Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w15 9/1 kr. 5
  • Dɛn na Yehowa Adansefo Gye Di?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn na Yehowa Adansefo Gye Di?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn na Yehowa Adansefo Gye Di?
    Dɛn na Yehowa Adansefo Gye Di?
  • Dɛn Nti na Yɛka Asɛmpa No?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Dɛn Na Yehowa Adansefo Gye Di?
    Nsɛm a Nkurɔfo Taa Bisa Fa Yehowa Adansefo Ho
  • Dɛn ne Onyankopɔn Ahenni?
    Dɛn ne Onyankopɔn Ahenni?
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
w15 9/1 kr. 5
Awarefo bi a wɔyɛ Yehowa Adansefo ne wɔn mma resua Bible

ASƐM A ƐDA SO | HWANNOM NE YEHOWA ADANSEFO?

Dɛn na Yehowa Adansefo Gye Di?

Yehowa Adansefo gye di sɛ “Twerɛnsɛm no nyinaa firi Onyankopɔn honhom mu na ɛyɛ.” (2 Timoteo 3:16) Bible yɛ nwoma a mfaso wɔ so, ɛma yɛsua Ɔbɔadeɛ no ho asɛm na ɛboa yɛn ma yɛbɔ bra pa.

Bible ka sɛ: “Nnipa nhunu sɛ wo a wo din de Yehowa no, wo nko ara ne Ɔsorosoroni, asase nyinaa so.” (Dwom 83:18) Enti Yehowa Nyankopɔn nko ara na yɛsom no, na sɛ́ n’Adansefo no, yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛma nkurɔfo ahu ne din no.—Yesaia 43:10-12.

Yɛyɛ Kristofo, enti yɛgye di sɛ Yesu, “Onyankopɔn Ba no,”a baa asase so na ɔbɛyɛɛ Mesia. (Yohane 1:34, 41; 4:25, 26) Yesu wui akyi no, wɔnyanee no kɔɔ soro. (1 Korintofoɔ 15:3, 4) Akyiri yi, ɔbɛyɛɛ Onyankopɔn Ahenni no so Hene. (Adiyisɛm 11:15) Saa Ahenni no yɛ aban ankasa a ɛbɛsan de Paradise aba asase so. (Daniel 2:44) Bible ka sɛ, “Ahobrɛasefoɔ bɛnya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoeɛ bebree mu.”—Dwom 37:11, 29.

“Sɛ wɔkenkan biribi firi Bible mu a, wɔgye di sɛ Onyankopɔn na ɛne wɔn rekasa. Bere biara a wɔbɛhyia ɔhaw bi wɔ wɔn abrabɔ mu no, wɔkɔ Onyankopɔn Asɛm mu kɔpɛ ano aduro. . . . Wɔn deɛ, wɔgye di sɛ Onyankopɔn Asɛm da so ara wɔ nkwa.”​—Katolek sɔfo Benjamin Cherayath; Germany atesɛm krataa, Münsterländische Volkszeitung

Yehowa Adansefo gye di sɛ ɛnnɛ nso Bible mu nnyinasosɛm bɛtumi aboa nnipa. (Yesaia 48:17, 18) Ɛno nti, yɛde nnyinasosɛm a ɛte saa bɔ yɛn bra. Nhwɛso bi ni: Esiane sɛ Bible bɔ yɛn kɔkɔ sɛ yɛntwe yɛn ho mfiri nneyɛe bi a ɛbɛtumi agu yɛn honam ne yɛn adwene ho fĩ nti, yɛnnom sigaret na yɛmmfa nnuro nni dwuma ɔkwammɔne so. (2 Korintofoɔ 7:1) Afei nso, yɛtwe yɛn ho firi nneyɛe a Bible kasa tia tẽẽ no ho. Ebi ne asaborɔ, adwamammɔ, ne korɔno.—1 Korintofoɔ 6:9-11.

a Bible san frɛ Yesu sɛ ‘Onyankopɔn Ba a ɔwoo no koro,’ efisɛ ɔno nko ara ne abɔde a ɔdi kan a Yehowa nko ara bɔe.—Yohane 3:18; Kolosefoɔ 1:13-15.

Awofo bi de anigye serew bere a wɔn ba abue akyɛde bi so no

Sɛ wopɛ sɛ wohu yɛn gyidi, a ebi ne nea enti a yɛnni nnapɔnna anaa yɛnnye mogya ho nsɛm pii a, kɔ www.jw.org/tw, na kɔ YƐN HO NSƐM > NSƐM A NKURƆFO TAA BISA afã hɔ.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena