Teokrase Nsɛmmansɛmma
◆ Australia ani gyei sɛ wɔbɔɔ adawurubɔfo dodow nkɔanim foforo 51,152 ho amanneɛ October mu, na ɛyɛ afe a etwaam no ɔsram koro no ara de so nkɔanim 5.3%. Wonyaa nsɛmma nhomakra 5,422 a sɛ wode toto October a etwaam no de 2,981 no ho a, na ɛyɛ nkabom a eye.
◆ Hong Kong bɔɔ adawurubɔfo dodow nkɔanim foforo 2,032 ho amanneɛ October mu. Na nsɛmma nhomakra nkabom 4,511 a wonyae no ne nea eye sen biara wɔ nsɛmma nhomakra ɔsatu mu, na ɛboro nea wɔanya pɛn ɔsram biako mu no dodow mmɔho abien.
◆ Jamaica nyaa adawurubɔfo dodow nkɔanim a ɛyɛ 8,701 October mu.
◆ October mu no, Nigeria bɔɔ adawurubɔfo 139,150 ho amanneɛ, na ɛyɛ wɔn dodow nkɔanim a ɛto so abien ɔsom afe no mu.Wonyaa daa akwampaefo dodow nkɔanim foforo 9,244 ne ofie Bible adesua 183,701 nso.
◆ Nnipa 2,339 na wɔkɔɔ ɔmantam nhyiam horow wɔ Solomon Islands, na wɔbɔɔ 37 asu. Na adawurubɔfo dodow nkɔanim yɛ 777.
◆ Taiwan de adawurubɔfo 1,594 bɔɔ nkɔanim 7% ho amanneɛ ɔsom no mu wɔ October mu. Na daa akwampaefo ne akwampaefo aboafo nkɔanim afoforo ka eyi ho. Na nnɔnhwerew, sankɔhwɛ, nsɛmma nhomakra, ne nsɛmma nhoma nyinaa yɛ dodow a ɛsen biara. Asafo mu adawurubɔfo nyaa nnɔnhwerew nkyekyem 12.2, a na ɛno nso yɛ dodow nkɔanim foforo.
◆ March 14, 1990 mu no, German Democratic Republic (East Germany) yɛɛ krataa a ɛmaa Yehowa Adansefo nyaa ɔsom mu ahofadi wɔ saa ɔman no mu na ɛde wɔn adwuma no hyɛ mmara ase. Yɛda Yehowa ase sɛ yɛn nuanom a wɔwɔ hɔ no de anigye ne mmɔdenbɔ renya ɔsom adwuma no mu kyɛfa baguam.
◆ Ɛmfa ho sɛ wɔde anohyeto ahorow aba adwuma no so wɔ Ghana fi June, 1989 mu no, ɛhɔfo no mu pii reda nnamyɛ adi wɔ asɛmpa no ka mu. Asram asia a edi kan wɔ ɔsom afe no mu no mu no, 103 na wofii daa akwampae adwuma ase. Wɔrebɔ mmɔden sɛnea ɛsɛ. Ɛde bedu saa bere yi wɔ ɔsom afe yi mu no, sɛ wɔkyekyem a, baa no nyaa kwampaefo aboafo 342 ɔsram biara.