Collegiantfo Bible Adesua Ma Wɔyɛɛ Soronko
So woate Collegiantfo ho asɛm pɛn?
Ná afeha a ɛto so 17 no mu Hollandfo nyamesom kuw ketewaa yi yɛ soronko wɔ asɔre akɛse a na ɛwɔ hɔ saa bere no ho. Ɔkwan bɛn so, na dɛn na yebetumi asua afi wɔn hɔ? Nea ɛbɛyɛ na yɛahu no, momma yɛnnan yɛn adwene nkɔ saa bere no so.
WƆ 1587 mu no, Jacobus Arminius (anaa, Jacob Harmensen) kɔɔ Amsterdam kurow no mu. Wammrɛ wɔ adwuma hwehwɛ ho efisɛ na n’abodin krataa no fata yiye. Bere a odii mfe 21 no, na wawie Holland Leiden Sukuupɔn. Ɛno akyi no, odii mfe asia wɔ Switzerland suaa nyamekyerɛ wɔ Théodore de Bèze a odii Protestant Sesɛwfo John Calvin ade no akwankyerɛ ase. Ɛnyɛ nwonwa sɛ Protestantfo a na wɔwɔ Amsterdam no ani gyee ho sɛ wɔbɛpaw Arminius a na wadi mfe 27 no sɛ wɔn sɔfo! Nanso, mfe kakraa bi akyi no, asɔrefo no mu pii nuu wɔn ho sɛ wɔpaw no. Dɛn ntia?
Nkrabea Ho Asɛm
Arminius bɛyɛɛ ɔsɔfo no, ankyɛ na nkrabea nkyerɛkyerɛ ho asɛm sɔree wɔ Amsterdam Protestantfo mu. Na saa nkyerɛkyerɛ yi yɛ Calvinsom no nkyerɛkyerɛ titiriw, nanso asɔrefo no bi tee nka sɛ Onyankopɔn a wahyɛ nkwagye ato hɔ ama ebinom na wahyɛ afobu ama afoforo no yɛ katee, na ommu atɛntrenee. Ná Calvinfo no hwɛ kwan sɛ esiane sɛ Arminius yɛ Bèze suani nti, na obetumi ama wɔn a wokura nsusuwii soronko no asesa wɔn adwene. Nanso, Arminius kogyinaa wɔn a ɛsono wɔn nsusuwii no afã mmom ma ɛyɛɛ Calvinfo no nwonwa. Eduu afe 1593 no, na akyinnyegye no mu ayɛ den araa ma Protestantfo a wɔwɔ kurow no mu no mu akyɛ akuw abien—wɔn a wogye nkyerɛkyerɛ no tom ne wɔn a wonnye ntom, wɔn a wɔnyɛ katee no.
Mfe kakraa bi mu no, na akyinnyegye yi a anka ɛwɔ beae ketewaa bi no abɛyɛ ade a ɛde mpaapaemu aba Protestantfo a wɔwɔ ɔman no nyinaa mu no mu. Awiei koraa no, wɔ November 1618 mu no, asɛm no duu ne pɔmpɔn so. Calvinfo a na asraafo ne ɔmanfo taa wɔn akyi no de atuatewfo a (saa bere no na wɔfrɛ wɔn Remonstrantfoa) no kɔɔ ɔman bagua, Dordrecht Ɔman Protestantfo Asɔfo Bagua, no anim. Wɔ nhyiam no awiei no, wɔde nneɛma a ɛsɛ sɛ Remonstrantfo asɔfo no paw mu bi sii wɔn nyinaa anim: Sɛ́ wɔde wɔn nsa bɛhyɛ krataa bi ase akyerɛ sɛ wɔrenka asɛm bio, anaasɛ wobefi ɔman no mu. Wɔn mu dodow no ara pawee sɛ wobefi ɔman no mu. Calvinfo a wɔyɛ katee kɔhyɛɛ mmeae a na Remonstrantfo asɔfo afi hɔ no. Na Calvinsom adi nkonim—anaasɛ saa na asɔfo bagua no hwɛɛ kwan.
Collegiantfo Mfiase ne Wɔn Nyin
Te sɛ nea ɛkɔɔ so wɔ mmeae pii no, Remonstrantfo asafo a na ɛwɔ Warmond akuraa a na ɛbɛn Leiden no, hweree wɔn sɔfo. Nanso, nea ɛnte sɛ mmeae ahorow no, asafo no annye nea asɔfo bagua no de no bɛhyɛɛ n’ananmu no antom. Afei nso, bere a Remonstrantfo sɔfo bi de ne nkwa too asiane mu san kɔɔ Warmond wɔ afe 1620 sɛ ɔrekɔhwɛ asafo no so no, asafo no mufo bi annye ɔno nso antom. Na saa asafo no mufo yi afi ase reyɛ wɔn som nhyiam wɔ sum ase a na wonni ɔsɔfo biara a ɔboa wɔn. Akyiri yi, wɔbɛfrɛɛ saa nhyiam ahorow yi kɔlege, ne wɔn a wɔkɔɔ bi no, Collegiantfo.
Ɛwom sɛ nsɛm tebea bi na ɛde Collegiantfo kuw no bae na ɛnyɛ nnyinasosɛm de, nanso ankyɛ na tebea no sesae. Asafo no muni, Gijsbert van der Kodde, kae sɛ bere a wohyiam a na ɔsɔfo biara nhwɛ ɔsom no so no, na kuw no redi Bible ne tete Kristofo som akyi yiye sen asɔre akɛse no. Ɔkae sɛ, asomafo no wu akyi na wɔtew asɔfokuw no sɛnea ɛbɛyɛ a mmarima a wɔmpɛ sɛ wosua adwuma no benya adwuma ayɛ.
Wɔ afe 1621 mu no, Van der Kodde ne wɔn a wɔne no kura adwene koro no de wɔn nhyiam no kɔɔ akuraa bi a ɛbɛn Rijnsburg ase.b Mfe bi akyi no, bere a nyamesom mu ɔtaa ano brɛɛ ase ma ntease yɛɛ adwuma no, Collegiantfo nhyiam ahorow no gyee din na ɛho asɛm trɛw ɔman no mu nyinaa, na sɛnea Siegfried Zilverberg kaa no no, “nnomaa a ɛsono wɔn ntakra” nyinaa ani gyee ho. Na Remonstrantfo, Mennonitefo, Socinianfo, ne nyamekyerɛfo mpo wɔ hɔ. Ná ebinom yɛ akuafo. Na afoforo yɛ anwensɛm kyerɛwfo, nhomatintimfo, nnuruyɛfo, ne adwumfo. Nyansapɛfo Spinoza (Benedictus de Spinoza) ne ɔkyerɛkyerɛfo panyin Johann Amos Comenius (anaa, Jan Komenský), ne mfoniniyɛfo a wagye din Rembrandt van Rijn, kɔɔ kuw no afã. Adwene ahorow a saa nkurɔfo a wɔpɛ nyamesom yi de baa Collegiantfo no mu no nyaa wɔn gyidi ahorow so nkɛntɛnso.
Wɔ afe 1640 akyi no, saa kuw a na wɔyɛ nnam yi yɛɛ kɛse ntɛmntɛm. Wɔhyehyɛɛ kɔlege ahorow ntɛmntɛm wɔ Rotterdam, Amsterdam, Leeuwarden, ne nkurow foforo mu. Abakɔsɛm ho ɔbenfo Andrew C. Fix ka sɛ afe 1650 ne 1700 mfe no mu no, “Collegiantfo . . . dɔɔso bɛyɛɛ nyamesom kuw a na wɔn ho hia na wɔwɔ nkɛntɛnso sen biara wɔ afeha a ɛto so dunson no mu wɔ Holland.”
Collegiantfo Gyidi Ahorow
Esiane sɛ na ntease, abodwokyɛre, ne kasa mu ahofadi na ɛyɛ Collegiantfo kuw no agyiraehyɛde nti, na Collegiantfo akuw no mu biara tumi kura gyidi a wɔpɛ mu. Nanso, na ntease ahorow bi ka wɔn bom. Sɛ nhwɛso no, na Collegiantfo nyinaa nim hia a Bible adesua ho hia. Collegiantni bi kyerɛwee sɛ, ɛsɛ sɛ kuw no muni biara “ankasa yɛ nhwehwɛmu na ohu Onyankopɔn, na ɛnsɛ sɛ ɔfa obi foforo so.” Wɔyɛɛ saa. Sɛnea afeha a ɛto so 19 no mu asɔre abakɔsɛm kyerɛwfo Jacobus C. van Slee kyerɛ no, na Collegiantfo no wɔ Bible mu nimdeɛ pii sen ɔsom nkae a na ɛwɔ hɔ saa bere no. Collegiantfo atamfo mpo kamfoo wɔn wɔ sɛnea na wotumi de Bible no di dwuma ahokokwaw mu no ho.
Nanso, dodow a Collegiantfo no suaa Bible no, dodow no ara na wonyaa ntease foforo a ɛne asɔre akɛse no de nhyia. Afeha a ɛto so 17 besi 20 yi mu nsɛm bi ka wɔn gyidi ahorow bi ho asɛm:
Tete Asɔre No. Collegiantni ne nyamekyerɛfo Adam Boreel kyerɛwee wɔ afe 1644 mu sɛ bere a tete asɔre no de ne ho hyɛɛ amammuisɛm mu wɔ Ɔhempɔn Constantine bere so no, ɛsɛee apam a wɔne Kristo ayɛ no, na honhom kronkron no fii wɔn so. Ɔde kaa ho sɛ esiane ɛno nti, atoro nkyerɛkyerɛ bu bɔɔ ho na ɛkɔɔ so ara beduu ne bere so.
Ɔsesɛw No. Ɔsesɛw a Luther, Calvin, ne afoforo de bae wɔ afeha a ɛto so 16 no mu no anyɛ ade ankɔ akyiri sɛ ɛde nsakrae bɛba asɔre no mu. Mmom no, sɛnea Collegiantni panyin ne oduruyɛfo Galenus Abrahamsz (1622-1706) kyerɛ no, Ɔsesɛw no nam ntɔkwaw ne ɔtan a ɛde bae no so maa ɔsom no sɛee koraa. Ɛsɛ sɛ ɔsesɛw ankasa tumi sakra koma, na ɛno na Ɔsesɛw no antumi anyɛ.
Asɔre no ne Asɔfokuw No. Asɔre akɛse no aporɔw, ayɛ wiase de, na Onyankopɔn nsa nni so. Ade a ɛfata a obiara a ɔfa ne som aniberesɛm betumi ayɛ ara ne sɛ obegyae asɔre a ɔkɔ, na wammɛyɛ asɔre no bɔne fafafo. Collegiantfo no kae sɛ asɔfodwuma ne Kyerɛwnsɛm nhyia, na “ɛsɛee Kristofo asafo no honhom fam yiyedi.”
Ahenni ne Paradise. Wɔn a wɔtew Amsterdam kɔlege no mu biako, Daniel de Breen (1594-1664) kyerɛwee sɛ, Kristo Ahenni no nyɛ honhom mu ahenni a ɛwɔ obi komam. Ɔkyerɛkyerɛfo Jacob Ostens, Collegiantni a ɔwɔ Rotterdam kae sɛ, “tete agyanom hwɛɛ asase so bɔhyɛ ahorow kwan.” Saa ara na Collegiantfo no hwɛɛ bere a wɔbɛdan asase paradise no kwan.
Baasakoro. Collegiantfo mpanyimfo bi a Socinianfo gyidi ahorow nyaa wɔn so nkɛntɛnso poo Baasakoro no.c Sɛ nhwɛso no, Daniel Zwicker (1621-78) kyerɛwee sɛ nkyerɛkyerɛ biara a ntease nnim te sɛ Baasakoro no “nyɛ nokware na ɛyɛ atoro.” Wotintim Bible nkyerɛase bi a Collegiantni Reijnier Rooleeuw yɛe no wɔ afe 1694 mu. Ɛkyerɛɛ Yohane 1:1 no fa a etwa to no ase sɛ: “Na asɛm no yɛ nyame” mmom sen sɛnea ortodɔksfo kyerɛ ase sɛ: “Na asɛm no yɛ Onyankopɔn” no.d
Dapɛn Dapɛn Nhyiam Ahorow
Ɛwom sɛ na Collegiantfo nyinaa gyidi nyɛ biako de, nanso na wɔn kɔlege ahorow a ɛwowɔ nkurow foforo so no dwumadi di nsɛ. Abakɔsɛm kyerɛwfo Van Slee bɔ amanneɛ sɛ Collegiant kuw no mfiase no, na wonni kan nyɛ wɔn nhyiam ho nhyehyɛe. Collegiantfo no tee nka sɛ esiane ɔsomafo Paulo nsɛm a ɛfa hia a ɛho hia sɛ ‘wɔhyɛ nkɔm’ ho no nti, asafo no mu mmarima nyinaa betumi akasa akyerɛ kɔlegefo no sɛnea wɔpɛ. (1 Korintofo 14:1, 3, 26) Ne saa nti, mpɛn pii na wɔn nhyiam ahorow no kɔɔ akyiri koduu ɔdasum, na na atiefo binom ‘deda.’
Akyiri yi, wɔhyehyɛɛ nhyiam ahorow no yiye. Ɛnyɛ Kwasida nko na Collegiantfo no yɛɛ wɔn nhyiam, na mmom da hunu anwummere anwummere nso. Nea ɛbɛyɛ na ɔkasafo no ne asafo no adi kan asiesie wɔn ho ama afe no mu nhyiam ahorow nyinaa no, wɔhyehyɛɛ Bible nkyekyem ahorow a wobesusuw ho ne akasafo no din. Sɛ na wɔde nnwonto ne mpaebɔ bue dwumadi no ano a, na ɔkasafo no kyerɛkyerɛ Bible nkyekyem ahorow no mu. Sɛ owie a, na ɔma mmarima no kyerɛ wɔn adwene wɔ ɔsɛmpɔw a wɔasusuw ho no ho. Afei na ɔkasafo a ɔto so abien kyerɛ sɛnea wobetumi de nkyekyem koro no ara adi adwuma. Na wɔde dwom ne mpaebɔ na ewie wɔn nhyiam no.
Na Collegiantfo a wɔwɔ kurow Harlingen a ɛwɔ Friesland mantam mu no wɔ nhyehyɛe bi a wɔfa so ma wotumi wie wɔn nhyiam ahorow no wɔ bere ano. Na wɔma ɔkasafo a ɔkasa boro bere a wɔde ama no so no tua sika kakra.
Ɔman Nhyiam Ahorow
Collegiantfo no hui nso sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ nhyiam akɛse. Enti, efi afe 1640 no, Collegiantfo a wɔwɔ ɔman no mu nyinaa twaa kwan mprenu wɔ afe biara (wɔ fefɛw bere ne ahohuru bere mu) kɔɔ Rijnsburg. Abakɔsɛm kyerɛwfo Fix kyerɛwee sɛ, saa nhyiam ahorow yi maa “wobehuu wɔn nuanom a wɔwɔ akyirikyiri no adwene, wɔn nkate, wɔn gyidi, ne wɔn dwumadi ahorow.”
Collegiantfo ahɔho no gyee nkuraasefo no adan tuaa ho ka, na afoforo nso traa Groote Huis, anaa Ofi Kɛse, Collegiantfo no fie kɛse bi a na adan 30 wom mu. Wɔyɛɛ kwasafo nnuan maa nnipa bɛyɛ 60 kosi 70 wɔ hɔ. Sɛ ahɔho no didi wie anwummere a, na wotumi tu mpase wɔ ofie no turo a ɛso ara yiye no mu hwɛ ‘Onyankopɔn nsa ano nnwuma, di nkɔmmɔ brɛoo, anaasɛ wosusuw nneɛma ho.’
Ɛwom sɛ ɛnyɛ Collegiantfo nyinaa na wɔtee nka sɛ asubɔ ho hia de, nanso bebree ma wɔbɔɔ wɔn asu. Enti, asubɔ bɛyɛɛ nhyiam akɛse ase adeyɛ. Abakɔsɛm kyerɛwfo Van Slee ka sɛ na wɔtaa bɔ asu Memeneda anɔpa. Sɛ na wɔto dwom bɔ mpae wie a, na wɔma ɔkasa de kyerɛ hia a asubɔ ho hia. Afei na ɔkasafo no ma mpanyimfo a wɔpɛ sɛ wɔbɔ wɔn asu no ka wɔn gyidi kyerɛ, te sɛ, “Migye di sɛ Yesu Kristo yɛ Onyankopɔn teasefo no Ba.” Sɛ wɔde mpaebɔ wie ɔkasa no a, na wɔn a wɔahyiam no nyinaa kɔ abura a wɔbɔ asu wom no ho kɔhwɛ mmarima ne mmea a wɔabubu nkotodwe wɔ abura no mu, sɛnea ɛbɛyɛ na nsu no bedu wɔn mmati. Afei na osubɔfo no pia gyidini foforo no ti hyɛ nsu no mu brɛoo. Sɛ wowie asubɔ no a, na wɔn nyinaa san kɔtra ase tie ɔkasa foforo.
Na wɔde Bible akenkan, dwom, ne mpaebɔ na efi nhyiam no ase ankasa wɔ Memeneda awia 5:00. Nea ɛbɛyɛ na wɔanya akasafo bere nyinaa no, kɔlege ahorow a ɛwɔ Rotterdam, Leiden, Amsterdam, ne North Holland no de akasafo mae bere ne bere mu wɔ nhyiam biara ase. Na wɔkɔ Awurade Adidi Kwasida anɔpa. Sɛ na wɔma ɔkasa, bɔ mpae, to dwom wie a, afei na mmarima ne mmea no di abodoo nom bobesa no bi. Na wɔma ɔkasa ahorow pii Kwasida anwummere, na Dwoda anɔpa no, na wɔn nyinaa hyiam tie ɔkasa a etwa to no. Van Slee ka sɛ, na saa nhyiam yi ase ɔkasa dodow no ara fa asetram nsɛm ho, na wosii sɛnea na wɔde nsɛm no bedi dwuma so dua sen ɛho nkyerɛkyerɛmu.
Rijnsburg akuraa no asefo ani gyee ho sɛ wɔyɛɛ saa nhyiam ahorow yi wɔ hɔ. Afeha a ɛto so 18 no muni a ohui kyerɛwee sɛ, ahɔho a wɔbaa hɔ no dii ntodi ara yiye, na ɛmaa nkuraasefo no nyaa sika yiye. Afei nso, sɛ wɔyɛ nhyiam biara wie a, na Collegiantfo no kyɛ Rijnsburg ahiafo sika. Akyinnye biara nni ho sɛ, bere a wogyaee saa nhyiam no yɛ wɔ afe 1787 mu no, akura no asefo no hweree ade. Ɛno akyi no Collegiantfo kuw no gui. Dɛn ntia?
Nea Enti a Egui
Ebeduu afeha a ɛto so 17 awiei no, na dwuma a ɔsom mu nkyerɛkyerɛ di ho akasakasa asɔre. Collegiantfo bi tee nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔde onipa nkyerɛkyerɛ di Onyankopɔn asɛm kan, nanso afoforo annye antom. Awiei koraa no, akasakasa no maa Collegiantfo kuw no mu paapaee. Bere a akuw abien no mufo a wɔkɔfaa akasakasa no bae no wuwui akyi ansa na Collegiantfo no resan aka abom bio. Nanso, abakɔsɛm kyerɛwfo Fix ka sɛ, mpaapaemu no akyi no, kuw no “ansi ne dedaw mu bio.”
Nneɛma ho koma a wonyae wɔ Protestant asɔre ahorow mu wɔ afeha a ɛto so 18 no mu nso ka ho bi na Collegiantfo no so huanee. Bere a nnipa dodow no ara begyee Collegiantfo nkyerɛkyerɛ a egyina nnyinasosɛm so ne nneɛma ho koma a wɔwɔ toom kɛse no, “Collegiantsom a bere bi na anka ɛno nkutoo ne hann no bɛdan Enlightenment kuw.” Ebeduu afeha a ɛto so 18 no awiei no, na Collegiantfo dodow no ara de wɔn ho akɔhyɛ Mennonitesom ne nyamesom akuw foforo mu.
Esiane sɛ na ɛnyɛ Collegiantfo no botae ne sɛ wobenya gyidi koro wɔ wɔn kuw no mu nti, na Collegiantfo no yɛ akuw horow pii sɛnea na wɔn nsusuwii te no. Wohuu eyi, enti, na wɔnka sɛ wɔyɛ “nokoro . . . wɔ nsusuwii koro mu,” sɛnea ɔsomafo Paulo hyɛɛ Kristofo nkuran sɛ wɔnyɛ no. (1 Korintofo 1:10) Nanso, bere koro no ara no, Collegiantfo no hwɛɛ bere a wobenya Kristofo gyidi atitiriw te sɛ nsusuwii koro wɔ wɔn mu no kwan.
Sɛ yesusuw nokwasɛm a ɛyɛ sɛ saa bere no na nokware nimdeɛ nnya nnɔɔso no ho a, yehu sɛ Collegiantfo no yɛɛ nhwɛso a nnɛyi som ahorow pii betumi ahyɛ no nsow. (Fa toto Daniel 12:4 ho.) Bible adesua so dua a wosii no ne ɔsomafo Paulo afotu yi hyia: “Monsɔ ade nyinaa nhwɛ.” (1 Tesalonikafo 5:21) Kokoam Bible adesua maa Jacobus Arminius ne afoforo hui sɛ ɔsom mu nkyerɛkyerɛ ne nneyɛe bi a na wɔakura mu bere tenten no nnyina Bible so koraa. Bere a wohuu eyi no, wonyaa akokoduru twee wɔn ho fii asɔre akɛse no ho. So wobɛyɛ saa ara?
[Ase hɔ nsɛm]
a Eduu afe 1610 no, na atuatewfo no akyerɛw ɔsɔretia krataa (kyerɛwtohɔ a ɛkyerɛkyerɛ wɔn sɔretia no mu) akɔma Holland sodifo no. Krataa-kyerɛw yi akyi no, wɔbɛfrɛɛ wɔn Remonstrantfo.
b Esiane beae a na Collegiantfo yi wɔ no nti, na wɔsan frɛ wɔn Rijnsburgerfo.
c Hwɛ November 22, 1988, Engiresi Nyan!, kratafa 19, “The Socinians—Why Did They Reject the Trinity?” (Socinianfo—Dɛn Nti na Wɔannye Baasakoro Antom?)
d Het Nieuwe Testament van onze Heer Jezus Christus, uit het Grieksch vertaald door Reijnier Rooleeuw, M.D. (Yɛn Awurade Yesu Kristo Apam Foforo a Reijnier Rooleeuw, M.D., kyerɛɛ ase fii Hela kasa mu.)
[Kratafa 24 mfonini]
Rembrandt van Rijn
[Kratafa 26 mfonini ahorow]
Warmond akuraa, beae a Collegiantsom dii kan bae, ne Asubɔnten De Vliet, beae a wɔbɔɔ asu no
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 23]
Background: Courtesy of the American Bible Society Library, New York