Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wp16 nɔma 1 kr. 16
  • Dɛn na Bible Aka?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn na Bible Aka?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2016
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛ yewu a, ɛhe na yɛkɔ?
  • Awufo betumi atena ase bio?
  • Yewu a, Ɛhe na Yɛkɔ?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Dɛn Na Ɛba Wɔ Owu Mu?
    Wubetumi Ayɛ Onyankopɔn Adamfo!
  • Asɛmmisa 2: Enti Miwu a Ɛhe na Merekɔ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Yewu a Ɛhe na Yɛkɔ?
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2016
wp16 nɔma 1 kr. 16
Nhwiren bi a wɔde ato ɔda bi so

DƐN NA BIBLE AKA?

Sɛ yewu a, ɛhe na yɛkɔ?

EBINOM GYE DI sɛ yewu a, yɛkɔtoa abrabɔ so wɔ baabi foforo. Ebinom nso gye di sɛ yewu a, na asa. Wo nso, wo gyidi ne dɛn?

NEA BIBLE NO KA

“Awufo de, wonnim biribiara.” (Ɔsɛnkafo 9:5) Enti sɛ yewu a, yɛnkɔtoa abrabɔ so wɔ baabiara.

NEA BIBLE SAN KA

  • Bere a Adam wui no, ɔsan kɔɔ dɔte mu. (Genesis 2:7; 3:19) Enti obiara a Obewu no, ɔsan kɔ dɔte mu.—Ɔsɛnkafo 3:19, 20.

  • Sɛ obi wu a, na wɔabu no bem afi ne bɔne nyinaa ho. (Romafo 6:7) Enti obi wu a, bɔne ho asotwe biara nni hɔ bio.

Awufo betumi atena ase bio?

WUBEYI ANO SƐN?

  • Yiw

  • Dabi

  • Ebia

NEA BIBLE NO KA

‘Bere bi bɛba a nkurɔfo bɛsɔre afi awufo mu.’—Asomafo Nnwuma 24:15.

DƐN BIO NA BIBLE NO KA?

  • Bible taa de owu toto nna ho. (Yohane 11:11-14) Sɛnea yetumi nyan obi a wada no, saa ara na Onyankopɔn nso betumi anyan obi a wawu.—Hiob 14:13-15.

  • Wokenkan Bible a, wubehu sɛ owusɔre ho nsɛm pii wom, enti ɛma yenya gyidi sɛ daakye wobenyan awufo.—1 Ahene 17:17-24; Luka 7:11-17; Yohane 11:39-44.

Sɛ worepɛ owusɔre ho nsɛm pii a, kenkan nhoma a ne Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? ti 6. Yehowa Adansefo na wotintimii.

Ɛsan wɔ intanɛt so wɔ www.jw.org/tw

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena