Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w99 5/1 kr. 3-4
  • Obiara Pɛ Ahofadi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Obiara Pɛ Ahofadi
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔda So Ara “Wɔ Mpokyerɛ Mu”
  • Nnipa A Wɔde Wɔn Ho Nanso Wobebu Akontaa Akyerɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Di Yehowa Akyi na Nya Ahofadi Ankasa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Som Yehowa, Onyankopɔn a Ɔma Ahofadi No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
  • Nnye Onyankopɔn Ahofadi A Ɔde Ma No Kwa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
w99 5/1 kr. 3-4

Obiara Pɛ Ahofadi

“Wɔde ahofadi awo onipa, nanso ɔda mpokyerɛ mu wɔ baabiara,”

Franseni nyansapɛfo Jean-Jacques Rousseau na ɔkyerɛwee saa asɛm yi wɔ 1762 mu. Wɔwo yɛn wɔ ahofadi mu. Nsusuwii a ɛyɛ anigye bɛn ara ni! Nanso sɛnea Rousseau kae no, wɔ abakɔsɛm nyinaa mu no, nnipa ɔpepem pii na wonnyaa ahofadi da. Mmom no, wodi wɔn bere nyinaa “wɔ mpokyerɛ mu,” wɔde wɔn agu afiase wɔ nhyehyɛe bi a ɛmma wonnya asetram anigye ne abotɔyam daa mu.

NNIPA ɔpepem pii da so ara hu nnɛ sɛ “onipa adi onipa so ma adan no bɔne.” (Ɔsɛnkafo 8:9, NW) Bere a mmarima ne mmea a wɔpɛ anuonyam hwehwɛ tumi no, wɔsɛe afoforo ahofadi a ɛnhaw wɔn ahe biara anaasɛ ɛnhaw wɔn koraa. Amanneɛbɔ bi ka sɛ: “Akodiawufo a wɔn ani abere kunkum nnipa 21.” Amanneɛbɔ foforo ka “awudi” a emu no, asraafo ‘kunkum mmea, mmofra, ne nkwakoraa ne mmerewa a wonni ahoɔden na wonni ahobammɔ, na wotwitwa nkurɔfo mene, bobɔ ɔmamfo a wɔyɛ nneduafo tirim tuo, ne nkuraa a wɔsɛe no pasaa ne atuo a wɔtotow no basabasa,’ ho asɛm.

Ɛnyɛ nwonwa sɛ nnipa wɔ ɔpɛ a emu yɛ den, na nokwarem no, wɔko tia nhyɛso de hwehwɛ ahofadi! Nanso, nokwasɛm a ɛyɛ awerɛhow ne sɛ mpɛn pii no, ahofadi a obi ko hwehwɛ no ma otiatia hokwan a afoforo wɔ ne wɔn ahofadi so. Ɛkame ayɛ sɛ sɛnea ɛte biara no, wokunkum mmarima, mmea, ne mmofra a wɔn ho nni asɛm pii wɔ adeyɛ no mu, na wɔnam ka a wɔka sɛ wɔn adeyɛ no fata na ɛteɛ no so ma wɔn wu no yɛ nea “ɛfata.” Sɛ nhwɛso no, afe a etwaam no wɔ Ireland no, ɔtopae bi a “wɔn a wɔko hwehwɛ ahofadi” de too kar bi mu wɔ kurow ketewaa Omagh mu no kunkum nnipa a wogyina nkyɛn a wɔn ho nni asɛm 29, na epirapiraa ɔhaha pii.

Wɔda So Ara “Wɔ Mpokyerɛ Mu”

Sɛ ɔko no ba awiei a, dɛn na wonya? Sɛ “wɔn a wɔko hwehwɛ ahofadi” di wɔn akodi no mu nkonim a, ahofadi kakraa bi pɛ na wonya. Nanso, so ɛno yɛ ahofadi ankasa? So ɛnyɛ nokware sɛ wɔ aman a wɔwɔ ahofadi sen biara mpo wɔ nea wɔfrɛ no wiase a ahofadi wom mu no, awuranom atirimɔdenfo te sɛ ohia, sintɔ, yare, ne owu ama nnipa da so ara “wɔ mpokyerɛ mu”? Ɛbɛyɛ dɛn na obi atumi aka sɛ ɔwɔ ahofadi ankasa bere tenten a nneɛma a ɛtete saa kɔ so ma ɔyɛ akoa no?

Tete Bible kyerɛwfo Mose kaa sɛnea nnipa pii nkwa te wɔ abakɔsɛm nyinaa mu ne sɛnea ɛda so ara te nnɛ no ho asɛm ma ɛfatae. Ɔkae sɛ, yebetumi atra ase mfe 70 anaa 80, “na emu ahoahoade yɛ ɔbrɛ ne ahuhude.” (Dwom 90:10) So eyi bɛsakra da bi? So ebetumi ayɛ yiye da bi sɛ yɛn nyinaa benya asetra a abotɔyam wom, na ɛyaw ne ahũde a nnipa pii hyia nnɛ no nnim?

Bible ka sɛ yiw! Ɛka “Onyankopɔn mma anuonyam ahofadi” ho asɛm. (Romafo 8:21, NW) Momma yɛnhwehwɛ saa ahofadi a ɔsomafo Paulo kaa ho asɛm wɔ afeha a edi kan no mu wɔ krataa bi a ɔkyerɛw kɔmaa Kristofo a wɔwɔ Roma no mu yiye. Wɔ saa krataa yi mu no, Paulo kyerɛkyerɛ sɛnea yɛn mu biara betumi anya nokware “anuonyam ahofadi” a ɛtra hɔ daa no mu.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]

From the book Beacon Lights of History, Vol. XIII

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena