Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nsɛmma Nhoma So
1 Wɔde asɛyɛde ama Kristofo asafo no sɛ ɛnka asɛmpa no ‘nkɔpem asase ano nohɔ.’ (Aso. 1:8) Ne mfiase pɛɛ no, wɔkyerɛkyerɛɛ emufo nyinaa na wɔanya saa adwuma no mu kyɛfa. Wɔn nyinaa ani gyei bere a wɔbɔɔ wɔn nkɔso ho amanneɛ. “Onyankopɔn asɛm no kɔɔ so na ase trɛe.” “Na Awurade asɛm no trɛe asase no nyinaa so.” “Ɛmaa wɔn a wɔte Asia nyinaa . . . tee Awurade asɛm.” “Sɛnea Awurade asɛm nam ahoɔden so nyinii na ɛyɛɛ den ne no.”—Aso. 12:24; 13:49; 19:10, 20.
2 Sɛ nnɛyi Kristofo asafo no mufo no, yɛn adwuma no nsakrae. Ɛda so yɛ Onyankopɔn pɛ sɛ “wogye nnipa nyinaa nkwa na wɔba nokware nimdeɛ mu.” (1 Tim. 2:4) Yɛwɔ asɛyɛde sɛ ‘yekura nokware asɛm no mu yiye’ denam ka a yɛbɛka akyerɛ wɔ baabiara ma nnipa dodow a wobetumi ate no so. Denam Yehowa honhom no mmoa so no, wɔn a wɔwɔ koma pa no bɛba. Ɛnnɛ, ɛyɛ yɛn dɛ sɛ yɛbɛka sɛ wɔreka nokware asɛm no “akɔpem asase ano nohɔ.” (Aso. 1:8) Na Ɔwɛn-Aban ne Nyan! reboa kɛse wɔ eyi yɛ mu.
NSƐMMA NHOMA TRƐW NOKWARE NO MU NTƐM
3 Ade a ɛho hia kɛse ma nkɔso aba ne sɛ yebetumi aka asɛm no “bere a ɛsɛ mu.” (Mmeb. 25:11) Nnipa pii ani nnye sɛ wobegyae nea wɔreyɛ na wɔatie bere a yɛkɔ wɔn nkyɛn, nanso ebia wɔbɛkenkan nsɛmma nhoma a yegyaw wɔ fie hɔ no akyiri yi “bere a ɛsɛ mu.”
4 Aberantewa bi a ɔkɔ ntoaso sukuu ani gyee Nyan! mu asɛm bi a ɔkenkanee ho! Ne nkyɛn a wɔsan kɔe dapɛn a edi hɔ no ma ɔkɔɔ ɔmansin nhyiam bi a na wɔreyɛ no ase, na wɔne no fii Bible adesua ase. Ɔbea bi kaa ɔpon no hwee mu bere a Ɔdansefo bi kɔɔ hɔ, nanso akyiri yi ne kunu a na n’ani gye ho gyee nsɛmma nhoma abien fii Ɔdansefo koro no ara hɔ. Ɔsan baa ofie hɔ bio no, ɔbea no behyiaa no pon no ano, paa no kyɛw, bisabisaa no nsɛm ahorow pii na ntɛm ara ɔpenee Bible adesua a wɔne no bɛyɛ so. Onua bi gyaw nsɛmma nhoma wɔ ne kar a ɔtɔnee mu na akyiri yi onipa a ɔtɔɔ kar no kyerɛe sɛ ɔbɛpɛ sɛ osua nea wakenkan no ho ade pii. Bere a ɔbarima bi te keteke mu no, ohuu nsɛmma nhoma abien. Ɔkenkanee akyi no, ɔkraa n’abien nyinaa bi na akyiri ofii ase suaa ade. Onipa foforo nso kyerɛkyerɛ mu sɛ na wakɔ asɔreasɔre pii mu a na ɔpɛ sɛ ohu nea Bible kyerɛkyerɛ wɔ hell ho. Awiei koraa no onyaa n’asɛmmisa no ho mmuae wɔ aguadidan bi mu bere a ɔfaa kratasin bi a wɔatew afi Awake! nsɛmma nhoma mu no. Aberewa bi faa Ɔwɛn-Aban wɔ atesɛm nkrataa pii a wɔaboaboa ano mu na ɛno akyi no ɔkɔɔ so hwehwɛe araa kosii sɛ ohuu Adansefo a wɔwɔ mpɔtam hɔ no na wotumi kaa ho asɛm pii kyerɛɛ no.
5 Nsɛmma nhoma no mu nsɛm yɛ nea wɔhyɛ da kyerɛw no yiye ma esi nsɛntitiriw a egyina Kyerɛwnsɛm so na ɛne yɛn bere yi hyia na ɛfata ma nneɛma a yehia mprempren yi so dua. Sɛ nhwɛso no, Nyan! de asɛmti “So Woasusuw ho Pɛn Anaa . . . ?” aba. Fa Nyan! a aba nnansa yi ara no bi di dwuma na ka ɔsɛmpɔw a wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ hɔ no ho asɛm. Tintimmfiri afoforo a wɔanya no ama nsɛmma nhoma no ayɛ fɛ kɛse na nnipa pii ani gye ho. Nsɛm ahorow ahorow a ɛfa Bible ho a ɛwɔ mu no ma nnipa ahorow nyinaa nya biribi a ɛsom bo honhom fam.
6 Bere a yenim nea nsɛmma nhoma no betumi aboa yɛn ma yɛayɛ wɔ adwuma a Onyankopɔn de ahyɛ yɛn nsa ho dwumadi mu no, so ɛnsɛ sɛ yɛhwehwɛ akwan ahorow a yɛnam so betumi de pii amema nnipa a wɔhwehwɛ nokware no anaa? Ɛfata sɛ yɛde bi hyɛ yɛn nneɛma mu wɔ ɔsom adwuma no fã biara a yɛyɛ mu, na yɛde kyerɛ obiara a n’ani begye sɛ ɔbɛkenkan. Ebia nsɛmma nhoma no a yɛbɛma obi akra no bɛboa ma wanya Bible no ho anigye kɛse. Adawurubɔfo pii ahu sɛ nnipa a wɔn ani gye nsɛmma nhoma no akenkan ho no sɛ wogye nsɛmma nhoma no foforo biara a ɛbɛba no bi daa. Wɔn a wɔn ani gye sɛ wɔde nsɛmma nhoma no bɛyɛ adwuma wɔ mmɔnten so anaasɛ wɔde bɛkɔ adwuma mu no, ɛka sɛ adamfofasu ne anifere kwan a wɔnam so di dwuma no ma wotumi ma nsɛmma nhoma pii. Nsɛmma nhoma no boa titiriw wɔ nkɔmmɔbɔ asefi mu anaa bɔnnɔso adansedi mu.
7 Hena na onim nnipa komapafo dodow foforo a wobetie asɛm no na awiei koraa no wɔaka sɛ “nokware no ni.” (Yes. 43:9) Sɛ yɛyɛ nea yebetumi nyinaa a, obiara rentumi nka sɛ wante asɛm no efisɛ na obiara nni hɔ a ɔbɛka akyerɛ. (Rom. 10:14) Sɛ yetumi de nsɛmma nhoma no bi mema nkurɔfo a wɔwɔ mmeae a ɛyɛ den sɛ obi bɛkɔ hɔ, a nsɛmma nhoma no betumi ama wɔn nsa aka nokware no “bere a ɛsɛ mu” wɔ ɔkwan bi so, na akanyan nnipa a wɔwɔ komapa a, anigye a yebenya no bɛyɛ kɛse mpo.