Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/83 kr. 2
  • Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
  • Yɛn Ahenni Som—1983
  • Nsɛmti Nketewa
  • DAPƐN A EFI ASE FEBRUARY 6
  • DAPƐN A EFI ASE FEBRUARY 13
  • DAPƐN A EFI ASE FEBRUARY 20
  • DAPƐN A EFI ASE FEBRUARY 27
Yɛn Ahenni Som—1983
km 2/83 kr. 2

Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

DAPƐN A EFI ASE FEBRUARY 6

Dwom 28

7 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu de.

20 min: “Anigye a Yebenya wɔ Yehowa Nsiesiei Pii No Mu.” Nsemmisa ne mmuae. Hyɛ adawurubɔfo nkuran ma wonni akyi wɔ wɔn Live Forever nhoma mu bere a mobɔ nkyekyem 5 ne 6 ho nkɔmmɔ no. Ma wɔnkyerɛ nsɛm ahorow a wɔabɔ wɔn tirim sɛ wɔde bedi dwuma bere a wɔde nhoma no rema ne sɛnea wɔde bɛtoa Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no mu. Kyerɛ ɔfã a edi hɔ.

18 min: Nkɔmmɔbɔ Asɛmti ho ɔkasa. Wo ne atiefo nsusuw ho na munsusuw nnianim ahorow a ebetumi ayɛ yiye ne nsɛm a mode bɛtoa kyerɛw nsɛm no mu ho. Yɛ asɛnka a wɔahyɛ ho nyansa ho ɔyɛkyerɛ. Bere a ɔdawurubɔfo ada ne ho adi akyi no, obetumi aka sɛ: “Esiane aman ne aman ntam akasakasa ne nnansa yi ntawntawdi ahorow nti, nnipa pii a ɛhaw wɔn no adwene mu yɛ wɔn naa sɛ ebia asase no daakye yɛ nea anidaso wom ampa.” (Bisa ofiewura na ɔnkyerɛ n’adwene.) “Bible no kaa yɛn bere yi mu nneɛma ho asɛm siei na ɛkyerɛe sɛ ehu kɛse bɛka nnipa pii.” (Kenkan Luka 21:26 anaasɛ ka hɔ asɛm.) Kyerɛ sɛnea kɔ ara na ehu rekɔ so ka nnipa pii. Nanso, wɔn a wɔde wɔn werɛ hyɛ Onyankopɔn ne n’ahenni no mu no wɔ nea wogyina so nya anidaso, (Kenkan Dwom 119:90.) Si so dua sɛ Onyankopɔn remma kwan mma wɔnsɛe asase. na mmom ɔbɛma nhyehyɛe bɔne aba awiei. N’atirimpɔw ma asase ne adesamma no yɛ nea wɔayɛ ho nhwɛso fɛfɛ wɔ Live Forever nhoma no nkratafa 12 ne 13. (Wo ne ofiewura nsusuw mfonini no ho.) Saa nhoma yi bɛboa nnipa koma pafo ma wɔasua Onyankopɔn nsiesiei no ho ade pii. Oguamtrani hyɛ obiara nkuran sɛ ɔmfa mprempren Nkɔmmɔbɔ Asɛmti nni dwuma bere a wɔde Live Forever nhoma ma wɔ ɔsram no mu no. Afei nso, kyerɛ sɛnea wobetumi de nnansa yi nsɛmma nhoma adi dwuma de ada asɛm yi adi. Hyɛ obiara nkuran ma ɔmfa ne ho nhyɛ Memeneda a etia abien nsɛmma nhoma dwumadi mu dabɛn yi awiei.

Dwom 58 ne mpaebɔ.

DAPƐN A EFI ASE FEBRUARY 13

Dwom 73

10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow ne sika nkontaabu.

20 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ​—Wɔ Sukuu.” Nsemmisa ne mmuae.

15 min: Asɛm a egyina Nhyehyɛe nhoma, nkratafa 121 ne 122 so ho nkɔmmɔ a asɛnka adwuma sohwɛfo bɔ. Ka sɛnea adawurubɔfo betumi afi ofie Bible adesua ase wɔ Live Forever nhoma no mu nso ho asɛm. Fa ɔyɛkyerɛ ntiantia ka ho. Si botae a ɛne adesua foforo a yebefi ase ɔsram so dua. Ma ebinom a wɔafi adesua horow ase dedaw nka wɔn osuahu ahorow. Twe adwene si asɛm “Anigye a Yebenya wɔ Yehowa Nsiesiei Pii No Mu” no nkyekyem 7 so.

Dwom 71 ne mpaebɔ.

DAPƐN A EFI ASE FEBRUARY 20

Dwom 15

5 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow.

15 min: “So Worenya Kyɛfa wɔ Wɔn a Wɔagyae Asɛnka a Wɔboa Wɔn no Mu?” Asemmisa ne mmuae dwumadi. Hyɛ obiara nkuran ma ɔnkyerɛ onua dɔ wɔ wɔn a wɔagyae asɛnka a ebia ɔbɛkɔ akɔsra wɔn no ho, na wonkyia wɔn wɔ Ahenni Asa so. Si bo a adwempa a yebenya som no so dua.

25 min: Kristofo Su a Yɛbɛda no Adi. Ɔpanyin ne atiefo susuw nsɛm a edidi so a ɛfa su pa ho no ho: (2 min.) Wɔakyerɛ su pa ase sɛ afoforo ho a wosusuw wɔ nneɛma nketenkete mu, te sɛ bere so a wodi, afoforo ade a wɔsrɛ ansa na wɔafa, aseda ne “mesrɛ wo” a wɔka, ne nea ɛkeka ho. Nnyinasosɛm titiriw a ɛda adi ne ɔdɔ. (10 min.) Wɔ asafo mu: Mmusua a wɔwɔ mmofra nkumaa no susuw afoforo ho denam akyiri a wɔtra sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenhaw afoforo no so. Bere a wɔn mma resu no, awofo da afoforo ho a wosusuw ne su pa adi sɛ wofi asa no so kakra kɔhwɛ ma abofra no gyae su a. (Fa toto Mateo 7:12 ho.) Kristofo su nhwehwɛ sɛ wɔbɛkasa bere a nhyiam rekɔ so, ɛnhwehwɛ sɛ wɔbɛka akyi wɔ nhyiam horow ba mu anaa sɛ wobegyaa mmofra ma wɔahaw adesua no denam baabi a wɔkɔyɛ wɔn ho yiye no a wɔtaa kɔ, a wɔnkɔyɛ hwee anaa mmirika a wotutu wɔ Ahenni Asa so bere biara no so. (Ɔsɛnk. 3:1, 7: 1 Kor. 14:40) Bere a worekɔ nhoma adesua no, ɛbɛyɛ nea ɛfata sɛ wubesiesie wo ho te sɛ bere a worekɔ nhyiam horow a wɔyɛ wɔ Ahenni Asa so no. (8 min.) Wɔ asɛnka mu: Kristofo su hwehwɛ sɛ obi ahosiesie yɛ nea ɛfata bere a ɔreyɛ asɛnka adwuma no​—ne ho twa, ɔpopa ne mpaboa ho, nunu ne ti mu na ɔtow n’atade so. Adamfofa kwan so serew ankasa ne nkyia nso yɛ Kristofo su no fã. (Luka 10:5) Bere a woreka asɛm wɔ borɔn a adagyew nni so so no, ɛho hia sɛ woyɛ anifere, wuyi adamfofa su adi, worenteɛteɛm, worenyɛ katee. worennyina baabi a ɛbɛhaw afoforo a wɔretwam no. Bere a woresan akɔsra nkurɔfo no, kyerɛ ahɔhoyɛ su a woyii adi no ho anisɔ denam su pa a wubekura mu na wonyɛ ade mma ɛntra so no so.​—Fil. 1:27.

(5 min.) Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ obi kura adwempa na ofi adwene a emu tew mu yɛ ade no nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɔma ne werɛ fi Kristofo su horow. (Luka 6:31) Ɛwom sɛ ebia ebinom bɛte nka sɛ Kristofo su horow nyɛ ade titiriw de. nanso ɛho hia.​—2 Kor. 6:3-7.

Kae asafo Memeneda a ɛto so anan nsɛmma nhoma da na kae wɔn sɛ wɔmfa nhomawa Jehovah’s Witnesses in the Twentieth Century mmra Ɔsom Nhyiam dapɛn a edi hɔ.

Dwom 55 ne mpaebɔ.

DAPƐN A EFI ASE FEBRUARY 27

Dwom 99

5 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow.

25 min: “Anigye a Yɛbɛdan Akɔ Ahyehyɛde No So​—Ɔfã III.” Ɔkasa a ɔpanyin ma. Yɛ ɔyɛkyerɛ ntiantia abien a ɛkyerɛ nea wobetumi ayɛ ama osuani ahu ahyehyɛde no a wɔde nhomawa Jehovah’s Witnesses in the Twentieth Century redi dwuma. Ɔyɛkyerɛ a edi kan: Ɔkyerɛkyerɛfo a ne ho akokwaw ne osuani susuw nsɛntitiriw ho fi nhomawa no kratafa 6, na osi Yehowa Adansefo ahyehyɛde a ɛwɔ hɔ nnɛ no so dua. Kyerɛ sɛnea efi Bible asuafo kuw ketewaa bi so anyin abɛyɛ asafo ahorow mpempem pii wɔ wiase nyinaa; efi nnipa 50 a na wɔwɔ bere nyinaa som adwuma no mu wɔ 1888 mu so abedu. nea wɔn dodow boro 150,000 wɔ wiase mprempren. Fa mprempren Afe Nhoma kyerɛ osuani Yehowa Adansefo dodow a wɔwɔ hɔ nnɛ wɔ wiase nyinaa. Kyerɛ no nhoma yi atirimpɔw. Yehowa Adansefo ahyehyɛde a ɛwɔ hɔ nnɛ no adi dwuma bɛboro mfirihyia 100. Ɔyɛkyerɛ a etia abien: Ɔkyerɛkyerɛfo foforo a ne ho akokwaw ne osuani a wanya nkɔso kɛse susuw asɛm a ɛwɔ nkratafa 30 ne 31 ho, na ɔhyɛ ne ho a ɔde bɛhyɛ asɛnka adwuma mu ho nkuran. Kenkan nkyekyem ahorow a ɛho hia na munsusuw kyerɛw nsɛm ahorow ho sɛnea bere ma kwan. Yɛ nhyehyɛe ma osuani nka ɔdawurubɔfo ho wɔ afie afie dwumadi mu sɛ obi a ɔrehwɛ sɛnea wɔyɛ no. Oguamtrani de ba awiei denam hyɛ a ɔhyɛ obiara nkuran sɛ ɔmma n’ani nna hɔ sɛ ɔbɛkyerɛ nkurɔfo kwan aba Yehowa ahyehyɛde no so no so. Fa nyansahyɛ ahorow a wɔde ama wɔ Yɛn Ahenni Som abiɛsa a edi akyiri mu no di dwuma.

15 min: Nea Yɛde Bɛma wɔ March Mu. Munsusuw nkɔmmɔbɔ nsɛmti ahorow ho mfi Happiness ne Nokware Asomdwoe nhoma mu. Yɛ Dwom 119: 90 a wɔkenkan na wɔdan kɔ nhoma so ho ɔyɛkyerɛ. Bere a wakenkan kyerɛwsɛm akyi no, ebia ɔdawurubɔfo bɛka akyerɛ ofiewura sɛ: “Ebia woresusuw ho sɛ, ‘Nanso so Bible no nhyɛ wiase no awiei ho nkɔm?’ [Twɛn kakra.] Ampa Bible no yɛ saa. Nanso ɛsɛ sɛ yehu nsonsonoe a ɛda wiase a ɛba awiei no ne asase a ɛwɔ daakye a anidaso wom no ntam. Wɔakyerɛw saa nhoma, Happiness​—How to Find It, yi na aboa wo ma woahu. Hwɛ ti 15. ‘So “Wiase Awiei” Abɛn Anaa?’ Ma menkenkan nkyekyem 4 nkyerɛ wo [anaa, sɛ ɛfata a, ma ofiewura nkenkan nkyekyem 4 no nyinaa wɔ kratafa 141. Ɛno akyi no, wubetumi atoa so] . . . Migye di sɛ wobɛpɛ sɛ wokenkan nhoma no. Ɛkyerɛ sɛnea wubetumi atwa wiase sɛe no akɔ asase foforo a trenee te mu no so. Wubetumi afa nea ekura wo yi, ne bo yɛ ¢5.” Sɛ Nokware Asomdwoe nhoma no na wode rema a, wubetumi de ti 4 nkyekyem 5 adi dwuma wɔ ɔkwan koro no ara so. Eyi yɛ nyansahyɛ ara kwa. Nsɛmti ahorow pii wɔ nhoma no mu a wubetumi apaw de ama ofiewura no ani agye, a egyina nea ohia so. Siesie pii na woatumi adannan wo nsɛm mu. Hyɛ obiara nkuran na ɔmfa ne ho nhyɛ asɛnka adwuma mu Kwasida a edi hɔ a ɛyɛ Kwasida a edi kan wɔ ɔsram mu.

Dwom 119 ne mpaebɔ.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena