Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
Wɔafa Yehowa Adansefo binom ama wɔyɛ asɔre adan ho nnwuma. Dɛn na Kyerɛwnsɛm no ka wɔ adwuma a ɛte saa ho?
Saa asɛm yi betumi ato Kristofo a wɔpɛ sɛ wɔde 1 Timoteo 5:8, di dwuma no, nea esi so dua sɛ ɛho hia sɛ obi ma n’abusua honam fam ahiade no. Bere a ɛsɛ sɛ Kristofo de afotu yi di dwuma no, ɛno mma wɔn kwan sɛ wɔbɛyɛ honam fam adwuma biara, a wonsusuw adwuma ko a ɛyɛ no ho. Kristofo nim sɛnea ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ani da hɔ wɔ nneɛma foforo a ɛfa Onyankopɔn apɛdeyɛ ho no ho. Sɛ nhwɛso no, ɔpɛ a ɔbarima wɔ sɛ ɔbɛhwɛ n’abusua no mma no kwan sɛ obebu nea Bible ka fa ɔbrasɛe ne awudi ho no so. (Fa toto Genesis 39:4-9; Yesaia 2:4; Yohane 17:14, 16 ho.) Ɛho hia kɛse nso sɛ Kristofo yɛ ade ma ɛne ahyɛde a ese womfi Babilon Kɛse no, wiase atoro som aheman mu no hyia.—Adiyisɛm 18:4, 5.
Wɔ wiase nyinaa no, Onyankopɔn nkoa hyia adwumayɛ ho nsɛm pii. Ɛbɛyɛ nea mfaso nni so, na enni yɛn tumi mu sɛ yɛbɛbɔ mmɔden ahyehyɛ nnwuma a ɛte saa no nyinaa na yɛahyɛ ɛho mmara nnidiso nnidiso. (2 Korintofo 1:24) Nanso, momma yɛmmobɔ nneɛma ahorow bi a ɛsɛ sɛ Kristofo susuw ho bere a wɔresi wɔn ankasa adwumayɛ ho gyinae no. January 1, 1983 Ɔwɛn-Aban no kaa saa nsɛm yi ho asɛm tiawa wɔ asɛm bi a ɛfa mfaso a yebenya wɔ ahonim a Onyankopɔn de ama yɛn ho mu. Wobisaa nsɛntitiriw abien wɔ adaka bi mu na afei ɛde nsɛm foforo a mfaso wɔ so mae.
Asɛmmisa titiriw a edi kan ni: So wɔkasa tia saa honam fam adwuma no wɔ Bible mu? Ɛrekyerɛkyerɛ eyi mu no, Ɔwɛn-Aban no kae sɛ Bible no kasa tia korɔnbɔ, mogya a wɔde di dwuma wɔ ɔkwammɔne so, ne abosonsom. Ɛsɛ sɛ Kristoni kwati adwuma biara a ɛma nneɛma a Onyankopɔn kasa tia biara nya nkɔso, te sɛ nea yɛaka ho asɛm seesei ara no.
Asɛmmisa a ɛto so abien ne sɛ: So saa adwuma yi a obi bɛyɛ no bɛma wabɛyɛ nneyɛe a wɔkasa tia no fafafo anaa? Nokwarem no, obi a ɔyɛ adwuma wɔ ɔdan a wɔtow kyakya wom, ayaresabea a wotu nyinsɛn gu, anaa tuutuu dan mu no, bɛyɛ nneyɛe a Kyerɛwnsɛm no kasa tia no fafafo. Sɛ n’adwuma a ɔyɛ wɔ hɔ daa ne sɛ ɔprapra hɔ anaasɛ ogye telefon so mpo a, ɔbɛboa ma nneyɛe a Onyankopɔn Asɛm kasa tia anya nkɔso.
Kristofo pii a wohyiaa adwumayɛ ho gyinaesi no ahu sɛ saa nsɛm yi a wosusuw ho no boa wɔn ma wɔn ankasa si gyinae a ɛfata.
Sɛ nhwɛso no, obi betumi ahu afi saa nsɛmmisa abien no mu, nea enti a nokware somfo mfa ne ho nhyɛ atoro som ahyehyɛde adwuma mu, sɛ́ wɔbɛyɛ adwuma ama asɔre no anaa wɔ asɔre no mu. Adiyisɛm 18:4 de ahyɛde yi ma sɛ: “Me man, mumfi no mu, na moanyɛ ne nnebɔne no bi.” Sɛ obi yɛ bere nyinaa odwumayɛni wɔ saa nyamesom a ɛkyerɛkyerɛ atoro som no mu a, obetumi anya Babilon Kɛse no nnwuma ne ne nnebɔne ahorow no mu kyɛfa. Sɛ́ ebia odwumayɛni no yɛ obi a ɔhwɛ turo so, ɔpon ano, osiesie nneɛma, anaa obu sika ho akontaa no, n’adwuma no bɛma ɔsom a ɛne nokware som di asi anya nkɔso. Bio nso, nnipa a wobehu saa odwumayɛni yi sɛ ɔma asɔredan no ho yɛ fɛ, osiesie, anaa ɔyɛ ɔsom no nnwuma bi no besusuw sɛ ɔyɛ saa ɔsom no muni.
Na odwumayɛni a ɔnyɛ adwuma wɔ asɔre bi anaa nyamesom ahyehyɛde bi mu bere nyinaa no nso ɛ? Ebia wɔfrɛ no ma no kosiesie nsu dorobɛn bi a asɛe wɔ asɔredan no ase. So eyi renyɛ soronko wɔ adwuma ho nhyehyɛe bi a wɔyɛ, te sɛ suhyɛ mu ntokuro a wotuatua anaa?
Bio nso, yebetumi asusuw tebea ahorow a ɛsonsonoe ho. Enti momma yentĩ nsɛm foforo anum a Ɔwɛn-Aban no kaa ho asɛm no mu:
1. So adwuma no yɛ mmoa kɛkɛ a wɔde ma nnipa nyinaa a Kyerɛwnsɛm no nkasa ntia? Fa obi a ɔde amenade kɔma wɔn wuranom sɛ nhwɛso. Krataa a ɔkyekyɛ no renkyerɛ ɔkwan biara so sɛ ɔreboa ama nneyɛe a ɛnteɛ bi anya nkɔso, sɛ asɔredan bi anaa ayaresabea a wotu nyinsɛn gu ka n’adwuma no ho a. Onyankopɔn na ɔma owia hyerɛn ɔdan biara mfɛnsere mu, a asɔre anaa ayaresabea a ɛte saa nso ka ho. (Asomafo no Nnwuma 14:16, 17) Kristoni a ɔde amenade kɔma ne wuranom no betumi aka sɛ ɔreyɛ nnipa nyinaa ho adwuma, da biara da. Ebetumi ayɛ te sɛ Kristoni a odi nneɛma a egye ntɛmpɛ ho dwuma—nsa a wɔto frɛ obi a ɔyɛ dorobɛn ho adwuma sɛ ɔmmɛyɛ dorobɛn a emu nsu bu fa so ho adwuma anaa afiri a wɔde fa ayarefo mu odwumayɛfo a wɔto nsa frɛ no sɛ ɔmmɛfa obi a ade atɔ ne so bere a wɔreyɛ asɔre. Obetumi abu eyi sɛ ɛyɛ mmoa a egye ntɛmpɛ a ɔde ma nnipa ara kwa.
2. Onipa no wɔ nea ɔyɛ no so tumi kodu he? Kristoni bi a ɔwɔ adetɔnbea mmena ahoni na ɔntɔn agude a wɔde di ahonhonsɛm, sigaret, anaa ɛnam a wɔde mogya afra. Sɛ́ adetɔnbea wura no, ɔno na ɔwɔ so tumi. Nkurɔfo betumi atu no fo sɛ ɔntɔn sigaret anaa ahoni na ama wanya mfaso, nanso ɔbɛyɛ n’ade yiye ma ɛne ne gyidi a ɔwɔ wɔ Kyerɛwnsɛm mu no ahyia. Wɔ ɔkwan foforo so no, Kristoni odwumayɛni a ɔwɔ aduantɔnbea kɛse bi mu no adwuma betumi ayɛ sɛ ɔno na ɔkan sika, ɔpopa fam hɔ, anaa ɔhwɛ adwuma no ho kyerɛwtohɔ so. Ɛnyɛ ɔno na ɔhwɛ nneɛma kra ne ne tɔn so, sɛ eyinom bi mpo ho wɔ asɛm, te sɛ sigaret anaa nneɛma a wɔde di dwuma wɔ nyamesom nnapɔnna mu a.a (Fa toto Luka 7:8; 17:7, 8 ho.) Eyi ne asɛm a edi hɔ no wɔ abusuabɔ.
3. Onipa no de ne ho hyɛ dwumadi no mu kodu he? Ma yɛnsan nkɔ adetɔnbea ho mfatoho no so. Ebia odwumayɛni a wɔahyɛ no sɛ onnyigye sika anaa ɔnhyehyɛ nneɛma bɛso sigaret anaa nyamesom nneɛma mu nna koro nna koro bi; ɛno yɛ n’adwuma no fã ketewaa bi. Nanso, hwɛ sɛnea ɛno ne odwumayɛni a ɔtɔn tawa wɔ adetɔnbea hɔ ara no bɔ abira! Da biara da, n’adwuma a ɔyɛ nyinaa, twe adwene kɔ biribi a ɛne Kristofo gyidi nhyia so. (2 Korintofo 7:1) Eyi kyerɛ nea enti a ɛsɛ sɛ yɛpɛɛpɛɛ baabi a ɛsɛ sɛ obi de ne ho hyɛ adwuma bi mu anaa onya mu kyɛfa kodu mu, bere a yɛresusuw adwumayɛ ho nsɛm ho no.
4. Ɛhe na akatua no fi anaasɛ beae bɛn na ɔyɛ adwuma no? Susuw tebea ahorow abien ho. Nea ɛbɛyɛ na nkurɔfo ahu ayaresabea bi a wotu nyinsɛn gu sɛ wodi hɔ ni no, wosii gyinae sɛ wɔbɛfa obi ma waprapara mpɔtam hɔ mmɔnten so. Ayaresabea a wotu nyinsɛn gu no na etua no ka, nanso ɔnyɛ adwuma wɔ hɔ, na obiara nhu no wɔ ayaresabea hɔ da mũ no nyinaa. Mmom no wobu no sɛ ɔreyɛ baguam adwuma a Kyerɛwnsɛm nkasa ntia, ɛmfa ho onii a otua no ka no. Afei nea ɛne no bɔ abira no. Wɔ ɔman a mmara ma tuutuusi ho kwan mu no, ɔmanfo akwahosan adwumakuw no tua ɔyarehwɛfo bi ka sɛ ɔnyɛ adwuma wɔ nguaman fie mu, nhwɛ sɛ ɔde akwahosan ho aduruyɛ bɛma de asiw nyarewa a wonya fi nna mu no ano. Ɛwom sɛ ɔmanfo akwahosan adwumayɛkuw no na etua no ka de, nanso ɔyɛ n’adwuma no nyinaa wɔ afie a wosi tuutuu wom mu, na ɔma ɔbrasɛe bɛyɛ nea asiane biara nnim, nea wogye tom kɛse. Saa nhwɛso yi kyerɛ nea enti a faako a obi akatua fi ne faako a ɔyɛ adwuma no yɛ biribi a ɛsɛ sɛ osusuw ho.
5. Nkɛntɛnso bɛn na ɛwɔ adwuma no yɛ mu; so ɛbɛhaw onii no ankasa ahonim, anaasɛ ɛbɛto afoforo hintidua? Ɛsɛ sɛ yesusuw yɛn ankasa ne afoforo ahonim ho. Sɛ mpo ɛte sɛ nea Kristofo pii gye adwuma bi (a faako a ɛwɔ ne faako a ɛho akatua fi ka ho) tom a, onipa bi betumi ate nka sɛ ɛbɛhaw n’ahonim. Ɔsomafo Paulo a ɔdaa nhwɛso a eye adi no kae sɛ: “Yenim pefee sɛ yɛwɔ ahonim pa, pɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra yiye ade nyinaa mu.” (Hebrifo 13:18) Ɛsɛ sɛ yɛkwati adwuma biara a ɛbɛhaw yɛn ahonim; nanso, ɛnsɛ sɛ yɛkasa tia afoforo a wɔn ahonim nhaw wɔn no. Nea ɛne eyi bɔ abira no, Kristoni betumi ahu sɛ Bible nkasa ntia n’adwuma a ɔreyɛ no, nanso ohu sɛ ɛbɛhaw nnipa pii a wɔwɔ asafo no mu, ne mpɔtam hɔfo no. Paulo twee adwene sii su bi a ɛfata so wɔ ne nsɛm yi mu sɛ: “Na yɛnto hintidua biara biribiara mu, na wɔannunu ɔsom no, na mmom ade nyinaa mu yeyi yɛn ho kyerɛ sɛ Onyankopɔn asomfo.”—2 Korintofo 6:3, 4.
Afei momma yɛnsan nkɔ asɛmmisa pɔtee a ɛfa adwuma a obi yɛ wɔ asɔredan ho no so, te sɛ mfɛnsere a wosi no foforo, kapɛt a wosiesie so, anaa afɔrebukyia a wosiesie. Nsɛm a ɛwɔ atifi hɔ no betumi afa eyi ho wɔ ɔkwan bɛn so?
Kae nea ɔwɔ tumi ho asɛm no. So Kristoni no ne adwumawura anaa adwuma sohwɛfo a obetumi asi gyinae sɛ ebia ɔbɛpene adwuma a wɔyɛ wɔ asɔre no ho so anaa? So Kristoni a ɔwɔ saa tumi no bɛpɛ sɛ ɔde ne ho hyɛ Babilon Kɛse no mu denam adwuma anaa nhyehyɛe a ɛma atoro som nya nkɔanim a obegye atom so? So yɛrentumi mfa ɛno ntoto gyinae a obi si wɔ sigaret a ɔbɛtɔn wɔ n’ankasa adetɔnbea ho no ho?—2 Korintofo 6:14-16.
Sɛ Kristoni no yɛ odwumayɛni a onni ano wɔ adwuma ko a ɛsɛ sɛ wɔpene so ho a, ɛsɛ sɛ yesusuw nneɛma afoforo ho, te sɛ faako a adwuma no wɔ ne baabi a ɔde ne ho hyɛ mu kodu. So odwumayɛni no de ara ne sɛ okoyi nkongua na ɔhyehyɛ wɔ bere ne bere mu, anaa mmoa a wɔde ma nnipa bi na ɔyɛ, te sɛ odumgya a ɔredum ogya bi a atɔ asɔredan mu sɛnea ɛrentrɛw? Nnipa pii behu eyi sɛ ɛyɛ soronko wɔ odwumayɛni a ɔde bere tenten ka asɔredan no ho anaa oduadua nhwiren bere nyinaa sɛnea ɛhɔ bɛyɛ fɛ no ho. Adeyɛ a ɛte saa a ɛkɔ so bere nyinaa anaa bere tenten no bɛma afoforo pii akɔ so asusuw sɛ Kristoni no yɛ asɔre a ɔkyerɛ sɛ onnye ntom no muni, na ɔbɛto hintidua ankasa.—Mateo 13:41; 18:6, 7.
Yɛasusuw nsɛm pii a ɛho hia ho a ɛfa adwumayɛ ho. Wɔkaa eyinom ho asɛm wɔ nsɛmmisa pɔtee bi a ɛfa atoro som ho mu. Nanso, yebetumi afa no sɛ ɛne nnwuma afoforo a ɛte saa no wɔ abusuabɔ. Wɔ asɛm no mu biara mu no, ɛsɛ sɛ yɛde mpaebɔ hwehwɛ mu, na yɛma nsɛm a ɛfa tebea a aba no ho—ne ebia nea ɛyɛ soronko—tra yɛn adwene mu. Nneɛma a yɛadi kan aka ho asɛm no aboa Kristofo komapafo pii ma wɔde ahonim pa asi gyinae a ɛkyerɛ sɛ wɔpɛ sɛ wɔnantew tee ne trenee mu wɔ Yehowa anim no dedaw.—Mmebusɛm 3:5, 6; Yesaia 2:3; Hebrifo 12:12-14.
[Ase hɔ asɛm]
a Kristofo binom a wɔyɛ adwuma wɔ ayaresabea ahorow agye bere asusuw saa asɛm a ɛfa tumi ho yi ho. Oduruyɛfo wɔ tumi sɛ ɔkyerɛ aduru anaa aduruyɛ ho nyansahyɛ a ɛsɛ sɛ ɔyarefo de di dwuma. Sɛ anhaw ɔyarefo no mpo a, ɔkwan bɛn so na oduruyɛfo Kristoni a ɔwɔ tumi no betumi de mogya ama obi anaa watu nyinsɛn agu, bere a onim nea Bible ka wɔ nsɛm a ɛte saa ho? Nea ɛne no bɔ abira no, ɔyarehwɛfo a ɔyɛ adwuma wɔ ayaresabea no rentumi nnya tumi a ɛte saa. Bere a ɔreyɛ ne nnwuma a wɔde ahyɛ ne nsa no, oduruyɛfo bi betumi de akwankyerɛ ama no sɛ ɔnyɛ obi mogya mu nhwehwɛmu esiane atirimpɔw bi nti, anaasɛ, ɔnhwɛ obi a ɔrebetu nyinsɛn agu. Nea ɛne nhwɛso a wɔakyerɛw wɔ 2 Ahene 5:17-19 hyia no, obetumi aka sɛ esiane sɛ ɛnyɛ ɔno na ɔhwɛ mogya a wɔde ma anaa nyinsɛn a wotu gu so nti, obetumi ayɛ ɔyarefo no ho adwuma. Nanso, ɛho da so ara hia sɛ osusuw n’ahonim ho, sɛnea ɛbɛma ‘ɔde ahonim pa nyinaa abɔ ne bra wɔ Onyankopɔn anim.’—Asomafo no Nnwuma 23:1.