Enti Amanehunu To Betwa Da Bi?
W’adwene yɛ wo sɛ . . .
ɛto betwa?
ɛto rentwa?
ebia ɛto betwa?
NEA BIBLE AKA
‘Onyankopɔn bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio.’ —Adiyisɛm 21:3, 4, Wiase Foforo Nkyerɛase.
ƆKWAN BƐN SO NA ƐBƐBOA WO?
Ɛma wuhu sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔma ɔhaw to yɛn.—Yakobo 1:13.
Ɛma wunya awerɛkyekye sɛ, sɛ asɛm to yɛn a, ɛyɛ Onyankopɔn yaw.—Sakaria 2:8.
Ɛma wunya anidaso sɛ amanehunu nyinaa to betwa.—Dwom 37:9-11.
ENTI NEA BIBLE AKA YI YƐ AMPA?
Nneɛma abien yi nti yebetumi aka sɛ ɛyɛ ampa:
Onyankopɔn kyi amanehunu ne atɛnkyea. Bere bi a nkurɔfo tan Yehowa Nyankopɔn nkurɔfo ani no, wo de hwɛ sɛnea ɔtee nka. Bible ka sɛ “asɔretiafo” no nti, Yehowa ho hiahiaa no.—Atemmufo 2:18, Wiase Foforo Nkyerɛase.
Wɔn a wodi nkurɔfo bɔne no, Onyankopɔn ne wɔn ani nhyia. Ɛno nti Bible ka sɛ, okyi “nsa a ehwie mogya a edi bem gu.”—Mmebusɛm 6:16, 17.
Onyankopɔn dwen yɛn mu biara ho. “Obiara nim ne haw ne ne yaw,” na kae sɛ Yehowa nso nim!—2 Beresosɛm 6:29, 30.
Ɛrenkyɛ Yehowa Ahenni no bɛba, na obeyi obiara amanehunu afi ne so. (Mateo 6:9, 10) Ɛnnɛ mpo ɔkyekye wɔn a woyi wɔn yam hwehwɛ n’akyi kwan no werɛ de kyerɛ sɛ odwen wɔn ho.—Asomafo Nnwuma 17:27; 2 Korintofo 1:3, 4.
HWƐ ASƐMMISA YI
Adɛn nti na Onyankopɔn ma amanehunu kɔ so?
Bible ma saa asɛm no ho mmuae wɔ ROMAFO 5:12 ne 2 PETRO 3:9.