‘Wobɛkan Wo Nna’ Dɛn Wɔ April Mu?
1 Nkwa nna a ne tenten yɛ mfirihyia 70 ma wonya nnafua a ɛboro 25,500 ho anidaso. Sɛ woyɛ abofra a, ebia eyi bɛyɛ nna a ɛdɔɔso pii, nanso hwɛ sɛnea etwam ntɛmso! (Dw. 90:10) Eyi mpo nyɛ nea wɔasi so dua sɛ ɔkwan biara so yebenya wɔ nhyehyɛe yi mu, efisɛ ‘yennim nea yɛn nkwa bɛyɛ ɔkyena.’ (Yak. 4:13-15) Esiane sɛ yɛn nna yɛ kakraa bi, na wiase yi bere rekɔ n’awiei nti, hwɛ fata ara a Mose mpaebɔ no fata: “Ma yenhu yɛn nna kan sɛ ɛte, na yɛanya nyansa koma.” (Dw. 90:12) So wohwehwɛ Yehowa mmoa wɔ nea ɛsen biara a wobɛyɛ da biara wɔ w’asetra mu no mu? Yiw, yɛpɛ sɛ yɛkan, anaasɛ yebu yɛn nna ho akontaa yiye sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛhyɛ Yehowa anuonyam na ɛho aba yɛn mfɛfo nnipa mfaso.
2 Sɛ yɛasɛe bere wɔ bere a atwam no mu a, yɛn nsa rentumi nka bio. Nanso yebetumi ayɛ biribi wɔ yɛn daakye ho, sɛ yedi kan yɛ ho nhyehyɛe a. Nnafua a ɛsom bo aduasa da yɛn anim wɔ April mu. Mprempren ne bere a ɛsɛ sɛ yesusuw sɛnea yebetumi de nna yi adi dwuma yiye ho. Bisa wo ho sɛ: So eyi bɛyɛ nna pa ama me? So mede bedi dwuma nyansam? Dɛn na metumi ayɛ? So mɛyɛ afoforo papa a ɛho bɛba wɔn mfaso daa? “Yehowa Nyankopɔn ani bɛsɔ sɛnea mede nna yi di dwuma no?
DƐN NA ƐBƐBA APRIL YI?
3 Yehowa nkurɔfo pii ahu sɛ April yɛ ɔsram a eye a wɔde yɛ akwampaefo boafo adwuma. Ebinom nya akwamma wɔ wɔn honam fam adwuma ne sukuu mu esiane wiase ahomegye nna no nti. So wokae akwampaefo aboafo dodow a yenyae wɔ April 1983 mu? Bere a na yɛrehwɛ saa April a etwaam no mu dwumadi kwan no, Yɛn Ahenni Som, March 1983 de no kae sɛ: “Yehowa Nyankopɔn ho adanse kɛse bɛn ara na yebedi afe yi, sɛ anyɛ yiye koraa no ɔha biara mu 10, a ɛyɛ bɛyɛ 2,300 yɛ akwampaefo aboafo April mu a.” Dɛn na ɛbae? Yɛantumi annya ɔha biara mu du de, nanso so yɛn ani annye sɛ yehui sɛ 21,825 a wobuu akontaa no mu bɛyɛ ɔha biara mu akron, a ɛyɛ 1,876, yɛɛ akwampaefo boafo adwuma? Yehowa ɔfrɛ ho nnyeso kɛse bɛn ara ni! Nanso dɛn na ɛbɛba wɔ April 1984 mu?
4 So mubetumi de ayɛ mo botae sɛ mobɛyɛ akwampae adwuma sɛ abusua April mu? Dɛn nti na monka ho asɛm na momma ɛnyɛ asɛm a mobom bɔ ho mpae srɛ Yehowa? Yɛwɔ gyidi sɛ mobɛba abehu sɛ ne nhyira horow no sen mmɔdenbɔ ne nneɛma horow a mode bɔɔ afɔre no. Afe biako bi mu wɔ April mu no, abusua mũ nyinaa bi sii gyinae sɛ wɔbɛyɛ akwampae adwuma. Ná ɛna no yɛ daa ɔkwampaefo dedaw. Ná agya no wɔ adwuma a ɔde ne bere nyinaa yɛ, na na ɔyɛ ɔpanyin nso. Nanso, ohuu sɛnea obetumi ahyehyɛ ne bere anwummere ne adapɛn awiei na wayɛ akwampaefo boafo. Wɔn mma baasa no nyaa akwamma wɔ April adapɛn abien a edi kan no mu. Adapɛn abien a etwa to no mu no wɔkaa wɔn awofo ho wɔ asɛnka mu bere a wɔapɔn sukuu ne adapɛn awiei. Dɛn na efii mu bae? Wɔbɔ amanneɛ sɛ: “Sɛ abusua no wɔ botae biako—a ɛne sɛ wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛboa nnipa pii sɛnea wobetumi wɔ bere a wɔayi asi hɔ mu a—ɛka wɔn nyinaa bom wɔ biakoyɛ mu kɛse.” Bio nso mmofra no mu baanu ani gyei sɛ wotumi fii Bible adesua ase, na sɛ́ abusua no, wɔde nnɔnhwerew 351 yɛɛ Yehowa adwuma!
5 Sɛ́ asafo no, dɛn na ɛbɛyɛ mo botae ma April? So mo asafo no betumi anya akwampaefo aboafo a wɔn dodow boro afe a etwaam de no so? Ɛte sɛ nea nnɔnhwerew 60 yɛ nea adawurubɔfo pii betumi anya, sɛ wɔn nyinaa bom yɛ adwuma na wonya Yehowa Nyankopɔn mu gyidi sɛ ɔbɛma wɔn “tumi a ɛboro so” a. (2 Kor. 4:7) Asafo ketewa biako a adawurubɔfo 29 na wɔwom ani gyei sɛ wonyaa akwampaefo aboafo 12. Ná ɛnyɛ ade a ɛyɛ mmerɛw ma wɔn mu pii. Ná ebinom wɔ asɛyɛde afoforo sɛ mpanyimfo anaa asafo mu asomfo. Ná anuanom mmea no mu pii wɔ kununom a wonnye nni ne mma nkumaa. Ná wɔn mu biako yɛ ɔdawurubɔfo nokwafo a wadi mfirihyia 70 a onni ahoɔden papa. Bere a ɔsram no baa awiei no, so wonyaa wɔn gyidi no ho akatua? Wɔn nyinaa nyaa nnɔnhwerew 60 a wɔrehwehwɛ no, na sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a kuw no muni biara nyaa nnɔnhwerew 12. Wɔyɛɛ wɔn asasesin no nyinaa mu adwuma, a wɔn a wɔnto wɔn wɔ fie no ka ho, na ɛkanyan adawurubɔfo afoforo a wɔantumi anyɛ akwampae adwuma no mu pii ma wɔyɛɛ adwuma kɛse. Ɔhwɛfo guamtrani no kae sɛ: “Eyi aka asafo no abɛn Yehowa ne wɔn ho wɔn ho kɛse.”
6 Yɛkamfo kyerɛ sɛ mpanyimfo kuw no nyɛ nhyiam titiriw bi wɔ March mu mfa nsusuw nea wobetumi ayɛ de ahyɛ akwampaefo boafo adwuma ho nkuran April mu na wɔaboa ne yɛ nso ho. Asafo ahorow binom yɛ asɛnka nhyiam ho nhyehyɛe foforo wɔ asram a wɔyɛ adwuma titiriw wom yi mu. Sɛ nhwɛso no, wɔ anɔpa asɛnka nhyiam horow akyi no, wɔyɛ awia nhyiam nso ho nhyehyɛe wɔ 3:00 ma sukuufo, ne afei biako bio wɔ bɛyɛ 5:00 p.m. ma wɔn a wɔyɛ honam fam adwuma. Afei nso, ebia ɛho behia sɛ wɔma ani ba asasesin ne nhoma a akwampaefo no behia so kɛse.
YEHOWA MA YEHU
7 Yehowa Nyankopɔn ma yehu sɛnea yɛbɛkan yɛn nna denam ne nhwɛso wɔ bere a ɔde di dwuma yiye mu no so. Adwuma pa a ɛho ba n’abɔde mfaso ayɛ n’asetra ma. (Yoh. 5:17) Sua a wubesuasua no betumi ama da biara a ɛwɔ April mu ayɛ nea eye ma wo ne wɔn a wotie wo. (1 Tim. 4:16) Ma ɛnyɛ nna a ɛyɛ anigye, na Yehowa mfa nna pii a enni ano nka wo nkwa nna ho.