Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w15 9/1 kr. 4
  • Yehowa Adansefo Yɛ Nnipa Bɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa Adansefo Yɛ Nnipa Bɛn?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Nti na Yɛka Asɛmpa No?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • San a Wɔsan Ba Nokware Nyankopɔn no Nkyɛn
    Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ
  • Dɛn Na Yɛyɛ a Ɛkyerɛ Sɛ Yennyina Ɔfã Biara Akyi?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • ‘Wɔnyɛ Wiase no Fã’
    Som Nokware Nyankopɔn Koro No
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
w15 9/1 kr. 4
Yehowa Adansefo a ɛsono ɔman a wɔfiri mu rekyia wɔn ho wɔn ho wɔ Ahenni Asa so

ASƐM A ƐDA SO | HWANNOM NE YEHOWA ADANSEFO?

Yehowa Adansefo yɛ Nnipa Bɛn?

Yɛyɛ nnipa a yɛwɔ aman ahorow so, nanso yɛnka ɔsom kuo foforo biara ho. Ɛwom, Yehowa Adansefo adwumayɛbea no ti wɔ United States deɛ, nanso yɛn mu dodow no ara wɔ aman afoforo so. Adansefo bɛyɛ ɔpepem nwɔtwe a wɔwɔ aman bɛboro 230 so no ne nkurɔfo sua Bible no. Yɛyɛ saa de di Yesu asɛm a ɔkae yi so sɛ: “Wɔbɛka ahennie ho asɛmpa yi wɔ asase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanseɛ.”—Mateo 24:14.

Ɛmfa ho baabi a yɛte biara no, yɛbɔ mmɔden di ɛhɔ mmara so. Nanso yɛyɛ nea yɛbɛtumi biara sɛ yɛremfa yɛn ho nhyehyɛ amanyɔsɛm mu, efisɛ yɛdi akwankyerɛ a Yesu de maa Kristofo yi so. Ɔkaa sɛ, “Wɔnyɛ wiase no fã.” Enti yɛmfa yɛn ho nhyɛ amanyɔsɛm ne akodi mu. (Yohane 15:19; 17:16) Asɛm no ne sɛ, bere a na Wiase Ko II gyina mu no, Yehowa Adansefo amfa wɔn ho annye mu ma enti wɔde wɔn mu bi guu afiase, wɔyɛɛ ebinom ayayade, na wɔkum ebi nso. Germany sɔfo panin bi kae sɛ: “Wɔn nko ara ne nnipakuo a yɛbɛtumi aka paa sɛ wɔn ahonim nti, wɔannyina Hitler aban no akyi.”

“[Yehowa Adansefo] bɔ bra pa. Wɔyɛ nkurɔfo a wɔdwene afoforo ho a yɛbɛtumi ama wɔn dibea akɛseakɛse wɔ amanyɔsɛm mu, nanso yɛkɔ soro ba fam koraa a ɛnyɛ yie da. . . . Wɔbu aban tumidi, nanso wɔgye di sɛ Onyankopɔn Ahenni nkutoo na ɛbɛtumi adi nnipa haw nyinaa ho dwuma.”—Czech Republic atesɛm krataa, Nová Svoboda.

Nanso yɛnyɛ mate-me-ho kuo. Bere a Yesu rebɔ mpae ama n’akyidifo no, ɔka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: “Mensrɛ sɛ yi wɔn firi wiase.” (Yohane 17:15) Enti wobɛtumi ahu yɛn baabiara; adwumam, bere a yɛrekɔ dwa so anaa sukuu.

AMAN A ADANSEFO WƆ SO PAA

  • United States 1,190,000

  • Mexico 800,000

  • Brazil 770,000

  • Nigeria 330,000

  • Italy 250,000

  • Japan 220,000

Sɛnea Israel te nnɛ

Sɛ wohwɛ Special Convention in Israel wɔ www.jw.org a, wobɛhu sɛ Israelfo ne Palestinafo a wɔyɛ Adansefo abom te faako; wontwiwontwi biara nni wɔn ntam. (Kɔ ABOUT US > CONVENTIONS afã hɔ)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena