Adan a Wosisii Wɔ Abosonsomfo Fapem So
NKAEDUM ahorow a ɛyɛ fɛ a nsrahwɛfo kɔhwɛ wɔ Rome, Italy, no mu biako ne Pantheon. Romafo dan a ɛyɛ fɛ yi yɛ adan a ɛda so te sɛ nea na ɛte wɔ tete mmere mu no mu biako. Agripa na ofii ne si ase bɛyɛ afe 27 A.Y.B. mu, na Hadrian sii no foforo wɔ bɛyɛ afe 120 Y.B. mu. Ɔdan yi ho ade biako a ɛyɛ nwonwa ne ɔdan no atifi a wɔakuru no kurukuruwa a ne ntwam yɛ mita 43 a nnansa yi ara na wɔasisi adan a atifi trɛw sen saa no. Mfiase no, na Pantheon, asɛmfua a tete Hela kasa mu no ɛkyerɛ “anyame nyinaa trabea” no yɛ abosonsomfo asɔrefie. Ɛnnɛ, wɔda so bu no sɛ ɛyɛ Roma Katolekfo asɔredan. Ɛyɛɛ dɛn na nsakrae a ɛyɛ nwonwa yi tumi bae?
Wɔ afe 609 Y.B. mu no, Pope Boniface IV san hyiraa asɔredan a na wɔmfa nyɛ hwee bere tenten no so yɛɛ no “Kristofo” asɔredan. Saa bere no, wɔtoo no din Santa Maria Rotunda Asɔredan. Sɛnea asɛm bi a Italia Jesuit nsɛmma nhoma La Civiltà Cattolica tintimii wɔ afe 1900 mu kyerɛ no, dwuma pɔtee a na ɛwɔ Boniface adwenem a obedi ne sɛ ɔde “bɛhyɛ Kristofo mogya adansefo atitiriw, anaa ahotefo nyinaa anuonyam, nanso nea ɛsen ne nyinaa no, sɛ ɔde bɛhyɛ Onyankopɔn Maame Ɔbaabun no anuonyam.” Edin ahorow a Roma Katolek Asɔre no de ama Pantheon no nnɛ—Santa Maria ad Martyres anaa, ɔkwan foforo so no, Santa Maria Rotunda—no da no adi sɛ na adwene no nnyina Kyerɛwnsɛm so.—Fa toto Asomafo no Nnwuma 14:8-15 ho.
Asɛnkoro no ara kɔ so ka sɛ, “na enhia sɛ wɔyɛ nsakrae pii” na ama wɔde [Pantheon] no adi dwuma foforo. “Boniface dii mmara a na Ɔhotefo Gregory Ɔkɛseɛ [Pope Gregory I], a obedii n’ade, ɔbenfo ne nhwɛsofo wɔ abosonsomfo asɔredan a wɔde di dwuma wɔ Kristosom mu ahyehyɛ dedaw akyi.” Na dɛn ne saa mmara no?
Wɔ krataa a Gregory kyerɛw kɔmaa ɔsɛmpatrɛwfo bi a na ɔrebɛkɔ abosonsomfo man Britain mu wɔ afe 601 Y.B. mu no, ɔde akwankyerɛ yi mae sɛ: “Ɛnsɛ sɛ wobubu ahoni asɔredan a ɛwɔ saa man no mu no; na mmom ahoni a ɛwowɔ mu no nkutoo . . . Sɛ saa asɔredan no wɔ ahoɔden a, ɛsɛ sɛ yɛma wogyae mmonsansom wom, na wɔde di nokware Nyankopɔn som ho dwuma.” Na Gregory adwene ne sɛ sɛ abosonsomfo no hu sɛ wɔnsɛee wɔn kan asɔredan no a, ɛbɛka wɔn kɛse ma wɔakɔ so aba mu. Pope no kyerɛwee sɛ, sɛ bere bi na abosonsomfo no “kunkum anantwinini pii de bɔ afɔre ma mmonsam a,” afei de na ɛbere adu sɛ “wɔremmɔ mmoa afɔre mma ɔbonsam bio, na mmom wobekum mmoa no de agye wɔn ankasa ani, na wɔde ayi Onyankopɔn ayɛ.”
Roma Katoleksom nam ne ho a ɛde hyehyɛɛ tete asɔrefie ne asɔredan ho nsɛm mu fee no so nso hyiraa so maa “Kristofo” mu atitiriw de “guu” abosonsom. Wɔsesaa tete afahyɛ ahorow danee no “Kristofo” de. Sɛnea La Civiltà Cattolica kaa no no: “Ɛnnɛyi nhomanimfo nyinaa nim sɛ na tete Kristofo no amanne ne asɔre mu nneyɛe bi te sɛ abosonsomfo de. Na ɛyɛ nneyɛe a nkurɔfo no ani gye ho yiye, amanne ahorow a na agye ntini yiye a na tetefo no yɛ wɔ baguam ne kokoam. Asɔre panyin no fi ayamye ne nyansa mu ampene so sɛ ɛfata sɛ wotutu ase; mmom no, wɔdan no Kristofo de, maa so ma enyaa nidi ne gyinabea foforo, wanyɛ katee wɔ nkurɔfo no so, na ama watumi adi nnipadɔm ne nhomanimfo no nyinaa so.”
Nokwarem no, abosonsomfo afahyɛ a ɔfae ho nhwɛso biako ne Buronya. Nokwarem no, na December 25 yɛ da a tete Romafo di dies natalis Solis Invicti, a ɛkyerɛ, “owia a wontumi nni so no awoda.”
Esiane sɛ na asɔre no pɛ sɛ ɛdan abosonsomfo koma nti, ammata nokware no ho. Ɛpenee gyidi afrafra so, na egyee abosonsomfo gyidi ne nneyɛe a na “nnipadɔm ani gye ho” no toom. Nea efi mu bae ne ɔsom a afrafra, asɔre a awae na aman afi nokware Kristosom nkyerɛkyerɛ ho koraa. Esiane eyinom nti, ebia ɛnyɛ nwonwa sɛ tete Romafo asɔrefie—Pantheon—a na ɛyɛ “anyame nyinaa” de no abɛyɛ Roma Katolek asɔre a wɔahyira so ama Maria ne “ahotefo” nyinaa no.
Nanso, ɛsɛ sɛ yɛda no adi sɛ sesa a wɔbɛsesa asɔrefie a wɔahyira so, anaa afahyɛ bi din no nyɛ biribi a ebetumi asesa ‘mmonsansom ma abɛyɛ ɔsom a wɔde ma nokware Nyankopɔn no.’ Ɔsomafo Paulo bisae sɛ: “Biakoyɛ bɛn na Onyankopɔn asɔrefi ne abosom wɔ?” Yehowa ka sɛ: “Mumfi wɔn mu, na montew mo ho, . . . na monnka nea ɛyɛ fi; na me nso magye mo, na mayɛ mo agya, na moayɛ me mmabanin ne mmabea sɛnea [Yehowa, NW] tumfoɔ se ne no.”—2 Korintofo 6:16-18.