Nhyiam Horow a Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
MONHYƐ NO NSOW: Yɛn Ahenni Som no bɛyɛ Ɔsom Nhyiam ho nhyehyɛe ama dapɛn biara wɔ December ne January mu. Asafo ahorow no betumi ayɛ nsakrae ahorow a ɛho hia sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi anya kwan akɔ ɔmantam nhyiam no na afei nso wɔatumi de simma 30 ati dwumadi no mu nsɛntitiriw mu wɔ dapɛn a edi hɔ Ɔsom Nhyiam no ase. Ebia mubetumi akyɛ mu ahorow abiɛsa a ɔfã biara yɛ simma 10. Bere a oguamtrani no ada nnianim asɛm no adi awiei no, obetumi atĩ Yawda ne Fida dwumadi no mu nsɛntitiriw no mu. Onua a ɔto so abien no betĩ Memeneda dwumadi no mu na nea ɔto so abiɛsa no bɛtwe adwene asi Kwasida dwumadi no mu nsɛntitiriw so. Ɛsɛ sɛ osuahu ahorow a wɔbɛka anaasɛ nkyerɛkyerɛmu a atiefo de bɛma wɔ bere ne bere mu no yɛ tiaa a ɛyɛ nea ɛfa asɛm no ho. Ntimu a wɔasiesie no yiye bɛboa anuanom ma wɔakae nsɛntitiriw no ma wɔatumi de adi dwuma wɔ wɔn ankasa asetra mu ne asɛnka mu.
DAPƐN A EFI ASE DECEMBER 7
Dwom 6
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Ka asɛnka nhyehyɛe ma dapɛn no ho asɛm. Ka nsɛmma nhoma foforo a aba mu nsɛntitiriw nso ho asɛm. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wonnya Memeneda a etia abien nsɛmma nhoma dwumadi mu kyɛfa.
20 min: “Kɔ So Ka Onyankopɔn Ahenni ho Asɛm.” Ɔkyerɛwfo anaasɛ ɔsom adwuma sohwɛfo ne atiefo bɔ asɛm ho nkɔmmɔ. Fa anigye tĩ 1986 ɔsom afe no mu nsɛntitiriw mu. Ka nea mo asafo no atumi ayɛ wɔ asram abiɛsa a edi kan wɔ ɔsom afe foforo no mu nso ho asɛm. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔmfa botae ahorow a ɛfa asɛnka ho a wobetumi adu ho nsisi hɔ mma wɔn ho.
15 min: Asemmisa Afã. Nkɔmmɔbɔ a Asafo Ɔsom Boayikuw muni di ho dwuma. Si so dua kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ obi a wobetumi abɔ no asu no yɛ nea ɔne yɛn bɔ a wɔagye no atom, obi a wasiesie ne ho sɛ obehyira ne ho so ama Yehowa anaasɛ wayɛ saa dedaw. Ɛnsɛ sɛ obi a ɔpɛ sɛ wɔbɔ no asu no twɛn kosi bere a aka kakraa bi ma wɔayɛ nhyiam ansa na waka sɛ ɔpɛ sɛ wɔbɔ no asu.
Dwom 202 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE DECEMBER 14
Dwom 116
10 min: Asafo mu nkaebɔ ne sika akontaabu. Afei nso “Nhoma Titiriw a Yɛde Bɛma.” Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wonnya asɛnka mu kyɛfa dapɛn yi awiei.
15 min: “Boa Adawurubɔfo a Wɔyɛ Afoforofo.” Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ. Hyɛ anuanom a wɔn ho akokwaw nkuran sɛ wɔnyɛ nhyehyɛe na wɔne afoforofo nyɛ adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛboa wɔn ma wɔn asɛnka adwuma atu mpɔn kɛse.
20 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Nnapɔnna no Mu”. Nsemmisa ne mmuae. Yɛ asɛm a wɔbɛka akyerɛ a wɔahyɛ ho nyansa ho ɔyɛkyerɛ. Ka nhyehyɛe a ɛwɔ hɔ daa ma kuw adansedi ne December 25, 26 ne January 1 de nso ho asɛm. Hyɛ wɔn a wobetumi nyinaa nkuran sɛ wonnya adansedi adwuma mu kyɛfa kɛse wɔ nnapɔnna no mu.
Dwom 151 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE DECEMBER 21
Dwom 191
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu nkaebɔ a wɔapaw. Hyɛ nsɛmma nhoma dwumadi mu kyɛfa a wobenya Memeneda a ɛto so anan ho nkuran. Yɛ nsɛmma nhoma a wɔde ma ho ɔyɛkyerɛ abien a wɔasiesie no yiye a wɔde Ɔwɛn-Aban foforo a aba di dwuma wɔ biako mu ne Nyan! foforo a aba nso wɔ foforo mu.
20 min: “Mmofra, Monkɔ Mo Anim wɔ Ɔsom Adwuma no Mu.” Asemmisa-ne-mmuae nkɔmmɔbɔ a nsɛm a wobisabisa mmofra baanu anaa baasa a esi botae ahorow a wɔaka ho asɛm wɔ asɛm no mu so dua di akyi.
15 min: Asafo mu ahiade anaa ɔkasa a ɛfa Adebɔ ho Kyerɛwtohɔ ho Nokware no Mu a Yebekura ho a ɛwɔ March 8, 1983, Awake! mu, nkratafa 12-15, ne Reasoning nhoma no kratafa 88, ɔfã a ɛto so abien. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wonhu nokwasɛm ahorow a ɛwɔ Asafo no nhoma ahorow mu a ɛfa Bible nkyerɛkyerɛ a ɛfa adebɔ ho no.
Dwom 174 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE DECEMBER 23
Dwom 13
10 min: Asafo mu nkaebɔ ne “Ɛrekɔ So Dɛn?” Fa osuahu ahorow anaasɛ nsɛm a wɔkae wɔ Betel foforo a yɛresi ho mfonini a woyi kyerɛe wɔ mo asafo no mu nnansa yi no ho asɛm nso ka ho. Ntoboa ahe na mo asafo no yi de boa Betel foforo a yɛresi no? Kamfo wɔn nyinaa.—Oguamtrani di ho dwuma.
20 min: Creation Nhoma no ho Anigye a Yɛbɛkanyan. Ɔkasa ne ɔyɛkyerɛ ahorow. Yɛde Creation nhoma no pii ama wo asɛnka mu. So yɛasiesie yɛn ho sɛ yɛbɛsan akɔsra anigyefo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn anigye no ano remmrɛ ase? Ma adawurubɔfo baanu mmɔ asɛm a ɛwɔ “Adannandi” ase wɔ Reasoning nhoma no mu a efi ase wɔ kratafa 121 a wɔde bedi dwuma ho nkɔmmɔ. Hyɛ adwene abien a wɔada no adi wɔ nkratafa 126 ne 127 a biako ka adannandi a wogye di ho asɛm na foforo no nso gye wɔ a ɔbɔadeɛ wɔ hɔ no tom no nsow. Kyerɛ sɛnea wobetumi de asɛm yi adi dwuma wɔ afie afie adwuma anaasɛ sankɔhwɛ mu. Oguamtrani twe adwene si Creation nhoma no so na osi asɛm a eye a ɛnyɛ atoro a adannandi yɛ no nko na ɛkyerɛ na mmom ɛhyɛ gyidi den nso no so dua. Sɛ bere ma kwan a, adawurubɔfo baanu betumi ayɛ asɛm a ɛwɔ ti 16 anaa 17 a wɔde di dwuma de fi adesua ase ho ɔyɛkyerɛ.
15 min: Ɔkwan a Wobɛfa So Asiw Ɔwofo ne Ɔba Ntam Mpaapaemu Ano. Ɔpanyin ka sɛnea mmofra a wɔne wɔn bɛyɛ adwuma wɔ asɛnka mu ne nneɛma a ɛtete saa betumi aboa ma wɔakɔ so adi nkitaho ho asɛm. Ka asɛm a ɛwɔ December 8, 1986 Nyan! mu a ɛne “So Wubetumi Asiw Ɔwofo ne Ɔba Ntam Mpaapaemu Ano?” ho asɛm. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wonnya asɛnka mu kyɛfa Kwasida a edi kan wɔ January mu na wɔne mmofra nyɛ adwuma.
Dwom 20 ne mpaebɔ a wɔde wie.