Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 6/85 kr. 3
  • Ɔkyerɛkyerɛ Wɔ Sankɔhwɛyɛ Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔkyerɛkyerɛ Wɔ Sankɔhwɛyɛ Mu
  • Yɛn Ahenni Som—1985
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sankɔhwɛ Kowie Bible Adesua Mu
    Yɛn Ahenni Som—2003
  • Hwɛ Sɛ Wobɛsan Akɔ
    Yɛn Ahenni Som—1992
  • Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Sankɔhwɛ Mu
    Yɛn Ahenni Som—1987
  • Ahosiesie—Ɛma Sankɔhwɛ Tu Mpɔn
    Yɛn Ahenni Som—2008
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1985
km 6/85 kr. 3

Ɔkyerɛkyerɛ Wɔ Sankɔhwɛyɛ Mu

1 Sɛ́ yɛn Nyankopɔn, Yehowa asomfo no, adwumaden bi da yɛn anim. Wɔada adwuma yi adi pefee wɔ Mateo 28:19, 20, faako a Yesu hyɛe sɛ yɛnkyerɛkyerɛ na yɛnyɛ asuafo no. Bere a ebia yɛn mu pii hu sɛ ɔkyerɛkyerɛ yɛ adwuma a ɛyɛ den no, ɛyɛ ade a yɛpɛ sɛ yesua. (2 Tim. 4:2) Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ adwuma yi na ama yɛatumi awie yɛn som no?

2 Sɛ́ yɛbɛyɛ akyerɛkyerɛfo a wɔn ho akokwaw no gye pii sen nhoma a yɛde bɛma. Yɛn botae ne sɛ yɛbɛyɛ asuafo. Sɛnea ɛbɛboa yɛn ma yɛadu botae yi ho no, Yehowa ahyehyɛde no de nnwinnade ahorow a ɛyɛ nhoma ne asɛnka a egyina Kyerɛwsɛm so a wɔahyɛ ho nyansa ma yɛn, Sɛ obi tie yɛn anaasɛ yɛde nsɛmma nhoma anaa nhoma foforo bi ma a, ɛsɛ sɛ ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛma onigyeni no ayɛ osuani na yɛakyerɛkyerɛ no nokware no ka yɛn ma yɛsan kɔ ne nkyɛn kodi anigye a wanya no ho dwuma.

3 Wɔ June mu no, yebetumi anya hokwan ahorow a eye a ɛbɛma yɛn nkyerɛkyerɛ anya nkɔso. Wɔ mmeae horow bi no, osu a ɛtotɔ no bɛma nnipa pii atra fie. Wɔ faako a ɛte saa no, sankɔhwɛ ahorow a yɛbɛyɛ wɔ June mu no betumi ayɛ yiye. Yɛwɔ anidaso sɛ moatumi de nhoma ahorow a ekura nkratafa 384 no pii ama wɔ ɔsram a etwaam no mu wɔ nhoma abien ɔsatu titiriw no mu. Enti yɛwɔ sankɔhwɛ pii a ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛsan kɔsra wɔn a wogyee nhoma ne wɔn a wɔkyerɛɛ anigye no nyinaa na yɛma wɔn anigye no nya nkɔso.

4 Ɔkwan a eye a yɛn nhwɛsofo Yesu Kristo faa so kyerɛkyerɛe ne nsemmisa ahorow a ɔde dii dwuma no. Nsemmisa kanyan adwene no na ɛboa ofiewuranom ma wogyina nea wɔasua no so susuw nneɛma ho na wɔpɛɛpɛɛ wɔn ho mu hwɛ. Yebetumi afa ɔkwan yi so bere a yɛresan akɔsra nnipa a yɛma wɔn nsɛmma nhoma daa no. Asɛm a wobebisa ne adwene a wɔbɛtwe asi asɛm a ɛma ho mmuae so no yɛ ɔkwan pa wɔnam so kanyan onipa no akɔnnɔ wɔ nsɛmma nhoma no akenkan ho. Eyi nso ma yɛto nhyɛase ma nsrahwɛ a edi hɔ.

5 Bere a yɛasan akɔsra no no, yebetumi de yɛn nkɔmmɔbɔ no agyina kyerɛwsɛm a ɛwɔ asɛm no mu so. Hyɛ ofiewura no nkuran ma ɔnhwɛ kyerɛw nsɛm no wɔ n’ankasa Bible mu, sɛ epue wɔ nsɛmma nhoma no mu mpo a. Ɛdenam eyi a yɛbɛma ofiewura no ayɛ ne nsɛm a yebebisa no so no, yɛbɛkyerɛkyerɛ no ma wasusuw asɛm a wɔde ama no ho na n’ankasa anya ho mmuae. Eyi ma yetumi to nhyɛase pa ma Bible adesua.

6 Nsemmisa a wɔde kyerɛ adwene kwan a wɔde di dwuma yɛ ɔkwan pa a yɛbɛfa so ama yɛn adesuafo asusuw nneɛma ho. Yesu Kristo yɛɛ eyi mpɛn pii. (Mat. 22: 41-46) Nsemmisa a wɔde kyerɛ adwene kwan boa adesuafo ma wonya ntease pa bere a wɔde nokware ahorow a ɛwɔ Kyerɛwsɛm mu a wɔahu no di dwuma no.

7 Ɛdenam tĩ a yebetĩ asɛm no mu tiawa bere a yɛayɛ sankɔhwɛ anaa Bible adesua awie akyi so no, yɛbɛma nneɛma afoforo a osuani no asua no aka n’adwenem. Eyi a yɛbɛyɛ no bɛma afoforo kɔn adɔ Bible mu nokware ahorow pii.​—1 Pet. 2:2.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena