Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
DAPƐN A EFI ASE JANUARY 6
Dwom 27
7 min: Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ. Bio nso asafo mu nkaebɔ. Ti mo asafo no nhyehyɛe ma dapɛn mu ne dapɛn awiei asɛnka mu na hyɛ adawurubɔfo nkuran sɛ wɔmfa wɔn ho nhyem.
20 min: “Monkɔ So Nka Onyankopɔn Asɛm no a Munsuro.” Asemmisa-ne-mmuae nkɔmmɔbɔ, ebetumi a asɛnka adwuma sohwɛfo di ho dwuma. Sɛ mususuw nkyekyem 6 ho a, fa dodow a wɔyɛ asɛnka adwuma bere nyinaa wɔ mo asafo mu tõa mu, na fa nyansahyɛ ahorow a ɛbɛboa adawurubɔfo na wɔakwati asɛnka a wɔnkɔ daa ma. Si hia a asɛnka adwuma ho kyerɛwtohɔ a edi mu a wɔbɛyɛ ne nkontaabu a wɔde bɛma ntɛm ara wɔ ɔsram biara awiei ho hia no so dua. Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden titiriw sɛ yɛbɛkɔ asɛnka Kwasida a edi kan ne Memeneda a ɛto so abien ne anan wɔ ɔsram biara mu no. Hyɛ ankorankoro botae a ɛne asɛnka adwuma mu kyɛfa a wobenya dapɛn biara ho nkuran.
18 min: “Yɛn Bo Ase a Yɛtɔ Esiane Nkwa Nti.” Ɔkasa a ɔpanyin ma a nsemmisa kakra a ɛfata ka ho a egyina Organized to Accomplish Our Ministry nhoma no ti 14 so.
Dwom 160 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE JANUARY 18
Dwom 72
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Fa sika akontaabu ka ho.
23 min: “Nhyira Horow a Yehowa a Wɔsom No De Ba.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde di ho dwuma. Ma atiefo nka osuahu ahorow a ɛhyɛ nkuran a wonyae wɔ 1984 ɔsom afe no mu nkyerɛ na wɔnka nea wɔn ani da so sɛ wɔbɛyɛ wɔ asram a aka wɔ 1985 ɔsom afe no mu. Wubetumi adi kan asiesie osuahu ahorow yi mu biako anaa abien. Ɛdefa nkyekyem 10 ho no, monkenkan Kyerɛwnsɛm a emu nsɛm nni hɔ no na boa obiara, abofra anaa ɔpanyin, ma onhu sɛnea obetumi aboa ɔdansi adwuma no, ɛmfa ho sɛ ne ntoboa no sua.
12 min: “Nya Teokrase Ɔsom Sukuu no Mu Mfaso Kɛse.” Ɔkasa a Sukuu sohwɛfo ma. Fa nkuranhyɛ nsɛm a ɛbɛkanyan wɔn a wɔfata nyinaa ma wɔde wɔn ho ahyem, afa wɔn dwumadi ahorow aniberesɛm, na wɔabɔ mmɔden sɛ wobenya mfaso kɛse wɔ dapɛn biara dwumadi no mu ma. Si hia a ɛho hia sɛ wobedi dapɛn biara Bible akenkan no akyi so dua. Twe adwene si Our Ministry nhoma no nkratafa 72-74 so.
Dwom 129 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE JANUARY 20
Dwom 139
15 min: Asafo mu nkaebɔ tiawa akyi no, di asafo mu ahiade ho dwuma anaa munsusuw Ɔsom Nhyiam afã bi a ɛfata a moanni ho dwuma wɔ ɔmantam nhyiam dapɛn no mu ho.
15 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Mmofra.” Wɔde asemmisa-ne-mmuae susuw ho. Bere a moasusuw nkyekyem 7 ho akyi no, kyerɛ nsɛm a ɛwɔ nsɛmma nhoma foforo a aba mu a mmofra ani begye ho titiriw. Yɛ ɔyɛkyerɛ tiaa a ɛfa abofra a wɔne no kasa wɔ afie afie som adwuma mu ho.
15 min: “So Wokae?” Asafo Nhoma Adesua sohwɛfo ne adawurubɔfo afoforo baanu ntam nkɔmmɔbɔ. Fa honhom fam aduan pii a ‘akoa nokwafo’ no de ama ho anisɔ ne nkae nsɛm a eye a ɛboa ma yenya honhom mu nkɔso ho asɛm fi ase. Afei monkɔ so na munsusuw nsɛntitiriw a wɔada no adi wɔ “So Wokae?” a ɛwɔ Watchtower mu no ho (w84, 4/75 kr. 31; 8/15-kr. 31) . Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ bere biara a Ɔwɛn-Aban mu asɛm yi bepue no wonsusuw ho yiye.
Dwom 54 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE JANUARY 21
Dwom 211
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kyerɛ nhyehyɛe a mo asafo no ayɛ ama dapɛn mu ne dapɛn awiei asɛnka adwuma. Twe adwene si afie afie adwuma titiriw wɔ February 3 mu so.
15 min: “Ɔwɛn-Aban ne Nyan! mu Mfaso Kɛse a Yebenya.” Wo ne atiefo nsusuw ho. Monkenkan nkyekyem ahorow sɛnea bere ma kwan. Hyɛ atiefo nkuran ma wonsiesie wɔn ho mma nsɛmma nhomakra wɔ February ne March mu.
20 min: “Dɛn nti na Yehowa Adansefo pow sɛ wɔde wɔn Bible adesua nhoma horow no bɛsesa nnipa a wohyia wɔn nyamesom nhoma ahorow no?” “Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” ho a wosusuw. (wTW84 6/1 kr. 30) Ma atiefo nnya mu kyɛfa bi.
Dwom 21 ne mpaebɔ a wɔde wie.