Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/83 kr. 1-4
  • Anigye A Yebenya Wɔ Yehowa Nsiesiei Pii No Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Anigye A Yebenya Wɔ Yehowa Nsiesiei Pii No Mu
  • Yɛn Ahenni Som—1983
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • DƐN NA YƐBƐYƐ AFEI?
  • BO A “LIVE FOREVER” NHOMA NO SOM
  • April—Bere a Ɛsɛ sɛ ‘Yɛyere Yɛn Ho Yɛ Adwumaden’
    Yɛn Ahenni Som—2001
  • Ahenni Ɔsɛmpɔw No Akyi A Wogyina Wɔ Wiase Nyinaa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • So Yebetumi Ayɛ Pii Wɔ April 2000 Ɔsram no Mu?
    Yɛn Ahenni Som—2000
  • Teokrase Nsɛmmansɛmma
    Yɛn Ahenni Som—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1983
km 2/83 kr. 1-4

Anigye A Yebenya Wɔ Yehowa Nsiesiei Pii No Mu

1 “Momma mo ani nnye Awurade mu daa! Meka no bio sɛ: Momma mo ani nnye!” (Fil. 4:4) Yehowa Adansefo redi ahurusi ampa, esiane nsiesiei pii a yɛn nsa aka wɔ afe a atwam no mu no nti. Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa ahyira yɛn pii.​—Mmeb. 10:22.

2 Susuw nsiesiei ahorow a yebetumi ada ho ase no bi ho. Asafo mu mpanyimfo a wɔboro 8,000 nyaa nkyerɛkyerɛ foforo bio wɔ Ahenni Som Sukuu no mu na yɛn daa akwampaefo bɛyɛ 500 tumi kɔɔ Akwampaefo Ɔsom Sukuu no wɔ afe no mu. Yenyaa hokwan tiee ɔkasa titiriw, “Aduru Koro Pɛ a Ɛwɔ Hɔ Ma Adesamma a Wɔyare” no, na yenyaa anigye sɛ yenyaa nnipa a wɔn dodow boro 76,000 ma wohyiaam wɔ Kristo wu Nkaedi no ase April mu. Afei nso, wɔayɛ nsiesiei fɛfɛ ma wɔde aboa nnipa pii a wɔagyae asɛnka wɔ mfe no mu no. Nanso, akyinnye biara nni ho sɛ, nneɛma atitiriw wɔ afe no mu no biako ne “Ahenni Nokware” Ɔmantam Nhyiam no ne emu honhom mu afotu pa ne nhoma ahorow a woyii adi no. Na anigye bɛn ara na ɛyɛ sɛ yehuu nnipa a wɔn dodow yɛ 66,175 sɛ wɔkɔɔ nhyiam ahorow akron no, na wɔbɔɔ wɔn a wɔahyira wɔn ho so foforo 895 asu! Yiw, ampa, Yehowa ahyira ne nkurɔfo.

DƐN NA YƐBƐYƐ AFEI?

3 Bere a yɛn nyinaa bu kɔmpɔ hwɛ nsiesiei pii a yɛn nsa aka no, eye sɛ yebisa yɛn ho sɛ: ‘Dɛn na yɛbɛyɛ afei?’ Yɛbɛbom apere denneennen wɔ yɛn tirim a yɛabɔ sɛ yɛbɛsom Yehowa nokwaredi mu no mu. Yɛbɛbɔ mmɔden sɛ yɛde nneɛma a yɛasua no bedi dwuma na yɛde nsɛm ne nhoma ahorow a ɛsom bo a yɛn nsa kae wɔ ɔmantam nhyiam no ase no nso adi dwuma yiye.

BO A “LIVE FOREVER” NHOMA NO SOM

4 Bere a yɛkaakae no, yehu sɛ, You Can Live Forever in Paradise on Earth nhoma no a woyii no adi no yɛ “Ahenni Nokware” Ɔmantam Nhyiam no ase nneɛma atitiriw no biako. Yɛn ani gyei bere a yɛn nsa kae no. Nokwarem, wɔ nhyiam no bi ase no, woyii adi a ade kyee no, na nea wɔde kɔɔ hɔ no nyinaa asa. Ebedu nnɛ de adawurubɔfo pii akenkan awie dedaw. Yɛanya bi bio. Enti, dɛn na yɛde nhoma yi a wɔhwɛ kwan sɛ “ɛbɛka Ahenni asɛnka adwuma no akɔ akyiri wɔ wiase nyinaa” no rebɛyɛ?

5 Yɛbɛpɛ sɛ yefi anigye mu de ma wɔ February ne April mu. Nneɛma ahorow pii wom a wubetumi aka ho asɛm. Ti 1 ka nhyira kɛse a efi Onyankopɔn nkyɛn a abɛn pɛɛ ho asɛm a mfonini ahorow fɛfɛ a ɛfata a wɔde kyerɛkyerɛ mu ka ho. Nnipa koma pafo pii suro nneɛma ahorow a ɛrekɔ so wɔ wiase no na wɔhwehwɛ ano aduru. Onyankopɔn ahenni no ne ano aduru koro pɛ na ɛnam saa ahenni yi so na wɔde nhyira bɛbrɛ adesamma. (Mat. 6:10; Dan. 2:44) Nhoma no ti 13 ne 16 ka eyi ho asɛm. Ti 29 ka nneɛma ahorow a ɛde abusua asetra a ɛyɛ anigye ba ho asɛm na ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea mmusua horow pii ani gye ho wɔ yɛn asasesin mu.

6 So wɔka sɛ Onyankopɔn na ɔyɛɛ Satan Ɔbonsam, ne dɛn ntia? Ɛnde wɔn ani begye nhoma no ti 2 ho, titiriw nkyekyem 7 kosi 12. Wubetumi aka ti 3, 22 ne 23 ho asɛm de akyerɛ nkurɔfo sɛ, wɔn som fa ho ankasa, ne sɛ ehia sɛ wohu nokware som no na wɔne Onyankopɔn ahyehyɛde no bom som No. Na hwɛ sɛnea ti dunum kanyan anigye, ‘Onyankopɔn Nniso no Akoa a Wobɛyɛ’! Ampa, nneɛma pa pii a nnipa no hia ayɛ nhoma foforo yi mu ma a ɛnsɛ sɛ ne ma yɛ wo den koraa. Nanso, afei yɛ eyi:

7 Hwɛ sɛ wobɛsan akɔsra wɔn a wɔkyerɛ anigye ne wɔn a womaa wɔn bi nyinaa, a atirimpɔw no ne sɛ wubefi ofie Bible adesua ase. Ebia wubetumi de ti koro no ara a ɛkanyan anigye mfiase no adi dwuma de afi adesua no ase. Sɛ wusiesie wo ho yiye na wohwehwɛ Yehowa akwankyerɛ a, obehyira mmɔden ahorow ankasa a wobɔ no so na ebia ɛrenkyɛ na woayɛ ofie Bible adesua foforo wɔ Live Forever nhoma no mu.

8 Ebia wobɛkae sɛ wɔ “Ahenni Nokware” Ɔmantam Nhyiam no ase no, wɔkae sɛ wɔ mfirihyia 14 a yɛde Nokware nhoma no yɛɛ ofie Bible adesua ahorow no mu no, wɔde adawurubɔfo a wɔn dodow boro ɔpepem biako bɛkaa yɛn ho. Dodow a wɔbɛba abɛka yɛn ho bere a yɛde Live Forever nhoma foforo no di dwuma no de, yennim. Na yennim bere dodow nso a ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ara yɛ adwuma a wɔde ahyɛ yɛn nsa nnɛ sɛ yɛnkyerɛkyerɛ nnipa a wɔte sɛ nguanten no na yɛmmoa wɔn mma wɔmmɛyɛ Onyankopɔn nniso no nkoa no. Nea yenim ne sɛ nnipa ɔpepepem pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔboa wɔn. Enti, momma yɛmfa Yehowa nsiesiei pii no nni dwuma, a Live Forever nhoma foforo no ka ho, mfa mma anoboaboa adwuma no nkɔ so ntɛmntɛm. Bere a yɛreyɛ saa no, yebetumi aka no nokwarem sɛ, ‘Momma mo ani nnye Awurade mu daa!’

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena