Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/90 kr. 8
  • Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Mpaebɔ So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Mpaebɔ So
  • Yɛn Ahenni Som—1990
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • BIBLE ADESUA
  • MA YƐN NUANOM
  • Mommɔ Mpae Mma Mo Ho Mo Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Mpaebɔ Yɛ Hokwan Kɛse
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
  • Sɛnea Mpaebɔ Betumi Ama Woabɛn Onyankopɔn
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Hokwan a Woanya De Bɔ Mpae No, Ma Ɛnsom Bo Mma Wo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1990
km 12/90 kr. 8

Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ​—Denam Mpaebɔ So

1 Ɔsomafo Paulo kyerɛw Filipifo no hyɛɛ wɔn nkuran sɛ: “Mitumi ade nyinaa yɛ, nea ɔhyɛ me den no mu.” (Fil. 4:13) Ehia sɛ yɛn nso yɛde ho to Yehowa so koraa na yɛanya ahoɔden de aka asɛmpa no akyerɛ akokoduru so. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa?

2 Yesu sii sɛnea ehia sɛ ‘yɛbɔ mpae daa a yɛmmrɛ’ so dua. (Luka 18:1) Paulo tuu fo sɛ: “Munnyae mpaebɔ da.” (1 Tess. 5:17) Yiw, yenya ahoɔden denam mpaebɔ so. Ehia sɛ yɛka asɛmpa no kyerɛ denam mpaebɔ so. Yebetumi abɔ mpae de abisa hokwan ahorow a ɛbɛma yɛadi afoforo adanse, nyansa ne nhumu wɔ afie afie adwuma no mu, ne sɛnea yebetumi adu yɛn Bible asuafo koma mu. Esiane sɛ ehia sɛ yɛka Ahenni no ho asɛmpa wie ansa na awiei no aba nti, ɛho hia nso sɛ yɛbɔ mpae de bisa Ahenni nneɛma nkɔso wɔ wiase nyinaa. (Mat. 24:14) Ɛsɛ sɛ ‘yɛwɛn’ wɔ mpaebɔ mu sɛnea ɛbɛyɛ na yɛakwati honhom mu nkotɔ, na hokwan a yɛwɔ sɛ yɛka Yehowa atirimpɔw ahorow ho asɛm kyerɛ afoforo no ho anisɔ a yɛwɔ no ayɛ kɛse.​—Kol. 4:2; WTW 2/63 kratafa 79.

BIBLE ADESUA

3 Dɛn nti na mpaebɔ ho hia titiriw saa bere a yɛreyɛ Bible adesua no? Mpaebɔ a yɛde befi adesua no ase no ma yenya adwene a ɛteɛ, na ɛboa osuani no ma ohu sɛ nea yɛka no ho hia. Osua sɛnea ɔde ne ho bɛto Yehowa so na wama no akwankyerɛ. Osuani no nso nam nhwɛso a yɛyɛ no so sua sɛnea ɛsɛ sɛ ɔbɔ mpae.​—Luka 11:1.

4 Nneɛma a ɛsɛ sɛ yɛka ho asɛm wɔ yɛn mpaebɔ mu bere a yɛreyɛ ofie Bible adesua no bi ne nea ɛwɔ he? Yesu mpaebɔ nhwɛso ne mpae a Paulo bɔ maa Filipifo no yɛ nhwɛso pa. (Mat. 6:9-13; Fil. 1:9-11) Enhia sɛ yɛbɔ mpae tenteenten, nanso ɛsɛ sɛ yɛka nneɛma pɔtee bi ho asɛm wom. Ehia sɛ yɛka nsɛm a ɛfata a yɛde yi Yehowa ayɛ wɔ ne nnwuma pa bebree no ho wom. Yebetumi aka ne kɛseyɛ, n’anuonyam, ne ne su horow a ɛyɛ pɛ a yegye tom no ho asɛm. (Dw. 145:3-5) Ɔsuani no din a yɛbɛbɔ, na ebia yɛaka ne nsɛm tebea ho asɛm, na yɛabɔ mpae sɛ onnya honhom mu nkɔso no ho bɛba mfaso. Bere a ɔrenya nkɔso no, yebetumi abisa Yehowa ma wahyira mmɔden a ɔbɔ sɛ ɔbɛba nhyiam na waka nokware no a ɔresua ho asɛm akyerɛ afoforo no so. Ka Yehowa a wobɛsrɛ no ma wahyira wiase nyinaa asɛnka adwuma no so ho asɛm wom.

MA YƐN NUANOM

5 Yehowa nkurɔfo nyinaa yɛ yɛn mfɛfo adwumayɛfo. (1 Kor. 3:9) Enti, sɛ wiase atumfo pɛ sɛ wɔsɛe asɛmpa no ka a, ɛkanyan yɛn ma yɛbɔ mpae ‘ma ahene ne wɔn a wodi tumi nyinaa.’ Dɛn ntia? “Na yɛatra ase komm, na yɛn ho adwo yɛn, onyamesom pa ne abrabɔ a ɛho yɛ nyam nyinaa mu.” (1 Tim. 2:1, 2) Mpaebɔ a ɛte sɛɛ no di boa yɛn nuanom a wɔwɔ wiase nyinaa. Yɛbɔ mpae na ama atumfo no atumi anya yɛn adwuma no ho adwempa.

6 Yɛnam mpaebɔ so betumi abisa ahoɔden ama yɛn nuanom a wɔka asɛm wɔ tebea a emu yɛ den mu, ne wɔn a ebia wɔyare wɔ honhom fam no, na wɔanya ɔsom adwuma no mu kyɛfa kɛse. (2 Tess. 3:1, 2) Ɛyɛ papa nso sɛ yɛbɛbɔ mpae ama asafo no mu mpanyimfo, ahwɛfo akwantufo, ne Sodikuw no​—wɔn a ‘wɔyɛ mo mu adwuma denneennen’ no nyinaa.​—1 Tess. 5:12.

7 Ehia sɛ yɛde yɛn dadwen ahorow to Yehowa so bere nyinaa. (Dw. 55:22; 1 Pet. 5:7) Wama yɛn awerɛhyem sɛ obetie yɛn, ɛmfa ho sɛ dɛn ara na yebisa ma ɛne n’apɛde hyia no. (1 Yoh. 5:14) Enti sɛ yɛbɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa yɛn ma yenwie yɛn som adwuma koraa a, ɛsɛ sɛ yenya ahotoso sɛ obetie na wama awie yɛn yiye.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena