem abansoro dan bi mu. (Marko 14:12-16; Luka 22:8) Owia reyɛ akɔtɔ no, Yesu ne asomafo du a aka no kohyia wɔn wɔ hɔ di wɔn Twam a etwa no.

Nisan 14, Bere a Owia Akɔtɔ

Anim abiribiri kakra wɔ Yerusalem, na ɔsram a atwa puruw no ahyerɛn wɔ Ngo Bepɔw no atifi. Wɔato pon ama Yesu ne 12 no ma wɔredidi wɔ dan kɛse a wɔasiesie mu mu. Ɔka sɛ: “Ɔpɛ na mepɛe sɛ me ne mo di Twam yi ansa na mahu amane.” (Luka 22:14, 15) Bere tiaa bi akyi no, ɛyɛ asomafo no nwonwa sɛ Yesu sɔre yi ne nguguso gu nkyɛn. Bere a ɔfa mpopaho ne ɔsɛn a nsu gu mu no, ofi ase hohoro wɔn nan ho. Ahobrɛase ho nhwɛso a werɛ remfi da bɛn ni!—Yohane 13:2-15.

Nanso, Yesu nim sɛ mmarima yi mu biako—Yuda Iskariot—ayɛ nhyehyɛe dedaw a ɔde beyi no ahyɛ nyamesom akannifo no nsa. Sɛnea ntease wom no, ɔyɛ basaa paa. Ɔda no adi sɛ: “Mo mu biako rebeyi me ama.” Eyi hyɛ asomafo no awerɛhow kɛse. (Mateo 26:21, 22) Bere a wodi Twam no wie no, Yesu ka kyerɛ Yuda sɛ: “Nea woreyɛ no, yɛ no ntɛm!”—Yohane 13:27.

Bere a Yuda fi hɔ no, Yesu de adidi a wɔde hyɛ ne wu a ɛreba no ho fã no si hɔ. Ɔfa abodoo a mmɔkaw nni mu, bɔ mpae da ase, bubu mu, na afei ɔka kyerɛ 11 no sɛ wonni. Ɔka sɛ: “Eyi ne me honam a mo nti wɔde rema; monyɛ eyi mfa nyɛ me nkae.” Afei ɔfa kuruwa a bobesa kɔkɔɔ wom. Bere a ohyira so no, ɔde kuruwa no ma wɔn, ka kyerɛ wɔn sɛ wɔnnom. Yesu de ka ho sɛ: “Eyi ne me mogya a ɛyɛ apam ade a nnipa bebree nti wɔrehwie agu ama bɔne fafiri.”—Luka 22:19, 20; Mateo 26:26-28.

Wɔ saa anwummere soronko yi no, Yesu kyerɛkyerɛ n’asomafo anokwafo no asuade a ɛsom bo pii, na emu bi ne hia a onuadɔ ho hia. (Yohane 13:34, 35) Ɔma wɔn awerɛhyem sɛ wobenya “okyigyinafo” bi, honhom kronkron no. Ɛbɛkaakae wɔn nsɛm a waka akyerɛ wɔn no nyinaa. (Yohane 14:26) Ɛbɛyɛ sɛ mpae a efi komam a akyiri yi wɔte sɛ Yesu bɔ ma wɔn anwummere no hyɛ wɔn nkuran paa. (Yohane, ti 17) Bere a wɔato ayeyi nnwom awie no, wofi abansoro dan no mu di Yesu akyi kɔ abɔnten anadwo kɔnkɔn a mframa no ano yɛ nwini no.

Yesu ne n’asomafo no twa Kidron Bon no kɔ mmeae a wɔtaa tra no biako, Getsemane turo mu. (Yohane 18:1, 2) Bere a n’asomafo no twɛn no no, Yesu kɔ n’anim kakra kɔbɔ mpae. Bere a ɔsrɛ Nyankopɔn hɔ mmoa no, ɔkɔ nkate fam ahohia a enni ano mu. (Luka 22:44) Ahohorabɔ a sɛ odi nkogu a ɛbɛba ne soro Agya a ɔdɔ no no din so ho adwene kɛkɛ yɛ dadwen kɛse ma no.

Bere a Yesu mpaebɔ no si ara pɛ, Yuda Iskariot ne nnipadɔm a wokurakura nkrante, mporibaa, ne gyatɛn bepue hɔ. Yuda few Yesu ano bɔkɔɔ ka sɛ: “Rabi, mmo!” Eyi yɛ sɛnkyerɛnne a ɛbɛma mmarima no akyere Yesu. Mpofirim ara Petro twe ne nkrante de twa ɔsɔfo panyin no akoa aso biako. Yesu de ɔbarima no aso no tua hɔ, ka sɛ: “Fa wo nkrante san hyɛ nea ɛhyɛ, na wɔn a wɔtwe nkrante nyinaa, nkrante ano na wobewu.”—Mateo 26:47-52.

Nneɛma nyinaa kɔ so ntɛmntɛm! Wɔkyere Yesu kyekyere no. Esiane sɛ asomafo no suro na wɔn ani so atan wɔn nti, woguan gya wɔn Wura no. Wɔde Yesu kɔma Hana a kan no na ɔyɛ ɔsɔfo panyin no. Afei wɔde no kɔma Kaiafa, a seesei ɔyɛ ɔsɔfo panyin no sɛnea ɛbɛyɛ a wobedi n’asɛm. Anɔpatutuutu no, Sanhedrin no di Yesu ho adansekurum sɛ waka abususɛm. Ɛno akyi no, Kaiafa ma wɔde no kɔ Roma amrado Pontio Pilato hɔ. Ɔde Yesu kɔ Herode Antipa, Galilea sodifo no hɔ. Herode ne n’awɛmfo no di Yesu ho fɛw. Afei wɔsan de no brɛ Pilato. Pilato si so dua sɛ Yesu ho nni asɛm. Nanso Yudafo nyamesom akannifo no hyɛ no ma obua Yesu kumfɔ. Wɔ ɔyaw ne ɔhwe a emu yɛ den akyi no, wɔde Yesu fi adi kɔ Golgota, na wɔde nnadewa bobɔ no sɛn dua so atirimmɔden so ma owu yayaayaw.—Marko 14:50–15:39; Luka 23:4-25.

Sɛ Yesu wui a wansɔre bio a, anka ɛbɛyɛ abakɔsɛm mu nkogudi a ɛsen biara. Anigyesɛm ne sɛ, amma saa. Wɔ Nisan 16, 33 Y.B. mu no, n’asuafo no ho dwiriw wɔn bere a wohui sɛ wɔanyan no afi awufo mu no. Akyiri yi, nnipa bɛboro 500 tumi dii ho adanse sɛ Yesu te ase bio. Na ne wusɔre no akyi nnafua 40 no, n’akyidifo anokwafo dodow bi hui sɛ ɔreforo akɔ soro.—Asomafo no Nnwuma 1:9-11; 1 Korintofo 15:3-8.

Yesu Asetra ne Wo

Ɔkwan bɛn so na eyi ka wo—sɛ yɛbɛka no yiye a, yɛn nyinaa? Wiɛ, Yesu som adwuma, ne wu, ne ne wusɔre no pagya Yehowa Nyankopɔn, na edi dwuma titiriw wɔ N’atirimpɔw kɛse no mmamu mu. (Kolosefo 1:18-20) Ɛho hia yɛn kɛse efisɛ yebetumi agyina Yesu afɔrebɔ no so anya yɛn bɔne ho fafiri, na ama yɛne Yehowa Nyankopɔn anya abusuabɔ pa.—Yohane 14:6; 1 Yohane 2:1, 2.

Adesamma a wɔawuwu mpo nya mu mfaso. Yesu wu no bue kwan ma wɔsan de wɔn ba nkwa mu wɔ Paradise asase a Onyankopɔn de ahyɛ bɔ no so. (Luka 23:39-43; 1 Korintofo 15:20-22) Sɛ wopɛ sɛ wunya saa nsɛm no ho nimdeɛ pii a, yɛto nsa frɛ wo sɛ bra Kristo wu Nkaedi no bi April 11, 1998, wɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa a ɛwɔ mo mpɔtam hɔ no so.

[Kratafa 6 adaka]

“Adwowtwafo Tu”

NÁ YESU wɔ nneɛma pii a obetumi agyina so aka sɛ aguadifo adifudepɛfo no adan Nyankopɔn asɔrefie “adwowtwafo tu.” (Mateo 21:​12, 13) Nea ɛbɛyɛ na Yudafo ne wɔn a wɔadan Yudafo atumi atua wɔn asɔrefie tow no, na ɛsɛ sɛ wɔde wɔn amannɔne sika no kɔsesa sika a wodi wɔ hɔ no. Alfred Edersheim kyerɛkyerɛ mu wɔ ne nhoma The Life and ­Times of Jesus the Messiah mu sɛ na sikasesafo taa fi wɔn aguadi no ase wɔ Roma ahemman no mu wɔ Adar 15, ɔsram biako ansa na Twam no adu. Efi Adar 25 rekɔ no, wɔbɛn asɔrefie no wɔ Yerusalem sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde bɛpɛ Yudafo ne wɔn a wɔadan Yudafo pii a wɔaba hɔ no ho mfaso. Ná sika wɔ aguadifo no adwuma no mu paa, na na wogye sika biara a wɔsesa ho ntomu. Frɛ a Yesu frɛɛ wɔn adwowtwafo no kyerɛ sɛ na ntomu a wogye no sõ araa ma ɛkame ayɛ sɛ na wɔrebɔ ahiafo apoo.

Ná ebinom ntumi mfa wɔn ankasa mmoa mmɛbɔ afɔre. Sɛ obi yɛ saa a, na wɔma ɔhwɛfo bi a ɔwɔ asɔrefie hɔ hwɛ sɛ aboa no ye anaa​—gye ho sika. Esiane sɛ na wɔmpɛ sɛ wɔde aboa bi befi akyirikyiri aba ama wɔaka sɛ enye nti, nnipa pii tɔɔ nea Lewifo no “apene so” fii aguadifo asisifo a na wɔwɔ asɔrefie hɔ no hɔ. Ɔbenfo bi ka sɛ: “Wodidii akuafo ahiafo ho.”

Adanse wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ na Hana a bere bi na ɔyɛ ɔsɔfopanyin no ne n’abusua taa asɔrefie aguadifo no akyi. Rabifo nkyerɛwee ka “Hana mma no [asɔrefie] Gua no” ho asɛm. Sika a na wonya fi sikasesafo no hɔ ne mmoa a na wɔtɔn wɔ asɔrefie hɔ no ka akwan titiriw a na wɔfa so nya sika no ho. Ɔbenfo bi ka sɛ pam a Yesu pam aguadifo no “nyɛ biribi a na ɛbɛma asɔfo no ahwere anuonyam nko, na mmom sika nso.” Sɛnea ɛte biara no, akyinnye biara nni ho sɛ na n’atamfo repɛ no akum no!​—Luka 19:​45-48.

[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 4]

Yesu Nkwa Nna a Etwa To Sɛ Ɔdesani

Nisan 33 Y.B. Nsɛm a Esisii Onipa a Ɔsen Biara*

7 Fida Yesu ne n’asuafo tu kwan 101, nky. 1

fi Yeriko kɔ Yerusalem

(Nisan 7 a ɛne Kwasida,

April 5, 1998, na ehyia,

ɛwom, na Hebrifo da fi ase

anwummere kowie anwummere

a edi hɔ)

8 Fida anwummere Yesu ne n’asuafo kodu 101,

Betania; Homeda fi ase nky. 2-4

Memeneda Homeda (Dwoda, April 6, 1998) 101, nky. 4

9 Memeneda anwummere Ɔne ɔkwatani Simon didi; 101,

Maria sra Yesu sradehuam; nky. 5-9

nnipa pii fi Yerusalem bɛhwɛ

Yesu tie ne nsɛm

Kwasida Ɔhyɛn Yerusalem nkonimdi so;

ɔkyerɛkyerɛ wɔ asɔrefie hɔ; 102

10 Dwoda Ɔkɔ Yerusalem anɔpatutuutu; 103, 104

ɔtew asɔrefie hɔ; Yehowa kasa

fi soro

11 Benada Ɔwɔ Yerusalem, ɔde mfatoho 105 kosi 112,

horow kyerɛkyerɛ wɔ; nky. 1

asɔrefie hɔ; ɔkasa tia Farisifo;

ɔka okunafo bi ntoboa ho

asɛm; ɔde ne daakye mmae ho

sɛnkyerɛnne ma

12 Wukuda Ɔne n’asuafo wɔ Betania 112, nky. 2-4

a wɔnkɔ baabiara; Yuda yɛ

nhyehyɛe a ɔde beyi no ama

13 Yawda Petro ne Yohane siesie Twam 112,

no wɔ Yerusalem; Yesu ne nky. 5 kosi

asomafo du a aka no kɔka wɔn 113, nky. 1

ho anwummere (Memeneda,

April 11, 1998)

14 Yawda anwummere Wodi Twam no; Yesu hohoro 113,

asomafo no nan ho; Yuda fi nky. 2

adi koyi Yesu ma; Kristo de 117

ne wu ho Nkaedi no si hɔ

(Bere a owia akɔtɔ, Memeneda,

April 11, 1998)

Ɔdasu atwam Woyi no ma kyere no wɔ Getsemane 118 kosi 120

turo mu; asomafo no guan; asɔfo

mpanyin ne Sanhedrin no di

n’asɛm; Petro pa Yesu

Fida, efi Wɔde no kɔ Sanhedrin no anim bio; 121 kosi

owipuei kosi wɔde no kɔ Pilato, hɔ, afei Herode

hɔ, na wɔsan de no ba Pilato hɔ; 127,

wobua no kumfɔ; wɔsɛn no; nky. 7

wosie no

15 Memeneda Homeda; Pilato pene so ma 127,

wɔkɔwɛn Yesu da nky. 8-10

16 Kwasida Wonyan Yesu 128

* Yɛakyerɛw nɔma ahorow wɔ ha a egyina hɔ ma Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn nhoma no mu atiri. Sɛ wopɛ adaka a ɛde Yesu som adwuma no fã a etwa to no ho Kyerɛwnsɛm pii ma a, hwɛ “All Scripture Is Inspired of God and Bene­ficial,” kratafa 290. Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na etintim nhoma horow yi.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena