Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
(MONHYƐ NO NSOW: Ebia akuw horow no bi betumi ayɛ Ɔsom Nhyiam no simma 45 mu. Enti yɛde nhyehyɛe no nyinaa reba. Nanso, sɛ mo kuw no betumi ayɛ simma 30 pɛ a, ɛnde ɛsɛ sɛ kuw sohwɛfo no paw anaasɛ ɔyɛ nsakrae wɔ afã ahorow a wobedi ho dwuma dapɛn no mu no mmere no mu na sɛnea ɔyɛ daa no, odi kan de dwumadi no ma. Yɛde nnwom ma Ɔsom Nhyiam dwumadi no reka ho. Nanso eyi yɛ kyerɛwtohɔ kɛkɛ. Sɛ ‘nsa a wɔde ato yɛn dwumadi so’ no da so wɔ hɔ a, monnto dwom mo nhyiam horow ase.)
DAPƐN A EFI ASE JANUARY 8
Dwom 51
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Sɛ mo nsa aka December nsɛmma nhoma a, fa nea ɛka nnapɔnnadi ho asɛm no ho nsɛm ka ho. Kyerɛ nsɛntitiriw pɔtee a wobetumi de adi dwuma wɔ asɛnka mu no. Hyɛ asɛnka mu a wɔde wɔn ho bɛhyɛ dapɛn yi ho nkuran.
17 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Mmofra.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm no ho. Sɛ moresusuw nkyekyem 5 ho a, ma ɔdawurubɔfo nyɛ sɛnea wɔde nhoma a yɛde ma no ma abofra ho ɔyɛkyerɛ.
18 min: “Ka Asɛmpa no Daa.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm no ho. Fa afeha a edi kan Kristofo nhwɛso no hyɛ asafo no nkuran sɛ wɔnkɔ asɛnka daa.
Dwom 40 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE JANUARY 15
Dwom 138
10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Fa sika akontaabu ne asafo no ntoboa a Asafo ti no akyerɛ sɛ nsa aka ka ho.
20 min: “Mmofra a Wɔbɛboa Wɔn Ama Adebɔne Apare Wɔn Honam.” Asemmisa-ne-mmuae nsusuwho. Hyɛ awofo nkuran ɔhyew so sɛ wɔmmfa Young People Ask nhoma foforo yi nni dwuma sɛ nea wɔn abusua nkɔmmɔbɔ gyina so a adwene no ne sɛ wɔde gyinapɛn ne su horow a ɛteɛ bɛhyɛ wɔn mma mu.
15 min: So Buronya yɛ Afahyɛ a Egyina Bible So? Anuanom baanu a wɔfata fi Reasoning nhoma no nkratafa 176-8 mu bɔ asɛm no ho nkɔmmɔ. Montwe adwene nkɔ Buronya atetesɛm ahorow ho asɛm a eye a ɛwɔ December 8, 1989 Awake! mu no so. Hyɛ sɛnea wɔde asɛmti no befi bɔnnɔ so adansedi ase no ho nyansa.
Dwom 183 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE JANUARY 22
Dwom 151
10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Teokrase Nsɛmmansɛmma.
17 min: “Fa Nsɛmma Nhoma Ma wɔ Hokwan Biara Mu.” Asemmisa-ne-mmuae nsusuwho. Si hia a ɛho hia sɛ yɛbɛma yɛn ani ada hɔ sɛ yɛde nsɛmma nhoma bɛma wɔ hokwan biara mu no so dua.
18 main: “Yɛn Bo Ase a Yɛtɔ Esiane Nkwa Nti.” Ɔkasa a ɔpanyin ma a egyina Nhyehyɛe a Wɔayɛ ma Yɛde Awie Yɛn Som Adwuma nhoma no ti 14 so. Si nsɛntitiriw a ɛwɔ asɛmti ketewaa “Sɔhwɛ Ahorow mu a Yebegyina” a ɛwɔ kratafa 167 ase no so dua.
Dwom 53 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE JANUARY 29
Dwom 30
15 min: Asafo mu nkaebɔ. Ka nhoma a yɛde bɛma February ho asɛm. Afei nso, Wɔn a Wogye Ahɔho wɔ Asafo Nhyiam Horow Ase no nnwuma. (Asemmisa Afã no ho a wosusuw.) Kyerɛ hia a ɛho hia sɛ asafo no mufo nyinaa boa wɔn a wogye ahɔho no.
15 min: Su Pa Ahorow a Yebeyi Adi Bere a Yɛwɔ Ahenni Asa So. Ɔkasa a egyina June 15, 1989 Watchtower, nkratafa 16-17 so. Si hia a ɛho hia sɛ (1) wodu hɔ bere ano, (2) wɔyɛ aso tie dwumadi no, (3) wɔkyerɛ afoforo ho anigye a emu yɛ hyew no so dua.
15 min: Asafo mu ahiade anaa ɔkasaa a egyina asɛm a ɛne “Wubetumi Atutu Mmepɔw!” a egyina December 15, 1988 Watchtower, nkratafa 25-7 so.
Dwom 18 ne mpaebɔ a wɔde wie.