Rashi—Bible Nkyerɛkyerɛmufo a Ɔwɔ Nkɛntɛnso
NHOMA ahorow a wodii kan tintimii wɔ Hebri kasa mu biako ne nea ɛwɔ he? Ɛyɛ Pentateuch (Mose nhoma anum no) ho nkyerɛkyerɛmu no. Wotintimii wɔ Reggio Calabria, Italy, wɔ afe 1475 mu. Hena na ɔkyerɛwee? Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Rashi.
Dɛn nti na wogye nhoma ho nkyerɛkyerɛmu yi tom ma ɛyɛ nwonwa saa? Wɔ Esra Shereshevsky nhoma Rashi—The Man and His World mu no, ɔka sɛ Rashi nkyerɛkyerɛmu nhoma no “bɛyɛɛ nhoma titiriw wɔ Yudafo afie ne wɔn suabea. Yudafo nhoma foforo biara nni hɔ a wɔakyerɛ ho anisɔ saa da . . . Nkyerɛkyerɛmu nhoma foforo bɛboro 200 na wonim sɛ ɛka Rashi nkyerɛkyerɛmu nhoma a ɛfa Pentateuch no ho no ho nsɛm tẽẽ.”
So Yudafo nkutoo na Rashi nkyerɛkyerɛmu no anya wɔn so nkɛntɛnso? Ɛwom sɛ nnipa pii nnim de, nanso Rashi nkyerɛkyerɛmu a ɛfa Hebri Kyerɛwnsɛm ho no anya Bible nkyerɛase ahorow so nkɛntɛnso mfehaha pii. Nanso, na hena ne Rashi, na ɛyɛɛ dɛn na obenyaa nkɛntɛnso kɛse saa?
Ná Hena Ne Rashi?
Wɔwoo Rashi wɔ Troyes, France, wɔ afe 1040 mu.a Bere a ɔyɛ aberante no, ɔkɔɔ Yudasom sukuu wɔ Worms ne Mainz wɔ Rhineland. Ɛhɔ no, osuaa ade wɔ Yudafo nhomanimfo a wɔagye din wɔ Europa no hwɛ ase. Bere a odii bɛyɛ mfe 25 no, n’ankasa nsɛm tebea maa ɛho behiae sɛ ɔsan kɔ Troyes. Bere a na wɔagye Rashi atom dedaw sɛ nhomanimfo a ɔda nsow no, ɔbɛyɛɛ ɛhɔnom Yudafo som mu kannifo, na osii n’ankasa asɔre sukuu. Bere kɔɔ so no, Yudafo suabea foforo yi begyee din kɛse sen Rashi akyerɛkyerɛfo de a ɛwɔ Germany no mpo.
Saa bere no, na asomdwoe ne biakoyɛ wɔ Yudafo a wɔwɔ France ne wɔn afipamfo a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no ntam, na Rashi nyaa ahofadi kɛse suaa nneɛma pii. Nanso, na ɔnyɛ nhomanimfo a ɔmpɛ nnipa. Ɛmfa ho Rashi gyinabea sɛ ɔkyerɛkyerɛfo ne sukuu so panyin no, na bobesa na ɔyɛ de hwɛ ne ho. Nim a na onim nnwuma bi yiye no maa ɔne Yudafo dodow no ara bɔe, na ɛboaa no maa ɔtee wɔn nsɛm tebea ase nyaa tema maa wɔn. Beae a na Troyes da no nso maa Rashi nyaa nhumu kɛse. Na kurow no da aguadi kwan kɛse bi ho, na na ɛyɛ firamanfiraman kurow, na eyi maa Rashi behuu aman foforo nneyɛe ne wɔn amammerɛ yiye.
Dɛn Nti na na Nkyerɛkyerɛmu Nhoma Bi Ho Hia?
Na wonim Yudafo sɛ nkurɔfo a wɔpɛ nhomasua. Nanso, na “nhoma no”—Bible no—wɔ Hebri kasa mu, na saa bere yi na “nkurɔfo no” ka Arabic, Franse, German, Spania, ne kasa foforo pii. Ɛwom sɛ na wɔda so ara kyerɛ Yudafo dodow no ara Hebri kasa fi wɔn mmofraase de, nanso na wɔnte Bible mu nsɛm pii ase yiye. Afei nso, na nkɛntɛnso bi a emu yɛ den a ɛwɔ rabifo Yudasom mu no mma nkurɔfo nhwehwɛ Bible mu nsɛm mu ntease ankasa bio. Na Bible mu nsɛm ne nkyekyem ahorow ho ayɛsɛm ne anansesɛm abu so. Wɔyɛɛ nkyerɛkyerɛmu ne anansesɛm a ɛtete saa ho kyerɛwtohɔ pii, na wɔkaa ne nyinaa boom yɛɛ no nhoma frɛɛ no Midrash.b
Na Rashi banana, Rabbi Samuel ben Meir (Rashbam), nso yɛ Bible ho ɔbenfo. Wɔ ne nkyerɛkyerɛmu a ɔde mae wɔ Genesis 37:2 ho mu no, ɔkae sɛ “tete nkyerɛkyerɛmufo a [wodii Rashi kan no] . . . kaa asɛm (derashot) no, a na wobu no sɛ botae a ɛho hia sen biara, [nanso] na ɛnyɛ wɔn su sɛ wɔbɛhwehwɛ nea Bible mu nsɛm kyerɛ ankasa mu akɔ akyiri.” Bere a Ɔbenfo A. Cohen, (Soncino Books of the Bible samufo panyin) reka saa su yi ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “Ɛyɛ nokware sɛ Rabifo no hyɛɛ mmara sɛ ɛnsɛ sɛ wogye nkyerɛkyerɛmu biara a ɛne peshat anaa nkyerɛwee no nkyerɛase ankasa nhyia no tom; nanso wɔammu saa mmara yi ahe biara.” Wɔ ɔsom ho nsɛm a ɛte saa mu no, sɛ na Yudani bi hyia Bible mu asɛm bi na ɔte nka sɛ ohia ho nkyerɛkyerɛmu a, na onhu nea ɔnyɛ.
Rashi Botae ne N’akwan
Ná Rashi botae a esi n’ani so ne nkwa nna nyinaa mu ne sɛ ɔbɛma Yudafo nyinaa ate Hebri Kyerɛwnsɛm no ase. Nea ɛbɛyɛ na wayɛ eyi no, ofii ase boaboaa nhoma ahorow a ɛkyerɛkyerɛ nsɛmfua ne nkyekyem ahorow pɔtee bi mu, a ɔtee nka sɛ ɛbɛyɛ ɔkenkanfo no den ano. Rashi ka n’akyerɛkyerɛfo nkyerɛkyerɛmu ne wɔn nimdeɛ a ɛkɔ akyiri a n’ankasa nyae wɔ rabifo nhoma mu no ho asɛm wɔ ne kyerɛwtohɔ no mu. Rashi yɛɛ kasa ho nhwehwɛmu wɔ nhoma a ne nsa tumi kae nyinaa mu. Ɔde n’adwene sii sɛnea Masoretfo nsɛmfua din bobɔ ho agyiraehyɛde kaa nkyerɛwee no ntease so. Nea ɛbɛyɛ na wakyerɛkyerɛ asɛmfua bi mu no, ne Pentateuch ho nkyerɛkyerɛmu no twee adwene sii Aram nkyerɛase (a Targum a ofi Onkelos yɛe no so mpɛn pii). Rashi yɛɛ fakaa daa nyansa adi bere a na ɔreyɛ nkabomde, adeyɛ asɛm asekyerɛ, ne kasa mmara afã horow ne ɔkasa hyehyɛ a wɔmfaa ho nkyerɛkyerɛmu mmae dedaw mu nhwehwɛmu no. Nkyerɛkyerɛmu a ɛte saa boae kɛse ma wɔtee Hebri kasa hyehyɛ ne kasa mmara ase.
Nea ɛne su titiriw a na ɛwɔ rabifo Yudasom mu bɔ abira no, Rashi bɔɔ mmɔden bere nyinaa sɛ obesi kyerɛwsɛm bi mu ntease ankasa a asete nyɛ den so dua. Nanso, na wontumi mmu ani ngu Midrash nhoma pii a Yudafo no nim emu nsɛm yiye no so. Rashi nkyerɛkyerɛmu no fã bi a ɛyɛ nwonwa ne ɔkwan a ɔfaa so de ne nsɛm totoo Midrash nkyerɛwee a mpɛn pii no, na ɛmma nkurɔfo nte nea Bible mu nsɛm kyerɛ ankasa ase ho no.
Rashi nkyerɛkyerɛmu a ɔde mae wɔ Genesis 3:8 ho no, ɔkyerɛɛ mu sɛ: “Midrashim (nea Bible mu asɛm kyerɛ ankasa) no ho aggadahc pii wɔ hɔ a yɛn Anyansafo no ahyehyɛ no yiye dedaw wɔ Bereshit Rabbah ne midrash nhoma afoforo mu. Nanso, nea ehia me titiriw ne nkyekyem no ho nkyerɛkyerɛmu tẽẽ (peshat) no, ne sɛnea aggadot a ɛte saa no kyerɛkyerɛ Kyerɛwnsɛm mu kyerɛwtohɔ mu ma ɛne nsɛm a ɛfa ho hyia no.” Rashi nam paw a ɔpaw midrashim no mu nsɛm a ɔtee nka sɛ ɛboaa no ma ɔtee nkyekyem bi anaa ɛho nsɛm bi ase so yɛɛ nhwehwɛmu gyinaa ɛno nkutoo so yii midrashim a na ɛbɔ abira na ntease nnim no fii mu. Esiane saa nyiyim yi nti, Midrash no mu nsɛm a Rashi pawee no nkutoo na na Yudafo awo ntoatoaso a ɛbaa akyiri no nim.
Bere a Rashi kamfoo n’akyerɛkyerɛfo pii no, sɛ na wɔde kyerɛwsɛm bi ho nkyerɛkyerɛmu a ɛbɔ abira koraa ma a, na ɔntwentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛka sɛ ɔne wɔn nyɛ adwene. Sɛ na ɔnte asɛm bi ase anaasɛ ɔte nka sɛ wadi kan de nkyerɛkyerɛmu a ɛmfata ama a, na ogye eyi tom koraa, na ɔkaa mmere bi mpo a n’adesuafo boaa no maa ɔsesaa n’adwene ho asɛm.
Ne Mmere So Nsɛm Tebea Nyaa Ne So Nkɛntɛnso
Na Rashi yɛ ɔbarima a ɔka ne bere so nsɛm ankasa. Nhoma kyerɛwfo bi bɔɔ no mua wɔ saa kwan yi so sɛ: “Mmoa kɛse a [Rashi] yɛe wɔ Yudafo asetram ne nkyerɛwee no afã a ɛho hia nyinaa a ɔsan kyerɛɛ ase kɔɔ kasa a wɔka wɔ ne bere so mu, a kasa a emu da hɔ na nyansa, ɔdɔ ne tema wom, nea ɛda ahokokwaw ne nimdeɛ a ɛfata adi kɛse, na ɛmaa wobuu ne nkyerɛkyerɛmu no sɛ nkyerɛwee kronkron ne nhoma a nkurɔfo ani gyee ho kɛse. Rashi de nyansa ne anidahɔ kyerɛw Hebri te sɛ Franse kasa. Bere biara a na onnya Hebri asɛmfua pɔtee bi mfa nni dwuma no, na ɔde Franse hyɛ hɔ mmom kyerɛw no sɛ Hebri.” Saa Franse nsɛm a ɔkyerɛw no saa—Rashi de bɛboro 3,500 dii dwuma—no abɛyɛ ade a ɛsom bo ma sukuufo a wosua Tete Franse nyansapɛ ne nsɛmfua din bobɔ no.
Ɛwom sɛ Rashi fii asetra ase wɔ tebea a na asomdwoe wom mu de, nanso ohuu Yudafo ne wɔn a wɔfrɛɛ wɔn ho Kristofo no ntam ntawntawdi wɔ ne nkwakoraa bere mu. Wɔ afe 1096 mu no, Mmeamudua Ho Akodi a Edi Kan no sɛee Yudafo nkurow a ɛwɔ Rhineland, baabi a Rashi suaa ade no. Wokunkum Yudafo mpempem pii. Ɛte sɛ nea okunkɛse yi ho asɛm a Rashi tee no kaa n’akwahosan (na ɛkɔɔ so sɛee araa kosii ne wuda wɔ afe 1105 mu). Efi saa bere no reba no, nsakrae kɛse baa ne Kyerɛwnsɛm ho nkyerɛkyerɛmu mu. Nhwɛso biako a ɛda nsow ne Yesaia ti 53, a ɛka Yehowa akoa a ohu amane ho asɛm no. Nea edi kan no, na Rashi de saa kyerɛw nsɛm yi aka Mesia no ho asɛm, sɛnea Talmud no de di dwuma no. Nanso, ɛte sɛ nea Mmeamudua Ho Akodi no akyi no, osusuwii sɛ saa nkyekyem yi fa Yudafo a na wɔahu amane wɔ ɔkwan a ɛmfata so no ho. Eyi bɛyɛɛ nsakrae bere wɔ sɛnea Yudafo no kyerɛkyerɛɛ saa kyerɛw nsɛm ahorow yi mu no mu.d Enti, na Kristoman nneyɛe a ɛne Kristofo de nhyia no redan nnipa pii, a Yudafo ka ho, afi Yesu ho nokwasɛm ho.—Mateo 7:16-20; 2 Petro 2:1, 2.
Ɔkwan Bɛn so na Onyaa Bible Nkyerɛase so Nkɛntɛnso?
Ankyɛ na Rashi nyaa nkɛntɛnso wɔ Yudasom no akyi. Fransefo Franciscan Bible nkyerɛkyerɛmufo Nicholas a ofi Lyra (1270-1349) twee adwene sii “Rabbi Solomon [Rashi]” nsɛm so mpɛn pii araa maa wɔtoo ne din “Solomon Suani.” Lyra nsɛm no nso nyaa nkyerɛkyerɛmufo ne nkyerɛasefo pii, a nkyerɛasefo a wodii wɔn a wɔkyerɛɛ Engiresi King James Version no ase anim ne ɔsesɛwfo Martin Luther, a ɔsesɛw Bible nkyerɛase mu wɔ Germany ka ho, so nkɛntɛnso. Luther de ne ho too Lyra so araa ma wɔyɛɛ anwensɛm bi a egyee din a wɔkaa no sɛ: “Sɛ Lyra ammɔ sanku no a, anka Luther ansaw.”
Rabifo nsusuwii a ɛne Kristofo nokware nhyia no nyaa Rashi so nkɛntɛnso kɔɔ akyiri. Nanso, nhumu kɛse a na Rashi wɔ wɔ Hebri Bible mu nsɛm, nsɛm hyehyɛ, kasa ho mmara mu ne mmɔden a ɔbɔɔ bere nyinaa sɛ ɔbɛte kyerɛwsɛm ase sɛnea ɛte ankasa no ama Bible nhwehwɛmufo ne nkyerɛasefo anya biribi a wobegyina so ayɛ wɔn nhwehwɛmu.
[Ase hɔ nsɛm]
a “Rashi” yɛ Hebri asɛm a wonya fii “Rabbi Shlomo Yitzḥaqi [Rabbi Solomon ben Isaac]” nkyerɛwde a edi kan mu.”
b Sɛ wopɛ sɛ wunya Kyerɛwnsɛm mu asɛm yi ho nsɛm pii a, hwɛ adaka “My Servant”—Who Is He?, a ɛwɔ Will There Ever Be a World Without War?, nhomawa a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., tintimii no kratafa 28.
c Asɛmfua Midrash no fi Hebri asɛmfua a ɛkyerɛ “sɛ́ wobebisa biribi mu, wobesua biribi, wɔbɛhwehwɛ biribi mu,” na sɛ wɔtrɛw mu a na etumi kyerɛ “sɛ́ wɔbɛka asɛm.”
d Nea aggadah (dodow kabea aggadot) kyerɛ ankasa ne “biribi mu a wɔkyerɛkyerɛ,” na ɛfa rabifo nkyerɛwee mu nsɛm a ɛmfa mmara ho no ho, na mpɛn pii no ɛfa Bible mu nnipa anaa rabifo ho anansesɛm a ennyina Bible so ho.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 26]
Text: Per gentile concessione del Ministero dei Beni Culturali e Ambientali