Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/90 kr. 4
  • Ahenni Asa Ahorow A Yɛbɛma Wɔahu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ahenni Asa Ahorow A Yɛbɛma Wɔahu
  • Yɛn Ahenni Som—1990
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mo Ahenni Asa No Te Dɛn?
    Yɛn Ahenni Som—1982
  • Mmeae a Yehyiam Som
    Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
  • Ɛha na Yɛhyiam Som
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Ahenni Asa Adansi Nhyehyɛe Foforo
    Yɛn Ahenni Som—1988
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1990
km 2/90 kr. 4

Ahenni Asa Ahorow A Yɛbɛma Wɔahu

1 Ɛsɛ sɛ wɔde sɛnkyerɛnnede a ɛfata na ɛkenkan sɛ “Kingdom Hall of Jehovah’s Witnesses” (Yehowa Adansefo Ahenni Asa) di dwuma ma wɔnam so hu Ahenni Asa biara yiye. Ɛsɛ sɛ sɛnkyerɛnnede no ho tew, ɛyɛ fɛ, na ɛyɛ nea wɔhwɛ so yiye.

2 Faako a asafo ahorow de kasa a ɛsonsonoe di dwuma wɔ Ahenni Asa koro no ara so no, sɛnea ɛsɛ no, ɛsɛ sɛ wɔkyerɛw Ahenni Asa sɛnkyerɛnnede no wɔ kasa no biara mu. Nanso, wɔ Ghana no, esiane sɛ wataa kyerɛw nsɛnkyerɛnnede wɔ Engiresi mu nti, mpɛn pii no, wɔkyerɛw Ahenni Asa sɛnkyerɛnnede no wɔ Engiresi kasa mu na eyi ara dɔɔso.

3 Nea ɛka ho no, wɔ faako a ɛbɛyɛ yiye no, ɛsɛ sɛ wɔkyerɛw nhyiam mmere no na wɔma ɛne nea wɔde di dwuma mprempren no hyia. Ɛsɛ sɛ Ahenni Asa a nea ɛboro nnipa a wɔka kasa biako na wɔde di dwuma no nya sɛnkyerɛnnede a nsɛm pii wɔ so a ɛkyerɛ mmere a wɔde yɛ nhyiam wɔ kasa horow no biara mu.

4 Esiane sɛ wɔama yɛn kwan sɛ yɛmprapra yɛn Ahenni Asa so na yensiesie so bere a wɔde nsa ato yɛn dwumadi so yi mu no nti, yɛhyɛ nyansa sɛ monhwɛ nhu sɛ sɛnkyerɛnnede a wɔde behu yi ne afe asɛm no bɔ mo Ahenni Asa no so. Bere a na nsa a wɔde ato yɛn dwumadi so no mu yɛ den no, ebia ahobammɔ adwumayɛfo a wɔyɛ ade tra so no mu binom sɛee mo Ahenni Asa sɛnkyerɛnnede no. So mubetumi asan asi foforo anaasɛ mode aduru aka ho? Ebia na ɛho hia sɛ mosan de aduru ka Ahenni Asa no nyinaa ho. Monhwɛ nea mubetumi ayɛ a ɛbɛma Ahenni Asa no ho biribiara ayɛ nea wɔhwɛ so yiye na ɛyɛ fɛ nso.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena