Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w99 12/15 kr. 3-4
  • Apuei Fam Buronya

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Apuei Fam Buronya
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Buronya—Dɛn Nti na Wodi Wɔ Apuei Fam Mpo?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Dɛn na Buronya Kyerɛ ma Wo?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • “Buronya Honhom” No Yɛ Kristofo De Dɛn?
    Nyan!—1980
  • Buronya​—Dɛn Nti Na Agye Din Wɔ Japan Saa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
w99 12/15 kr. 3-4

Apuei Fam Buronya

• BƐYƐ MFIRIHYIA AHANU NI NO,nhomanimfo bi a wagye din a ofi Korea kɔɔ Peking, China. Bere a ɔrehwɛ mfonini bi a wɔayɛ agu asɔredan bi nsɛmso so no, ohuu Maria mfonini a abofra Yesu da ne nsa so. Ɔkaa mfonini a ɛyɛ ahodwiriw yi ho asɛm sɛ:

“Ɔbea bi a abofra a wadi bɛyɛ mfirihyia anum anaa asia a wafɔn da ne nan so. Ɛte sɛ nea ne ba no ho awerɛhow ama ne ho yeraw no ma enti ne ti da ne mmati so te sɛ nea ne kɔn mu nyɛ den no. Nsamanfo ne nkokoaa pii a wɔwɔ ntaban a wɔretu di akɔneaba wɔ wɔn akyi. Bere a memaa me ti so a na merehwɛ no, na ɛte sɛ nea wɔrebɛhwe me so araa ni. Esiane sɛ na me ho adwiriw me nti, memaa me nsa so sɛ meresɔ wɔn.”

ASƐM yi sii bere a Ɔsesɛw no fii ase wɔ Europa, ne Mfinimfini Mmere bɔne no akyi koraa. Nanso, wɔ Apuei famfo no pii fam no, na wonnim Kristosom ho hwee te sɛ nea na wonnim mfonini no ho hwee no. Hwɛ sɛnea saa tebea no asesa! Sɛ edu Buronya bere biara a, wɔyɛ abofra Yesu ho mfonini ahorow. Apuei famfo abehu mfonini a ɛte saa yiye, na ɛnnɛ, ɛhɔ mmorɔn pii ayɛ te sɛ Europa.

Wɔ November 25, 1998 anwummere a na aka ɔsram biako ma wɔadi Buronya no, wɔsosɔɔ nkanea bɛboro 100,000 wɔ nnua 300 a ɛsesa so wɔ Champs Élysées borɔn a agye din wɔ Paris no so ma ɛhɔ yɛɛ hyerɛnn. Sɛ yɛde toto ho a, wɔ Korea kurow Seoul borɔn bi so no, sotɔɔ kɛse bi si Buronya dua kɛse bi ma ɛhyerɛn wɔ ahenkurow no mu saa anadwo no. Ansa na w’ani bɛba wo ho so no, na wɔde Buronya mfonini afomfam ne mmorɔn nyinaa so.

Television, radio, ne atesɛm nkrataa ka Buronya ho nsɛm da biara da. Buronya ho nsɛm no kanyan ɔman mũ no nyinaa ma wɔhwɛ afe no awiei kwan. Wɔde ahopere siesie asɔredan ahorow a ɛwɔ Seoul, a ne dodow ma ahɔho pii ho dwiriw wɔn no mu. Enti, bere a Buronya ho nsɛm agye Korea ne Apuei fam aman foforo adwene no, na United States redi ne Nnaase Da wɔ November awiei.

Wommu Apuei fam aman pii sɛ ɛka Kristoman ho. Sɛ nhwɛso no, Koreafo ɔha biara mu 26.3 pɛ na wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo. Wɔ Hong Kong no, wɔyɛ ɔha biara mu 7.9, Taiwan, ɔha biara mu 7.4, na Japan yɛ ɔha biara mu 1.2 pɛ. Ɛda adi sɛ, Apuei famfo dodow no ara nyɛ Kristofo, nanso ɛte sɛ nea wɔnkasa ntia Buronyadi. Nokwarem no, ɛte sɛ nea wɔn ani gye ho kɛse sen Atɔe famfo. Sɛ nhwɛso no, wonim no yiye sɛ wodi Buronya kɛse wɔ Hong Kong, ɛmfa ho mpo sɛ emufo dodow no ara yɛ Buddhafo anaa Taofo no. Wɔ China mpo a ɛhɔfo ɔha biara mu 0.1 pɛ na wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no, wɔn ani regye Buronya ho kɛse.

Dɛn nti na wodi Buronya wɔ mmeae pii wɔ Apuei fam? Dɛn nti na nkurɔfo a wonnye Yesu ntom sɛ ɔyɛ Mesia no di Buronya a wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no susuw sɛ ɛyɛ Yesu awoda no? So ɛsɛ sɛ nokware Kristofo suasua adwene a wɔwɔ wɔ Buronya ho no? Yebenya ho mmuae bere a yesusuw sɛnea Buronya begyee din wɔ Korea, Apuei fam man a akyɛ, mu ho no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena