Kɔ So Ka Onyankopɔn Ahenni Ho Nsɛm
1 “Obi a ɔde ne nsa koso fɛtɛw ade mu na ɔhwɛ n’akyi no mfata Onyankopɔn ahenni mu.” Eyi ne mmuae a Yesu de maa obi a na ɔpɛ sɛ ɔde nsɛm yiyi ne ho ano wɔ n’akyi a obedi ho no. (Luka 9:59-62) Nanso ɔkwan bɛn so na Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ agye nsa a wɔto frɛ wɔn sɛ wommedi Yesu akyi no so?
2 Yɛde adawurubɔfo 27,578 ne daa akwampaefo 2,018 na efii 1986 ɔsom afe no ase wɔ September, 1985 mu. Efi ɛno so no, yenyaa daa akwampaefo ne adawurubɔfo a ɛsen biara foforo ahorow anan na yɛde daa akwampaefo 2,584 ne adawurubɔfo 32,211 a ne nyinaa yɛ nea ɛsen biara foforo na ewiei wɔ August, 1986 mu. Saa ɔsram no, asafo mu ɔdawurubɔfo biara nyaa nnɔnhwerew 13.6 ne Bible adesua 1.1 wɔ asɛnka mu a ɛyɛ nea ɛsen biara fi April, 1974. Yɛn ani gyei nso sɛ yehui sɛ nnipa a wɔn dodow kɔ anim ara yiye de wɔn ho hyɛɛ akwampaefo boafo adwuma no mu. Sɛ wɔkyekyem a, nnipa 1,822 buu akontaa sɛ akwampaefo aboafo ɔsram biara wɔ afe no mu. Ade titiriw foforo wɔ afe no mu nso ne Nkaedi a esii March 24 a wɔ Ghana nkutoo no, nnipa 122,986 na wɔbaa ase no. Saa nkɔanim ahorow yi ma wɔtew asafo ahorow foforo 13 ne amansin foforo abien wɔ ɔsom afe no mu.
BOTAE HOROW A YEBENYA AMA DAAKYE
3 Yɛn Ahenni asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no rebɛn n’awiei ntɛmntɛm. Ɛrenkyɛ ɛbɛba n’awiei na “ɛno ansa na awiei no bɛba.” (Mat. 24:14) So yɛbɛyɛ wɔn a wɔka nnipa a wɔbɛte nka sɛ wɔwɔ anigye esiane sɛ wonim sɛ wɔyɛɛ nea wobetumi nyinaa wɔ Yehowa som mu nti no ho? (Fa toto 2 Petro 3:11, 14 ho.) Botae ahorow a yebenya a ɛfa asɛnka ho bɛboa yɛn ma yɛanya Onyankopɔn Ahenni ho asɛm a yɛka no mu kyɛfa kɛse. Sɛ́ ankorankoro no, dɛn na yebetumi ayɛ ma ayeyi afɔre a yɛbɔ ma Yehowa no anya nkɔso?—Heb. 13:15.
4 Wɔ ebinom fam no, eyi betumi akyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wonya asɛnka mu kyɛfa daa Kwasida a edi kan wɔ ɔsram biara mu. Bere a yɛadu saa botae no ho no, yebehu nso sɛ yebetumi ayɛ asɛnka ho nhyehyɛe daa wɔ mmere afoforo mu ɔsram biara. Ɛde besi nnɛ no, sɛ nnɔnhwerew kakraa bi na yetumi de yɛ ɔsom adwuma no ɔsram biara a, so yebetumi de botae bi asi hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛma bere a yɛde kɔ asɛnka no akɔ anim akodu nnɔnhwerew du anaa nea ɛboro saa? Ebetumi ayɛ nea ntease wom sɛ yɛn mu binom bɛyɛ akwampaefo aboafo anaasɛ daa akwampaefo. Susuw eyi ho.
5 Fa botae ahorow sisi hɔ ma wo ho ne w’abusua. Bɔ mmɔden sɛ wubenya Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm a yɛde rema wɔ afie afie ɔsram yi no mu kyɛfa kɛse. Ɛmmra sɛ yɛn nyinaa begye nsa a Yesu to frɛ yɛn yi so: “Di m’akyi!” Esiane sɛ yɛde ‘yɛn nsa aso fɛtɛw ade mu’ nti, ɛmmra sɛ yɛn nyinaa bɛhwɛ yɛn anim tẽẽ na yɛakɔ so ‘aka Onyankopɔn ahenni ho asɛm.’