Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
DAPƐN A EFI ASE JANUARY 8
Dwom 18
10 min: Nnianim. Yɛn Ahenni Som mu nkaebɔ ahorow ne asafo mu de. Kyerɛ nsɛmma nhoma a wɔde ma wɔ anibu 30 kosi 60 mu ho ɔkasa a wɔasiesie no yiye ahorow a adawurubɔfo betumi de ɛno ne nsɛmma nhoma a aba foforo adi dwuma Memeneda a ɛto so abien a ɛyɛ nsɛmma nhoma da, na yɛ ho ɔyɛkyerɛ. Hyɛ afie afie ne borɔn so adansedi ho nkuran. Sɛ ɛfata a, kyerɛ asasesin a wobetumi ayɛ borɔn so adansedi wom.
15 min: “Yɛn Bere a Yɛde Bedi Dwuma Nyansam.” Nsemmisa ne mmuae a wɔde bɔ asɛm ho nkɔmmɔ.
20 min: Ɔpanyin ma ɔkasa a wasiesie no yiye wɔ Our Ministry nhoma no ti 5, efi kratafa 28 kosi asɛmti ketewa a ɛwɔ kratafa 41 so. Si Kyerɛwsɛm mu nneɛma a wɔhwehwɛ wɔ wɔn a wɔpaw wɔn sɛ ahwɛfo wɔ asafo mu ho no so dua.
Dwom 89 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE JANUARY 15
Dwom 116
10 min: ‘Nnianim ne asafo mu nkaebɔ. Kae adawurubɔfo asɛnka nhyehyɛe ma dapɛn awiei a borɔn so adansedi ne afie afie nsɛmma nhoma dwumadi ne afei afie afie asɛnka adwuma a wɔde mprempren Nkɔmmɔbɔ Asɛmti redi dwuma ka ho a wɔde New World Translation Bible ne nhomawa rema. Afei nso nkaebɔ tiawa sɛ hokwan wɔ hɔ February, March ne April mu ma akwampaefo boafo adwuma. Akwammisa nkrataa wɔ hɔ.
15 min: “Ɔkwan a Yɛfa So Kyerɛkyerɛ a Yɛbɛma Anya Nkɔso.” Nsemmisa ne mmuae. Ma onua a ne ho akokwaw nkenkan nkyekyem ahorow no na ma wɔnkenkan kyerɛw nsɛm a emu nsɛm nni mu no sɛnea bere ma kwan.
20 min: “Ɔdan Anobue a Ɛyɛ Nwonwa.” (Engiresi Ɔwɛn-Aban August 1, 1983, kratafa 28) Australiafo Betel foforo a wosii ne anobue ho nkɔmmɔ a mmusua horow abien anaa mpanyimfo, asafo mu asomfo, anuanom mmea ne mmofra kuw bɔ. Ɔpanyin anaa abusua biako betumi de asɛm no aba sɛ obi a na ɔwɔ hɔ a ɔrebɔ amanneɛ a afoforo rebisabisa no nsɛm bere a amanneɛbɔ no da nsɛntitiriw adi no (simma 8) . Wɔ bere a aka no mu no oguamtrani bedi kuw anim ma wɔde asɛm no atoto Betel foforo a wɔresi wɔ Nungua, Ghana, no ho. (Hwɛ “Ɛrekɔ So Dɛn?,” Yɛn Ahenni Som, September 1983, kratafa 4.) Fa Australia adwuma no toto Ghana de no ho. ‘Ɔkwan bɛn so na yebetumi aboa adwuma no sɛnea Australia anuanom yɛe wɔ wɔn ho a wɔde mae de yɛɛ adwuma, ne sika ne nneɛma a wɔde boae no mu? (Hwɛ asɛmti ketewa: “The Challenge of Distance,” Engiresi Ɔwɛn-Aban, August 1, 1983, nkratafa 29, 30.) Kyerɛ sɛnea adawurubɔfo a wɔwɔ asafo mu betumi adi Australia anuanom nhwɛso fɛfɛ no akyi. Yehia adwumfo, titiriw dua adwumfo, abantofo ne wɔn a wɔfrɛ wɔn borɔfo mu steel benders mprempren wɔ Nungua. Adwuma no hia adwumayɛfo 300 a wɔbɛyɛ adwuma daa. Nanso mprempren 70 pɛ na wɔwɔ hɔ. So wubetumi akɔ Nungua akɔboa? Sɛ saa a, gye ɛho Asemmisa krataa fi mo ɔhwɛfo guamtrani no hɔ na hyehyɛ fa mana na twɛn ma wɔnto nsa mfrɛ wo. Wɔ n’awiei mu no, ɛsɛ sɛ oguamtrani bɔ amanneɛ sɛ Asafo ti no ani begye sɛ ne nsa bɛka bosea a mfɛntom biara nni ho a efi ¢500.00 rekɔ ma wɔde asi Betel foforo no wɔ Nungua. Ɛsɛ sɛ wɔn a wobetumi abɔ Asafo ti no bosea biara a ɛmma fam nsen ¢500 a mfɛntom nni ho no kyerɛw Watch Tower Society, Box 760, Accra, ntɛm ara na wɔanya nkyerɛkyerɛmu pii.
Dwom 99 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE JANUARY 22
Dwom 50
10 min: Nnianim. Asafo mu nkaebɔ ne sika nkontaabu.
20 min: “So Wode Nhoma Foforo no Redi Dwuma?” Ɔkasa ne afoforo a wobisabisa wɔn nsɛm. Ɔpanyin a ɔbɔ mmɔden de emu nsɛm ma wɔ ɔkasa a wɔasiesie no yiye mu na ɔkyerɛ nhoma no afã horow a esi asɛm no mu nsɛm so dua. Afei bisabisa adawurubɔfo 2 anaa 3 a wɔn ani agye nhoma foforo yi ho na wɔde redi dwuma yiye nsɛm. Ɛnsɛ sɛ nsɛm no yɛ nea ɛkyerɛ anisɔ ankasa nko, na mmom ɛsɛ sɛ ɛde nyansahyɛ horow a eye nso ma wɔ sɛnea obi ankasa betumi de nhoma foforo no adi dwuma, sɛnea wɔne osuani a wanya nkɔso de bɛyɛ Bible adesua, ne abusua mufo nkumaa a wɔde bɛboa wɔn ho.
15 min: Asafo asɛnka akontaabu. Ɛsɛ sɛ ɔsom adwuma sohwɛfo di ɔfã yi ho dwuma. Kamfo anuanom kɛse wɔ nea wɔayɛ wɔ asɛnka mu no ho. Wubetumi de dodow nkabom ne emu nkyekyem ahorow bi ama afi December akontaabu ne 1983 ɔsom afe no nyinaa de no mu. Twe adwene si nkɔso anaa nkɔanim a woahu so. Dodow a wɔyɛɛ akwampaefo aboafo wɔ afe no mu ne nkɔanim bi a aba wɔ nhyiam ba mu betumi ahyɛ nkuran. Ɛsɛ sɛ anuanom susuw mmeae horow a ehia nkɔso ho anibere so. Ebia wɔbɛpɛ sɛ wɔde eyinom ka wɔn botae horow ma 1984 ɔsom afe no ho. (Sɛ wuhu sɛ ɛfata a, fa ɔdawurubɔfo biara Adawurubɔfo Kyerɛwtohɔ kratasin ma no bere a merebefi dwumadi yi ase.) Fa nyansahyɛ horow a eye a ɛfa dapɛn awiei asɛnka ho wie. Memeneda a ɛto so anan a ɛreba yɛ nea wɔde yɛ nsɛmma nhoma adwuma. Hyɛ nsɛmma nhoma a wɔde bedi dwuma wɔ afie afie, borɔn so adansedi ne afei bɔnnɔ so adansedi mu ho nkuran. Afei nso Live Forever nhoma a yɛde bɛyɛ adwuma befi ase ɔsram a ɛreba no. Siesie wo ho sɛ wo ne anigyefo befi adesua ase. Obiara a onnya nkɔɔ asɛnka ɔsram yi nhwɛ sɛ ɔbɛyɛ nhyehyɛe a ɛho hia mprempren. Wɔn a wohia mmoa nsa betumi aka bi.
Dwom 85 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE JANUARY 29
Dwom 40
8 min: Nnianim ne asafo mu nkaebɔ. Nhyehyɛe ma dapɛn awiei asɛnka adwuma Kwasida a edi kan wɔ ɔsram mu. Sɛ adawurubɔfo bi ayɛ akwampaefo aboafo wɔ February mu a, kamfo wɔn na kae afoforo sɛ hokwan da so ara wɔ hɔ sɛ wɔbɛyɛ bi. Ka nhyehyɛe biara a wɔreyɛ de aboa akwampaefo February mu ho asɛm.
20 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—A Botae no ne sɛ Yebefi Adesua Ase.” Nsemmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ. Wɔ nkyekyem 7 no, yɛ ɔyɛkyerɛ tiaa fa kyerɛ sɛnea wobetumi de Live Forever nhoma no afi adesua ase. Sɛ bere ma kwan a fa osuahu a ɛkyerɛ sɛnea awiei koraa obi a ná ɔsɔretia bɛkyerɛɛ anigye ka ho.
17 min: Dɛn Nti na Sukuu Nhomawa? Sɛ ebetumi a monyɛ nhyehyɛe mma ɔpanyin a ɔwɔ mma a wɔyɛ nhwɛso a wɔwɔ ntoaso sukuu nni ɔfã yi ho dwuma.
(5 min.) Nnianim. Wɔdaa anigye kɛse adi bere a woyii School nhomawa no adi da a ɛto so abien wɔ nnansa yi “Ahenni Biakoyɛ”Ɔmantam Nhyiam no ase no. Biribi a na awofo ne sukuu mmofra rehwehwɛ. Wɔasiesie ma adi awofo, mmofra ne akyerɛkyerɛfo ahiade ahorow pɔtee ho dwuma wɔ tebea horow a Yehowa Adansefo nkutoo na ɛfa wɔn ho wɔ wiase nhomasua mu mu. Kyerɛkyerɛ mu sɛ ɛwom sɛ nhomawa no yɛ nea wɔde rema akyerɛkyerɛfo de, nanso ɛbɛboa Yehowa Adansefo nso ma wɔahu sɛnea wɔbɛyɛ wɔn ade wɔ sukuu mu dwumadi ahorow ho. Ebesiesie awofo ne sukuu mmofra yiye ma wɔne sukuu akyerɛkyerɛfo anya nsusuwho pa bere a nsɛnnennen sɔre a ɛfa Yehowa Adansefo gyinabea wɔ wiase nhomasua ho no. Enti ɛho hia titiriw sɛ Adansefo nyinaa hu nsɛm a ɛwɔ nhomawa no mu a ɛfa sukuu dwumadi horow ho no. Saa kwan yi so no yɛn nyinaa betumi ayɛ biako wɔ yɛn som mu, efisɛ ɛkã yɛn mmofra a wɔwɔ sukuu no.
(10 min.) Nsemmisa ne mmuae a wɔde susuw “Nea Enti a Wɔyɛɛ Nhomawa Yi” a ɛwɔ nhomawa no kratafa 8 ho. Ma onua a ne ho akokwaw nkenkan nkyekyem biara ansa na moasusuw ho.
(2 min.) Awiei. Nkuranhyɛ tiaa ma awofo ne Adansefo a wɔkɔ sukuu sɛ wɔmfa School nhomawa no nni dwuma kɛse.
Dwom 8 ne mpaebɔ a wɔde wie.