Ɔwɛn-Aban Ne Nyan! Mu Mfaso Kɛse A Yebenya
1 Ɛhwɛ wiase nsɛm ahorow a esisi a ɛma Bible nkɔmhyɛ nya mmamu. Ɛhwehwɛ nsɛm mu kɔ akyiri na ɛda nea nsɛm a esisi nnansa yi no kyerɛ ankasa adi. Ɛtwe adwene si Bible no so na ɛkyerɛ sɛnea yebetumi agyina nnɛ ɔhaw ahorow no ano nso. Nea ɛho hia titiriw no, ɛma wonya Yehowa mu gyidi sɛ nokware Nyankopɔn koro no na ɛda ne nokware ahyehyɛde a ɛwɔ asase so no adi. Ɛne Ɔwɛn-Aban ne Nyan! So worenya mu mfaso kɛse?
SƐNEA YENYA MU MFASO
2 Sɛ yɛn ankasa yɛkra bi a, ɛma yenya awerɛhyem sɛ yebenya nsɛmma nhoma a ɛba biara bi ntɛm ara bere a wɔatintim awiei no, na ɛno bɛma yɛanya kwan ahwɛ nea ɛba biara mu yiye ansa na yɛde ama wɔ asɛnka mu. Sɛ wokra Ɔwɛn-Aban ne Nyan! no nyinaa a, wɔkyekyɛ mu pɛpɛɛpɛ a wo nsa ka biako dapɛn biara na ɛma wunya honhom fam aduan wɔ bere a ɛsɛ mu na bere koro no ara mu no ɛma woyɛ nhyehyɛe a ɛkari pɛ ma n’akenkan. Mmofra nso betumi anya mu mfaso denam wɔn ankasa de a wɔakra a wobenya no so. Sɛ wonkraa bi dedaw a, susuw ho anibere so sɛ wobɛyɛ saa dapɛn yi.
3 Bere a wo nsa aka no, eyi mu biara kanyan akwanhwɛ bi. Nanso dɛn bio? So wubuebue nsɛmma nhoma no mu ara kwa a worehwɛ nsɛmti ne mfonini ahorow no, anaasɛ wotra ase na anyɛ yiye koraa no wokenkan emu nsɛm no biako anaa abien ntɛm ara na afei wuwie nea aka no nyinaa ntɛm ara sɛnea wubetumi?
4 Mpɛn pii wɔkyerɛkyerɛ ntease foforo, ɔkwan foforo a wɔfa so yɛ ade anaa ɔkwan foforo a wɔfa so di asafo mu nsɛm ahorow ho dwuma mu wɔ Ɔwɛn-Aban mu. Wotumi hu nsɛm a ɛho hia yi wɔ adesua afã no ne afei nso nea ɛnka adesua afã no ho no mu. So wohyɛ nsɛm atitiriw ne nsɛm afoforo a ɛho hia a wode bedi dwuma daakye agyirae? So wode nea ɛba no biara bi sie? Saa a wobɛyɛ no bɛma anisɔ a wowɔ ma denhyɛ nsɛm fibea a ɛne Ɔwɛn-Aban ne Nyan! no ayɛ kɛse.
NEA YƐDE BƐMA WƆ FEBRUARY NE MARCH MU
5 Sɛnea wɔde krataa abɔ asafo ahorow no amanneɛ dedaw no, wɔayi February ne March asram no asi hɔ ama 1985 nsɛmma nhoma kra ɔsatu. Sɛ yɛn ankasa gye bo soronko a nsɛmma nhoma yi som no tom na yɛanya mfaso kɛse afi n’akenkan mu a, yɛde bɛma afoforo wɔ anigye ankasa ne gyidi mu. Ɛno nkutoo ne nsɛmma nhoma ahorow a ɛkyerɛ ɔkwan a ɛkɔ nkwa mu no wɔ wiase. Yebetumi de ahotoso kɛse aka eyi. Ebia afoforo pii benya mfaso kɛse afi Ɔwɛn-Aban ne Nyan! no mu, sɛ wɔkra bi a.