Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/90 kr. 7-8
  • ‘Asɛmpa No a Yɛbɛbɔ Ho Ban Ntɔ Mmara Mu’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Asɛmpa No a Yɛbɛbɔ Ho Ban Ntɔ Mmara Mu’
  • Yɛn Ahenni Som—1990
  • Nsɛmti Nketewa
  • AMANE A TRENEE NTI YEBEHU
  • HOKWAN AHOROW A WOWƆ
  • MOMMƆ AMANNEƐ NTƐM ARA
  • KURA NIDI A ƐTE SƐ KRISTO DE NO MU
Yɛn Ahenni Som—1990
km 12/90 kr. 7-8

‘Asɛmpa No a Yɛbɛbɔ Ho Ban Ntɔ Mmara Mu’

1 Ɔsram yi ne asram 18 pɛpɛɛpɛ a wɔde amanneɛbɔ a ɛmfata mae wɔ radio so sɛ wɔde nsa ato ɔman yi mu Yehowa nkurɔfo adwuma so. Sɛnea akyinnye biara nni ho sɛ mokae no, na ne mfiase yɛ bere a yɛhaw yiye. Yɛn mu binom sui bere a wɔpam yɛn nuanom asɛmpatrɛwfo no fii ɔman yi mu, na wɔmaa wɔbɛwɛn Betel ne yɛn Ahenni Asa no mu pii no. Na ɛyɛ sɔhwɛ bere!

2 Nneɛma akɔ so dɛn? Ɛyɛ yɛn anigye sɛ yɛde amanneɛbɔ bɛma sɛ yɛn mu 31,000 ne akyi akura yɛn mudi mu wɔ sɔhwɛ tebea yi mu, na afoforofo ɔhaha pii abɛka yɛn ho. Bere a 1990 ɔsom afe no baa awiei wɔ August 31 no, yɛn akontaabu kyerɛe sɛ sɛ wɔkyekyem a, adawurubɔfo 31,089 bu asɛnka adwuma ho akontaa ɔsram biara. Wɔhyehyɛɛ asafo afoforo dunsia wɔ afe a etwaam no mu. Afei nso, afoforofo 556 amma nsa a ɛda yɛn dwumadi so no ansiw wɔn kwan sɛ wɔbɛyɛ akokoduru ade a ɛne sɛ wɔde nsu mu asubɔ bɛyɛ wɔn ahosohyira ma Yehowa no ho sɛnkyerɛnne. Pii ne yɛn kɔɔ asɛnka nea edi kan, ma enti yenyaa nkɔanim ɔha biara mu nkyem 1 wɔ afe no mu. Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa awowaw yɛn.

AMANE A TRENEE NTI YEBEHU

3 Bere koro no ara mu no, ɛyɛ nokware sɛ yɛn nuanom pii ahyia sɔhwɛ ahorow. Pii akɔda polisifo afiase dan a emu bɔn mu nna pii. Wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔhwɛ ma wodi mmara no ahwe afoforo a ntease biara nnim, bere a wɔayɛ afoforo nneɛma afoforo a agu wɔn anim ase, abu wɔn atɛnkyea​—ne nyinaa fi Yehowa mu gyidi a wɔwɔ nti. Nokwarem no, bere a yɛrekyerɛw eyi no, na yɛn nuanom mmarima ne mmea baason asɛm wɔ asennibea a wonnii ɛ. Nanso, te sɛ ɔsomafo no, yɛn nuanom yi atɔ wɔn bo ase, ‘na wɔn ani agye sɛ Yesu Kristo din nti wɔbɔ wɔn ahohora.’​—Aso. 5:41

4 Mprempren ɛkame ayɛ sɛ haw a yɛhaw no ano abrɛ ase yiye wɔ baabiara. Nanso, yennim bere tenten a Yehowa bɛma kwan ma tebea no adi, anaa faako a ɔbɛma ɔtamfo no ayɛ ade akodu. Enti ɛsɛ sɛ yɛkɔ so da boasetɔ su no adi bere a yedi afotu yi so no: “Nya Yehowa mu ahotoso. na fa ne kwan so, na ɔbɛma wo so ma woanya asase no adi.”​—Dw. 37:34, NW.

5 Bere a yɛkɔ so da saa boasetɔ yi adi no, ehia sɛ yɛhwɛ yiye wɔ biribiara a yɛyɛ mu, na yehu sɛ yɛn tamfo Ɔbonsam da so ara “hwehwɛ nea obenya no amene.” (1 Pet. 5:8) Ahobammɔ adwumayɛfo asum yɛn nuanom mfiri wɔ mmere horow mu. Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛantɔ mfiri a ɛte sɛɛ mu. Enti, ɛnsɛ sɛ woka w’anom asɛm, anaa wokyerɛw ma polisifo anaa milihyiani bi da esiane sɛ waka akyerɛ wo sɛ yɛ saa nti.

HOKWAN AHOROW A WOWƆ

6 Ɔkwan foforo so no, sɛ polisini anaa milihyiani bi ka kyerɛ wo sɛ wakyere wo a, ɛnsɛ sɛ wosɔre tia no. Wo ne no nkɔ polisifo dwumadibea anaa milihyiafo office komm wɔ nidi mu. Sɛ wɔka kyerɛ wo hɔ sɛ kyerɛw w’anom asɛm a, fa obu da no adi pintinn kyerɛ wɔn sɛ worentumi nkyerɛw w’anom asɛm gye sɛ wɔde sobo a wɔabɔ wo no ne mmara ko a wɔkyerɛ sɛ woabu so no ho krataa no bi ma wo ansa, na ama woanya hokwan ne wo mmaranimfo aka ho asɛm. Nsesa w’adwene wɔ ho efisɛ eyi ne ɔkwan pa biako a wobɛfa so ama wɔahu nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wunim hokwan ahorow a wowɔ. Mmara foforo biara nni hɔ a ɛhyɛ wo sɛ ɛnsɛ sɛ woyɛ saa. Sɛ wuhu akyiri yi sɛ ɛfata sɛ wokyerɛw w’anom asɛm a, hwɛ yiye na woamfa afoforo anto asɛm mu. Ma asɛm no mfa wo nkutoo ho, na ɛnsɛ sɛ wudi polisifo no anim kɔ anuanom afoforo fie da.

7 Ma anuanom afoforo aso nte ntɛm ara sɛnea ɛbɛyɛ na wɔayɛ nhyehyɛe adi wo agyinam ayi wo. Esiane sɛ wɔtaa kɔhwehwɛ nnipa a wɔde wɔn to polisifo afiase adan mu a wosusuw sɛ wokura nneɛma a “wɔabara” no nneɛma mu nti, ehia sɛ anuanom koyi nneɛma a ɛnsɛ sɛ wohu, ne titiriw no asafo no kyerɛwtohɔ ahorow a ebia ɛwɔ nea wɔakyere no dan mu no nyinaa fi hɔ bere a wɔte sɛ wɔakyere no ara pɛ no.

8 Ɛyɛ papa sɛ mubehu sɛ wɔ Ghana no, mmara mma polisifo anaa milihyiafo mpo kwan sɛ wɔde “obi a wosusuw sɛ wayɛ bɔne bi” bɛto polisifo office dan mu bɛboro nnɔnhwerew 48. Ɛsɛ sɛ wɔma wodi no agyinam yi no, anaa wɔde no kɔ asennibea na ɔtemmufo no san de no kɔto mu, sɛ wɔwɔ nnyinasode a ɛteɛ a wɔde bɛyɛ saa a. Sɛ polisifo no hu sɛ wunim eyi a, ɛnyɛ nea wɔbɛbɔ mmɔden sɛ wɔrempene mma wonni wo agyinam nnyi wo bere a bere adu sɛ wɔyɛ saa no.

9 Sɛ polisifo no ampene sɛ wɔbɛma wɔadi onua bi a wɔakyere no agyinam ayi no, na wɔka sɛ wɔde no bɛkɔ asennibea wɔ nnɔnhwerew 48 ntam a, ɛsɛ sɛ asafo no yɛ ntɛm kɔhwehwɛ mmaranimfo a ɔbɔ mmɔden yiye ma ogyina n’ananmu ka ma mudi no agyinam yi no. Ebia polisifo no adwene ara ne sɛ wɔbɛma ɔtemmufo no asan de onua no ato wɔn afiase dan mu a ntease biara nnim. Sɛ moannya mmaranimfo a ɔbɔ mmɔden yiye ma wankɔka asɛm no a, ebia wobetumi ayɛ saa.

10 Eyi nyinaa sɛe sika, na ɛhyɛ nkuran sɛ yebehu sɛ wɔ nsɛm a asisi wɔ bere a nsa da yɛn dwumadi so yi nyinaa mu no, asafo no mu anuanom a mpanyimfo no di wɔn anim ayi ntoboa de atua ka a wɔbɔ no. Ɛsɛ sɛ yɛboa anuanom a asɛmpa no nti wɔkyere wɔn a ɛnyɛ amumɔyɛde biara na wɔayɛ no wɔ saa kwan yi so. Faako a ehia no, Asafo ti no bɛma sika aka ntoboa a asafo no yi de tua ka a wɔbɔ wɔn asɛm no ho no ho. Nanso, ansa na mobɛpene sika kɛse biara a wobegye a mobɛma Asafo ti no atua bi no so no, ɛsɛ sɛ mokyerɛw Asafo ti no baa dwumadibea no na mugye afotu. Munni ho kwan sɛ momma Asafo ti no tua sika a mmaranimfo gye no bere a ɛnyɛ nea wadi kan apene so no.

MOMMƆ AMANNEƐ NTƐM ARA

11 Ɛsɛ sɛ asafo no mu mpanyimfo de wɔn a wɔkyere wɔn nyinaa ho amanneɛbɔ brɛ baa dwumadibea no ma wɔma wɔn afotu. Ɛsɛ sɛ wɔka nokwasɛm no nyinaa, a (1) nea na onua no reyɛ bere a wɔkyeree no, ne biribiara a esii; (2) nea polisifo no yɛe: (3) sɛ ebia wɔapene so sɛ wonni no agyinam nyi no anaa dabi; (4) sobo ko a wɔabɔ onua no; (5) mmara ko a wɔkyerɛ sɛ wabu so; ne (6) nea mohwɛ kwan sɛ wɔbɛyɛ akyiri yi ka ho. Ɛsɛ sɛ mohwɛ hu sɛ amanneɛbɔ no di mu na asɛm biara a moaka no te saa pɛpɛɛpɛ, efisɛ Asafo ti no rentumi mfa afotu mma gye sɛ moaka biribiara akyerɛ no pɛpɛɛpɛ.

KURA NIDI A ƐTE SƐ KRISTO DE NO MU

12 Kyere a obi a ɔhwɛ ma wodi mmara so rekyere obi no betumi ahyɛ abufuw yiye. Nanso, sɛ Yesu Kristo suani no, kae sɛ wɔ nnyinasosɛm mu no, 2 Timoteo 2:24 fa ho wo bere nyinaa, ɛka sɛ “ɛnsɛ Awurade akoa bi sɛ ɔko, na mmom ɛsɛ sɛ odwo ma nnipa nyinaa.” Ɛtɔ mmere bi a ebia wobɛte nka sɛ ɛteɛ sɛ wubebua no abufuw so, na woaka asɛm a ɛkyerɛ animtiaabu anaa wobɛka nsɛm penpen akyerɛ no. Nanso, ɛmfa ho sɛ ne nneyɛe hyɛ abufuw dɛn ara no kae sɛ ‘woansua Kristo saa’ ne sɛ “mmuae bɔkɔɔ sianka anibere, na asɛnnennen hwanyan abufuw mu. Wɔ nsɛm pii mu no, anifere ne su a ɛte sɛ Kristo de a wonyi no adi no de ɔhaw a enhia ba na ɛsɛe anoyi a anka eye. (Efe. 4:20; Mmeb. 15:1; 16:32; 1 Pet. 2:23) Eyi nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ woyɛ wo ho mmɔbɔmmɔbɔ de pa kyɛw anaa woma onipa ho suro a ebetumi asɛe kari a yɛkari pɛ sɛ Kristofo no di wo so, dabida. Mmom no, ɛkyerɛ sɛ yebekura yɛn nidi a ɛte Kristo de no mu bere a wɔhyɛ yɛn abufuw no, na yekura Yehowa ho suro a ɛne nyansa mfiase no mu.​—Mmeb. 9:10.

13 Ɛwom sɛ nsa da so ara da yɛn dwumadi so de, nanso sɛ yɛde toto sɛnea na nneɛma te mfiase no ho a, yebetumi aka te sɛ nea Daniel kae no: “Me Nyankopɔn asoma ne bɔfo ma wabemuamua agyata no ano, na wɔanyɛ me hwee.” (Dan. 6:22) Awiei koraa no, woyii Daniel fii amoa no mu a hwee anyɛ no. Nanso, kae a Yehowa maa ɔne agyata a na wɔamuamua wɔn ano traa amoa no mu anadwo biako, atirimpɔw bi nti. Te sɛ ɔno no, ɛnsɛ sɛ yɛbrɛ. Sɛ kuw no, wobeyi yɛn nso afi amoa no mu a hwee renyɛ yɛn wɔ Yehowa bere a ɛsɛ mu.

14 Ɛmfa ho sɛ asɛm bɛn ara na ebesi no, ɛsɛ sɛ yenya gyidi sɛ Yehowa bɛyɛ ne ho kɛse wɔ yɛn asɛm no mu. Nnansa yi ara, polisini panyin bi a na ɔka wɔn a ɛsɛ sɛ wɔhwɛ ma nsa a wɔde ato yɛn dwumadi so yɛ adwuma wɔ asɛm no mfiase no ka kyerɛɛ Betel mpanyimfo no mu biako sɛ: “Mfiase no na ɛyɛ hu yiye. Nanso moadi nkonim. Sɛ́ wɔantumi annye mo dan no nkutoo no de, moadi nkonim. Nea aka ara ne sɛ wobegyaw asɛm no mu.” Mmebusɛm 16:7 ka sɛ: “Sɛ onipa akwan sɔ [Yehowa] ani a, ɔma n’atamfo po ne no ntam ba asomdwoe.” Yegye eyi di yiye. Enti, nya akokoduru na pere kɔ w’anim.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena