Nkaebɔ Ahorow
● Nhoma a yɛde bɛma December: New World Translation Bible ne “Hwɛ! Meyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo” nhomawa no. January 1991: Me Nhoma a ɛka Bible Mu Nsɛm anaa Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So. February ne March, 1991: Mubetumi de nhoma dedaw biara a ekura nkratafa 192 a wotintim ansa na 1980 reba ama de agye ne bo a ɛwɔ Cost list no so no fã.
● Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no anaasɛ obi a ɔbɛpaw no hwehwɛ asafo no sika akontaabu mu December 1 anaasɛ ɛno akyi bere tiaa bi.
● Ɛsɛ sɛ asafo ahorow no fi ase kra 1990 Watchtower ne Awake! bound volumes no. Bound Volumes no yɛ nneɛma a ne kra yɛ soronko, enti monkra nea ankorankoro bisa nkutoo.