Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
DAPƐN A EFI ASE MARCH 4
Dwom 63
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Twe adwene si nkaebɔ a ɛwɔ teokrase kalenda so ma March 10 no so.
20 min: “Ma Yehowa Ayeyi Nyɛ Kɛse wɔ March Mu.” Ɔkasa a atiefo nya mu kyɛfa. Ɛdefa nkyekyem 4 ho no. bisa ɔdawurubɔfo a wafi adesua ase wɔ Wubetumi Atra Ase Daa nhoma mu nsɛm. Si nea enti a ɛyɛ mmerɛw sɛ wobɛyɛ adesua wɔ nhoma yi mu so dua.
20 min: “‘Wobɛkan Wo Nna’ Dɛn wɔ April Mu?” Nsemmisa ne mmuae a wɔde di ho dwuma. Kyerɛ nnipa dodow a wɔyɛɛ akwampaefo aboafo April a etwaam no mu wɔ asafo mu ne dodow a wɔabisa ho kwan sɛ wɔbɛyɛ bi ɔsram yi ne April a ɛreba no. Bɔ asafo amanneɛ wɔ asɛnka nhyiam foforo anaa nhyehyɛe a wɔayɛ ma aboa akwampaefo aboafo ho. Ma kuw bi a wɔyɛɛ akwampaefo aboafo bere bi a atwam nkyerɛ nea wɔyɛe ma woduu botae no ho ne honhom mu mfaso horow a wonyae.
Dwom 72 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE MARCH 11
Dwom 62
10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu de. Fa sika akontaabu ho amanneɛbɔ ka ho. Kae wɔn ma wɔmfa Our Ministry nhoma mmra Ɔsom Nhyiam dapɛn a edi hɔ.
20 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Wubetumi Atra Ase Daa Nhoma no So.” Asemmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ. Ma atiefo nkyerɛ nsɛm a wɔka bere a wɔredan akɔ nhoma no so. Di kan yɛ bi ho nhyehyɛe. Ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ tiaa a wɔasiesie no yiye a ɛkyerɛ sɛnea wɔdan kɔ nhoma so. Hyɛ wɔn nkuran ma wɔnkɔ so mfa Wubetumi Atra Ase Daa nhoma nni dwuma wɔ afie afie adwuma ne afei Bible adesua yɛ mu ɔsram yi.
15 min: Mo ankasa monyɛ ho nhyehyɛe.
Dwom 66 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE MARCH 18
Dwom 49
5 min: Asafo mu nkaebɔ. Kae atiefo ma wɔmfa School nhomawa mmra Ɔsom Nhyiam dapɛn a edi hɔ. Twe adwene si asɛm a ɛwɔ teokrase kalenda so ma March 24 so.
20 min: Our Ministry nhoma mu nkɔmmɔbɔ, nkratafa 55-59. Ɛsɛ sɛ eyi yɛ mpanyimfo baanu anaa baasa ntam nkɔmmɔbɔ. Wɔ nneɛma a wɔhwehwɛ wɔ asafo mu asomfo ho asɛm a wobɛka akyi no, kyerɛ wɔn a wɔyɛ asomfo wɔ mo asafo no mu ne asɛyɛde ahorow a ɛhyɛ wɔn nsa. Ma wonnya anisɔ mma honhom mu mmarima yi na hyɛ mmarima afoforo nkuran ma wonnu asɛyɛde a ɛte sɛɛ ho wɔ asafo mu.—1 Tim. 3:13.
10 min: “Nkaedi Nhyehyɛe Horow.” Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔnhyɛ da mmɔ mmɔden nto nsa mfrɛ abusuafo ne anigyefo mmra Nkaedi ase. Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa siesie yɛn ho ma adwumayɛ kɛse wɔ April mu. Ka “Nkaedi Nhyehyɛe Horow” ho asɛm.
10 min: Fa nhyiam bra awiei denam asafo mu osuahu ahorow a ɛfa Wubetumi Atra Ase Daa nhoma a yɛde rema February ne March mu ho so. Tie nea wɔn a wɔreyɛ akwampaefo boafo adwuma ɔsram yi nso wɔ ka. Ma wɔnka sɛnea wɔrekɔ so wɔ adwuma no mu, sɛnea wɔredu nnɔnhwerew dodow a wɔhwehwɛ no ho, osuahu biara a ɛyɛ anigye, ne ade nkyerɛ. Hyɛ afoforo nkuran ma wɔnyɛ akwampae adwuma wɔ April mu.
Dwom 111 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE MARCH 25
Dwom 77
5 min: Asafo mu nkaebɔ. Twe adwene si nkaebɔ a ɛwɔ teokrase kalenda so ma April 1 so. Hyɛ atiefo nkuran ma wɔmfa Our Ministry nhoma mmra Ɔsom Nhyiam dapɛn a edi hɔ.
28 min: Dɛn Ne Wo Botae wɔ Asetra Mu? Ɔfã yi yɛ nea ɛfa nsɛm abien a edi kan wɔ School nhomawa mu ho, a ɛne “Yɛn Atirimpɔw wɔ Asetra Mu” ne “Yɛn Adwene wɔ Daakye Ho.” nkratafa 4-7.Wɔde nsemmisa ne mmuae di ho dwuma, a nsemmisa no yɛ nea wɔdan kɔ mmofra a wɔkɔ sukuu no so titiriw. Fa nsemmisa a wɔde hu obi adwene di dwuma na hu nea mmofra no susuw ankasa. Monhwɛ kyerɛw nsɛm a emu nsɛm nni nhomawa mu. Ma aberante a ne ho akokwaw nkenkan nkyekyem ahorow a woapaw sɛnea bere ma kwan.
12 min: “Mma ɔkasa Titiriw no Mpa Wo Ti So.” Nsemmisa ne mmuae. Ma wɔmfa anigye nhwɛ ɔkasa titiriw no kwan. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔmmɔ ɔkasa titiriw no ho dawuru nkyerɛ.
Dwom 73 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE APRIL 1
Dwom 19
10 min: Asafo mu nkaebɔ ne “Nkaedi Bible Akenkan.” Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wonni nhyehyɛe a wɔahyɛ ho nyansa no akyi.
20 min: Our Ministry nhoma mu asɛm, kratafa 60 kosi asɛmti ketewa a ɛwɔ kratafa 65 so. Wo ne atiefo nsusuw nkyekyem abien a edi kan ho. Ɛsɛ sɛ wodi asɛm a ɛwɔ asɛmti ketewa a ɛne, “Ahenni Asa” ase no ho dwuma sɛ ɔkasa. Wo ne atiefo nsusuw asɛm a ɛwɔ asɛmti ketewa a ɛne “Asafo Nhyiam Horow” ase no ho, na ma wonnya anisɔ mma Yehowa nsiesiei.
15 min: Nea yɛde bɛma wɔ April mu. Yɛde Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm bɛma wɔ afie afie April mu. Munsusuw Nkɔmmɔbɔ Asɛmti ne sɛnea wɔdan kɔ nhoma so wɔ ɔkwan a etu mpɔn so ho tiaa. Kyerɛ nhyehyɛe a wɔayɛ a wɔde bɛboa akwampaefo aboafo April mu, te sɛ asɛnka nhyiam foforo, ne ade. Bɔ asafo amanneɛ wɔ nnipa dodow a wɔayɛ akwampaefo aboafo wɔ April mu no. Ma wonhu sɛ ɛnkaa akyi dodo sɛ afoforo bɛyɛ bi April yi mu. Gye akwammisa krataa wɔ nhyiam akyi.
Dwom 99 ne mpaebɔ a wɔde wie.