Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w13 8/15 kr. 9
  • Yehowa ‘Soa M’adesoa Ma Me Da Biara’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa ‘Soa M’adesoa Ma Me Da Biara’
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nhyira a Akwampae Adwuma No De Ba
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Akwampaefo Boa Afoforo na Wonya Nhyira
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Wo Som Mu A Wobɛtrɛw Sɛ Daa Ɔkwampaefo
    Yɛn Ahenni Som—1984
  • So Woasom Sɛ Ɔkwampaefo Bere Bi A Atwam?
    Yɛn Ahenni Som—1980
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
w13 8/15 kr. 9

Yehowa ‘Soa M’adesoa Ma Me Da Biara’

Maretha du Raan

Yare reteetee me, nanso yɛn soro Agya no nyii me mu; wakurakura me nkakrankakra abesi nnɛ. Bɛboro mfe 20 ni deɛ, ade titiriw bi ama m’ani agye Yehowa som mu paa; ɛno ne daa akwampae adwuma no.

Wɔwoo me afe 1956 mu; mereba no, na me ne yare bi na ɛnam. Yɛfrɛ yare no spina bifida. Yare yi yɛ obi a, n’akyi berɛmo nka nsi anim yiye. Eyi nti na nantew ho yɛ den ma me. Yare yi kɔtwee nyarewa foforo brɛɛ me.

Ansa na yɛrewo me no, na Yehowa Adansefo ne m’awofo sua Bible. Na Adansefo no yɛ asɛmpatrɛwfo. Meyɛ abofra no, na adawurubɔfo kakraa bi na wɔte me kurom Usakos wɔ Namibia. Na asafo biara nni hɔ, enti na yɛn abusua no bom sua nneɛma a anka yebesua no Ahenni Asa so no. Midii mfe ason no, wɔyɛɛ me oprehyɛn de biribi hyɛɛ me ho ma medwensɔ faa mu. Midii mfe 14 no etwirɛ nso sɛ mini. Na ntoaso sukuu mmɛn baabi a yɛte no, na na ɛsɛ sɛ m’awofo ani kɔ me ho bere nyinaa. Eyi nti mantumi anwie sukuu.

Nanso mantoto me som ase koraa. Saa bere no, na yenni asafo nhoma wɔ me kurom kasa Afrikaans mu. Enti misuaa Borɔfo sɛnea ɛbɛyɛ a metumi akenkan asafo nhoma. Afei mifii asɛnka ase, na midii mfe 19 no mebɔɔ asu. Mfe anan a edi hɔ no, mamfa me ho anni koraa; yare no kaa ne ho denneennen. Eyi ma mebotowee. Bio nso na yɛn kurom hɔfo nyinaa akɔyɛ sɛ abusua biako, enti na ɛnyɛ mmerɛw sɛ mɛkɔ asɛnka. Ehu nti na mintumi nkeka me ho yiye.

Midii mfe 20 ne kakra no, yetu fii Namibia kɔɔ South Africa. Ɛhɔ ne bere a edi kan a me ne asafo bi bɔe. Anigye de, mintumi nka! Nanso na oprehyɛn foforo retwɛn me. Wotwaa tokuru too m’afuru ho baabi a megya m’anan afa mu.

Bere bi metee sɛ ɔmansin sohwɛfo reka akwampae adwuma ho asɛm. N’asɛm no kaa me koma paa. Na me yare no retwe me mu, nanso na mahu sɛ Yehowa nnyaw me m’amanehunu mu. Enti mehyehyɛɛ krataa sɛ mɛyɛ daa kwampaefo. Nanso me yare no nti, na mpanyimfo no mpɛ sɛ wɔpene so ma me.

Mamma eyi ammu m’abam, na mekɔɔ so yeree me ho yɛɛ asɛnka adwuma no. Me maame ne anuanom afoforo mmoa so, mitumi de nnɔnhwerew a wɔhwehwɛ fi akwampaefo hɔ kaa asɛm no bɛboro asram asia. Eyi kyerɛe sɛ me yare nyinaa akyi na masi me bo sɛ mɛyɛ akwampae adwuma no. Enti mehyehyɛɛ krataa foforo, na saa bere yi de, mpanyimfo no penee so. Mebɛyɛɛ daa kwampaefo September 1, 1988.

Yehowa aboa me ma mayɛ akwampae adwuma no abesi nnɛ. Mekyerɛkyerɛ nkurɔfo nokware no a, ɛma miyi m’adwene fi me haw so. Bio, ɛboa me ma me ne Yehowa adamfofa mu yɛ den paa. Maboa nnipa pii ma wɔahyira wɔn ho so abɔ asu. Sɛ mese mereka anigye a eyi ama m’anya a, anka adagyew bɛbɔ me.

M’apɔwmuden te nea ɛte ara; ɛnyɛ papa. Nanso Yehowa ‘soa m’adesoa ma me da biara.’ (Dw. 68:19) Ɛnyɛ ahoɔden kɛkɛ na ɔma me, na mmom ɔma m’ani ka asetenam nso.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena