Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • T-36 kr. 1-4
  • Dɛn ne Onyankopɔn Ahenni?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn ne Onyankopɔn Ahenni?
  • Dɛn ne Onyankopɔn Ahenni?
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wohwɛ a, Dɛn Na Ebesi Daakye?
    Wohwɛ a, Dɛn Na Ebesi Daakye?
  • Hena Paa na Odi Wiase Yi So?
    Hena Paa na Odi Wiase Yi So?
  • So Ɛyɛ Ampa sɛ Awufo Bɛsan Atena Ase Bio?
    So Ɛyɛ Ampa sɛ Awufo Bɛsan Atena Ase Bio?
  • Enti Amanehunu To Betwa Da Bi?
    Enti Amanehunu To Betwa Da Bi?
Hwɛ Pii Ka Ho
Dɛn ne Onyankopɔn Ahenni?
T-36 kr. 1-4
Nnipa a wofi mmeaemmeae rebɔ mpae sɛ Onyankopɔn Ahenni mmra

Dɛn ne Onyankopɔn Ahenni?

W’adwene yɛ wo sɛ ɛyɛ . . .

  • biribi a ɛwɔ wo komam?

  • kasakoa?

  • ahenni anaa aban bi a ɛwɔ soro?

NEA BIBLE AKA

“Ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni bi so. Wɔrensɛe no da.”—Daniel 2:44, Wiase Foforo Nkyerɛase.

“Wɔama yɛn ɔbabarima, na n’ahenni bɛda ne mmati so.”​—Yesaia 9:6.

ƆKWAN BƐN SO NA ƐBƐBOA WO?

  • Aban a ebedi nnipa so wɔ trenee mu bɛba ama wo nso woanya so mfaso.​—Yesaia 48:17, 18.

  • Wubetumi anya apɔwmuden papa ne anigye a edi mu wɔ wiase foforo a ɛreba mu.​—Adiyisɛm 21:3, 4.

Onyankopɔn Ahenni aba ama asase adan paradise; nkurɔfo aduadua nneɛma pii na wɔregye wɔn ani

ENTI NEA BIBLE AKA YI YƐ AMPA?

Nneɛma abien yi nti yebetumi aka sɛ ɛyɛ ampa:

  • Yesu bɛkyerɛɛ nea Onyankopɔn Ahenni bɛyɛ ama adesamma. Yesu kyerɛɛ n’asuafo sɛ wɔmmɔ mpae sɛ Onyankopɔn Ahenni mmra na Onyankopɔn apɛde nyɛ hɔ wɔ asase so. (Mateo 6:9, 10) Yesu yɛɛ biribi de kyerɛɛ sɛnea Onyankopɔn bebua saa mpaebɔ no.

    Bere a Yesu wɔ asase so no, ɔmaa wɔn a ɔkɔm de wɔn aduan, ɔsaa ayarefo yare, na onyanee awufo nso! (Mateo 15:29-38; Yohane 11:38-44) Esiane sɛ na Yesu bɛyɛ Onyankopɔn Ahenni no so hene nti, nneɛma a ɔyɛe no yɛ nhyira a Ahenni no de bɛbrɛ nnipa daakye no ho mpopoe.​—Adiyisɛm 11:15.

  • Nneɛma a ɛrekɔ so wɔ wiase ma yehu sɛ ɛrenkyɛ Onyankopɔn Ahenni bɛba. Yesu hyɛɛ nkɔm sɛ, sɛ bere reyɛ aso ama Ahenni no de asomdwoe aba asase so a, akokoakoko, ɔkɔm, ne asasewosow bɛhyɛ asase so ma.​—Mateo 24:3, 7.

    Ɛnnɛ saa nneɛma no aba mu. Enti yebetumi anya awerɛhyem sɛ ɛrenkyɛ koraa, Onyankopɔn Ahenni no beyi saa ɔhaw no nyinaa afi hɔ.

HWƐ ASƐMMISA YI

Onyankopɔn Ahenni redi asase so, na ama asase so ayɛ fɛ

Sɛ Onyankopɔn Ahenni ba a, asetena bɛyɛ sɛn?

Bible ma saa asɛm no ho mmuae wɔ DWOM 37:29 ne YESAIA 65:21-23.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena