Teokrase Ɔsom Sukuu Sɔhwɛ
January 7 besi April 22, 1991 adapɛn no mu Teokrase Ɔsom Sukuu dwumadi sɔhwɛ a ɛnsɛ sɛ wɔhwɛ nhoma mu de yɛ. Bua nsemmisa no mu dodow biara a wubetumi wɔ bere a wɔde ama no mu wɔ krataa foforo so.
[Hyɛ no nsow: Wɔ sɔhwɛ no mu no, Bible no nkutoo na wubetumi de adi dwuma de abua nsemmisa biara. Afã horow a wɔdan adwene kɔ so a edidi nsemmisa no akyi no yɛ nea w’ankasa wode bɛyɛ nhwehwɛmu. Ebia Ɔwɛn-Aban no nkratafa ne ne nkyekyem nɔma ahorow no remma afã horow a wɔde dan adwene kɔ Ɔwɛn-Aban no so no nyinaa mu.]
Kyerɛ sɛ nsɛm a edidi so yi yɛ Ampa anaa Atoro:
1. Mogya a wobɛtwe wo ho afi ho no kyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ wofa ɔkwan biara so ma ɛkɔ wo nipadua mu. [4, peTW ti 25 nky. 22, 23]
2. Bere a Paulo bɛyɛɛ Kristoni no, ɛyɛɛ mmerɛw maa no sɛ ɔbɛyɛ nea ɛteɛ. [10, peTW ti 26 nky. 15]
3. Esiane sɛ ná akwantu ne nkitahodi akwan nnɔɔso wɔ afeha a edi kan no mu nti, Ahenni nkrasɛm no antrɛw pii. [1, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ si kr. 226 (1983 de kr. 224) .]
4. Sika ne nnebɔne nyinaa ntini. [5, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w84 7/1 kr. 29.]
5. Tete Kristofo no anni Easter. [1, peTW ti 25 nky. 16]
6. Wim nsakrae mmere no ba esiane sɛ asase no akyea ne ho 23.5 degree wɔ owia no a etwa ho si no mu nti. [13, si kr. 280 nky. 14 (kr. 279 nky 14)]
7. Asɛm “asubɔ ahorow” no kyerɛ Yudafo ɔsom kwan so asu a wɔbɔ nkuruwa ne nkuku no (Heb. 9:10 NW) [10, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ wTW91 2/15 kr. 24.]
8. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔnyɛ adwuma no didi [3 Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ wTW91 1/15 kr. 23.]
9 “Wobegye no nkwa n’abawo mu” no kyerɛ sɛ ebia awo a obi bɛwo no bɛma wanya daa nkwagye. (1 Tim. 2:15) [4, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ wTW91 1/15 kr. 30.]
10. Bere nam akwan horow abien so na ɛkɔ, ɛkɔ n’anim na ɛsan n’akyi. [12, si kr. 278 nky. 4 (kr. 277 nky. 4)]
Bua nsɛm a edidi so yi:
11. Dɛn nti na anibere yɛ abosonsom? (Kol. 3:5) [1, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ W78 4/1 kr. 21.]
12. Hena ne “onipa a onni mmara” no? (2 Thess. 2:3) [3, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ wTW4/88 kr. 23.]
13. “Ahintasɛm kronkron” no fa hena ho titiriw? (1 Tim. 3:16 NW) [4, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ wTW10/88 kr. 25.]
14. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ama Onyankopɔn ahu sɛ nea yɛbɔ ho mpae no ho hia yɛn? [16, peTW ti 27 nky. 11]
15. Ti ahorow abien bɛn na Paulo ka nneɛma a ɛkyerɛ sɛ obi fata sɛ ɔhwɛfo ho asɛm wom no? [4, 7, Dapɛn biara Bible akenkan]
16. Dɛn ne Tartaro? [14, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ wTW91 3/15 kr. 31.]
17. Ná henanom ne “anuonyamfo” a wɔka wɔn ho asɛm wɔ Yuda 8 no? [16, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ wTW91 4/15.]
18. Asafo ason a ɛwɔ Asia Kumaa a Yohane kyerɛw nhoma kɔmaa wɔn no din de dɛn? [8, si kr. 265 nky. 8 (kr. 262 nky. 9.)]
19. Onyankopɔn Asɛm mu fã he na ɛka su a ɛsɛ sɛ yenya wɔ awaefo ho no ho asɛm kyerɛ yɛn? [16, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ wTW91 4/15.]
Fa nsɛmfua anaa nsɛm a ɛho hia na wode awie nsɛm a edidi so yi ma:
20. Ɛsɛ sɛ anuanom mmarima yɛ mmea mpanyin a wɔwɔ asafo no mu no te sɛ ․․․․․․․ ne mmabaa sɛ ․․․․․․․ wɔ ahotew nyinaa mu. [5, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w73 kr. 540.]
21. Ná Bɔhyɛ Asase no tenten bɛyɛ sɛ akwansin ․․․․․․․ na ná ne trɛw bɛyɛ sɛ akwansin ․․․․․․․. [8, si kr. 270 nky. 2 (kr. 269 nky. 2)]
22. Wogyina no so na ebu Lunar afe na wogyina ․․․․․․․ so bu solar afe. [14, si kr. 281 nky. 18, 20 (kr. 280 nky. 18, 20)]
23. Sɛ Kristoni bea ho bɛyɛ fɛ ampa a, ɛnyɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɔde adwenemtew siesie ne ho nko na mmom ɛsɛ sɛ onya ․․․․․․․ nso. [18, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ wTW91 3/15 kr. 30.]
24. Hebri Kyerɛwnsɛm no mu bere titiriw ne ․․․․․․․ na Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu de ne [15, si nkr. 282-3 nky. 28, 30 (kr. 282 nky. 29, 31)]
25. Julius Ceasar na ɔyɛɛ Julia calendar no wɔ ․․․․․․․ mu na wɔyɛɛ Gregoria calendar no wɔ ․․․․․․․ mu. [14, si kr. 281 nky. 21 (kr. 280 nky. 21)]
Paw mmuae a ɛteɛ no wɔ nsɛm a edidi so yi mu:
26. Ná wɔfrɛ (abodoo a mmɔkaw nnim; adapɛn; asese) afahyɛ no nso sɛ Pentekoste. [18, si kr. 280 nky. 17 (kr. 279 nky. 17)]
27. Ná Yesu asomafo anokwafo 11 no nyinaa fi (Galilea; Samaria; Yudea) . [9, si kr. 274 nky. 11 (kr. 271 nky. 11)]
28. Agyanom mpanyimfo Abraham ne Isak de mfe pii traa (Sefela; Negeb; Araba) . [10, si kr. 275 nky. 20 (kr. 274 nky. 20)]
29. Ná wɔn a wɔagyaw wɔn kan dɔ no wɔ (Smirna; Pergamo; Efeso) asafo mu. [2, si kr. 265 nky. 9 (kr. 262 nky. 10)]
30. Asafo a wɔkae sɛ ɛyɛ ohiani, onifuraefo, dagyani ne boturobodwo no ne (Laodikea; Sardi; Tiatira) . [2, si kr. 265 nky 10 (kr. 262 nky. 11)]
Fa kyerɛw nsɛm a edidi so yi hyehyɛ nsɛm a ɛwɔ ase ha a ɛne no hyia no anim:
1 Tes. 5:8; 2 Tim. 1:7; Heb. 13:17; Yak. 1:2, 3; 1 Pet. 3:7
31. Kristofo hia honhom mu akode yi na wɔatumi akura wɔn mudi mu. [2, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ wTW91 1/15 kr. 22.]
32. Nea enti a ɛsɛ sɛ Kristofo brɛ wɔn ho ase ma mpanyimfo no. [11, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ wTW91 2/15 kr. 25.]
33. Wɔ sɔhwɛ ahorow nyinaa akyi no, Kristofo ani betumi agye. [12, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ wTW91 3/15 kr. 23.]
34. Sɛ okununom anni wɔn yerenom nni a, nae efi mu ba. [18, Dapɛn biara Bible akenkan]
35. Honhom a Onyankopɔn de ma n’asomfo. [6, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ wTW91 1/15 kr. 31.]