Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w84 7/1 kr. 29-31
  • Bra 1984 “Ahenni Nkɔso” Ɔmantam Nhyiam No!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bra 1984 “Ahenni Nkɔso” Ɔmantam Nhyiam No!
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Enti a Ɛho Hia Sɛ Yehyiam
  • Yɛ Nhyehyɛe Mprempen Sɛ Wobɛkɔ
  • 1983 “Ahenni Biakoyɛ” Ɔmantam Nhyiam
    Yɛn Ahenni Som—1983
  • 1984 “Ahenni Nkɔso” Ɔmantam Nhyiam
    Yɛn Ahenni Som—1984
  • 1988 “Ɔsoro Atɛntrenee” Ɔmantam Nhyiam
    Yɛn Ahenni Som—1988
  • 1987 “Yehowa Mu Ahotoso” Ɔmantam Nhyiam
    Yɛn Ahenni Som—1987
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
w84 7/1 kr. 29-31

Bra 1984 “Ahenni Nkɔso” Ɔmantam Nhyiam No!

OBIARA nni hɔ a ɔte hia a ɛho hia sɛ Yehowa Nyankopɔn asase so asomfo hyiam wɔ nhyiam akɛse ase no ase sen n’ankasa. Ɛno nti na ɔyɛɛ nhyehyɛe maa ne tete nkurɔfo Israel ma wohyiaam mprɛnsa’ wɔ baabi a ɔpawee a ɛne Yerusalem. Ɛhɔ na wotiee Yehowa mmara a wɔkenkanee, gyee afotu, na akyinnye biara nni ho sɛ wonyaa hyira a Yehowa Nyankopɔn ahyira wɔn a wɔka kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho no mu anigye.​—Exodus 23:14-17; 34:28; Deuteronomium 16:16, 17; 2 Beresosɛm 8:13.

Nanso, ɛnyɛ saa afahyɛ yi nkutoo na Israelfo no hyiaam dii, na mmom wohyiae wɔ mmere pɔtee bi mu sɛnea wɔyɛe bere a wobuee Salomo asɔredan no ano, a ɛyɛ afahyɛ a egyee nnafua 14 no, ne bere a wohyiraa afasu a wɔto wiei no so wɔ Nehemia nna no mu no.​—1 Ahene 8:65, 66; Nehemia 12:27-43.

Esiane kyerɛwsɛm mu nhwɛso pa yi nti, nnɛyi Yehowa Adansefo akɔ so ayɛ nhyiam horow bɛboro mfe ɔha ni, fi afe 1879. Anyɛ yiye koraa no bɛyɛ mfe 37 ni no, yehyiam mprɛnsa afe biara, yɛ ɔmansin nhyiam horow abien ne ɔmantam ɔman anaasɛ amanaman ntam nhyiam biako te sɛ Israelfo no.

Hwɛ anigye a amanneɛbɔ a ɛfa afe a etwaam “Ahenni Biakoyɛ” ɔmantam Nhyiam ho no yɛ!a Anuanom huu wɔn wiase nyinaa biakoyɛ no sen bere biara. Wɔ aman pii so no, wɔn a wɔkɔɔ nhyiam no dodow kɔɔ anim sen bere biara. Sɛ nhwɛso no, Zambia a ɛwɔ Afrika, a adawurubɔfo 57,034 wɔ hɔ no, bɔɔ amanneɛ sɛ nnipa a wɔn dodow si 417,122 baa nhyiam horow 24 no ase. Eyi kyerɛ sɛ nnipa a wɔwɔ ɔman no mu no 15 biara mu biako kɔɔ nhyiam no ase! So amanneɛbɔ a ɛte sɛɛ renka yɛn ma yɛnkɔ afe yi “Ahenni Nkɔso” ɔmantam nhyiam horow no?

Nea Enti a Ɛho Hia Sɛ Yehyiam

Dɛn nti na ɛho hia sɛ yehyiam nnansa ne fã hyɛ yɛn ho den honhom mu? Petro kae yɛn sɛ: “Esiane sɛ eyinom nyinaa bɛsɛe nti, nnipa bɛn na ɛsɛ sɛ moyɛ wɔ abrabɔ kronkron ne onyamesom pa mu, sɛ motwɛn na moma Yehowa da no ba no tra mo adwene mu yiye.”​—2 Petro 3:11, 12, New World Translation.

Afe biara, sɔhwɛ ne nhyɛso horow no mu kɔ so yɛ den sɛ ɛbɛtwe yɛn afi “abrabɔ kronkron” a yebekura mu no ho. Wobetumi aka mpo sɛ da biara no basabasayɛ, nsɛmmɔnedi, ahohwibɔ, odwowtwa, animguasedeyɛ ne ɔbrasɛe renya nkɔso. Nsɛm a yɛte fi atesɛm nkrataa, nsɛmma nhoma ahorow, radio, sini, ne TV so no di eyi ho adanse. Titiriw no, yɛn mu binom a ɛsɛ sɛ yɛne wiasefo bɔ wɔ adwuma ne sukuu mu no kɔ so hyia honhom fam ɔhaw daa.

Bio no, hwɛ nhyɛso horow a ɛwɔ hɔ a ebetumi atwe yɛn afi “onyamesom pa” ho, afi adwuma a ɛwɔ afã horow abien a ɛne Onyankopɔn Ahenni asɛmpaka ne Kristofo asuafoyɛ adwuma no ho! Aguadi wiase no de sɔhwɛ ne nhyɛso ba yɛn so pɛ sɛ yɛde yɛn adwene nyinaa si ɔhonam fam nneɛma so​—na ama yɛde bere pii, ahoɔden ne hokwan a yɛwɔ no ahwehwɛ nea wɔka sɛ ɛyɛ asetra mu nneɛma pa no sɛnea ɛbɛyɛ a bere kakraa bi na ɛbɛka ama ɔsom kronn. Esiane eyi nti ɛreda adi sɛ anigyede reyɛ asiane ama Onyankopɔn nkurɔfo. Eye sɛ Yesu bɔɔ yɛn kɔkɔ wɔ saa nneɛma yi ho, sɛ: “Monhwɛ mo ho so yiye, na potwaa ne asabow ne nkwa yi mu nneɛma ho dadwen ne haw anhyɛ mo koma so, na ɛda no ammɛto mo mpofirim te sɛ afiri . . . Enti monwɛn, na monsrɛ daa na moanya ahoɔden . . . agyina onipa Ba no anim.”​—Luka 21:34-36.

Wɔayɛ yɛn “Ahenni Nkɔso” Ɔmantam Nhyiam no ho nhyehyɛe na ama Onyankopɔn asomfo nyinaa anya mmoa a wohia na wɔatumi de Onyankopɔn trenee nnyinasosɛm ahorow atra ase, na ama wɔafata yiye sɛ wɔbɛka Ahenni ho asɛm no na wɔayɛ asuafo sen bere biara.

Yɛ Nhyehyɛe Mprempen Sɛ Wobɛkɔ

Ne titiriw no, yɛpɛ sɛ ɛtra yɛn adwene mu sɛ saa nhyiam yi yɛ nnansa ne fã, efi ase Yawda awia. Afe yi yɛbɛkɔ asɛnka Fida awia. Sɛ yɛde nnipa dodow a wɔbaa afe a etwaam de no ase Yawda toto wɔn a wɔbaa Kwasida no ho a, ɛma asemmisa no sɔre sɛ ebia yɛn mu binom betumi abɔ mmɔden abedu nhyiam no ase ansa na nhyiam no afi ase Yawda awia. Nsɛm a wosii so dua no mu biako wɔ afe a etwaam nhyiam no ase ne Yawda ɔkasa a ne ti ne “Dwom a Eyi Yehowa Ayɛ,” a na ɛnyɛ amanneɛbɔ a ɛyɛ anigye a ɛfa nnwom nhoma foforo no ho nkutoo na yɛtee na mmom woyii emu akron bɔe wɔ afiri so de kyerɛɛ sɛnea nnwom nhema foforo no mu nnwom te. Hwɛ anigye ara a ɛbɛyɛ ama yɛn mu dodow no ara sɛ, wɔ nhyiam yi ase no, yɛne yɛn nuanom bɛbom de yɛn nne ato nnwom a ɛwɔ Engiresi kasa nnwom nhoma no mu no wɔ nhyiam a yɛbɛyɛ no nnanan yi ase!

Yɛn mu dodow no ara nya akwamma afe biara. So yɛn mu pii no ara rentumi nyɛ nhyehyɛe na yɛagye yɛn akwamma wɔ nhyiam bere no mu? Anaasɛ so yɛrentumi mfa nnanu akatua mmɔ afɔre esiane honhom fam apontow kɛse yi nti? Wɔ Honduras no, anuanom binom hweree wɔn nnwuma esiane sɛ wɔsrɛɛ kwan sɛ wɔrekɔ nhyiam nti. Onuawa bi a ɔwɔ hɔ srɛɛ kwan nnanu sɛ ɔrekɔ “Ahenni Biakoyɛ” nhyiam no na wɔkae sɛ wobeyi no adi. Nhyiam no akyi no, mmaranimfo bi a ne yere yɛ ɔdansefo tee eyi ho asɛm, na ɔhwehwɛɛ adwuma a n’akatua ye sen kan de no maa no.

1984 Afe Nhoma no ka sɛnea anuanom bɛboro 30,000 tuu kwan tenteenten fii Spain ne Portugal kɔ nhyiam wɔ Belgium, bere a wɔantumi anyɛ nhyiam no bi wɔ wɔn ankasa aman a wofi mu no mu no. Ɛkɔ so kyerɛ sɛnea anuanom a wɔwɔ Alaska no hyia ɔhaw ahorow wɔ nhyiamkɔ ho. Ɛde fa mmɔden a onua bi a ofi Samoa bɔ kɔɔ nhyiam wɔ Fiji ho no, yɛkenkan sɛ: “Ná ɔnyɛ aberante, na mmom ɔpanyin; onni ahoɔden, ɔyɛ ɔyarefo; ontumi nnantew yiye, ɔyare ne nan; onhu ade yiye, n’ani biako afura. Ná ohia sika a ɔde bɛkɔ nhyiam no, nanso na ɛsɛ sɛ ɔboaboa kube ano kɔtɔn ansa na wanya sika. Ɔsoaa 15 bere koro mu de twaa akwansin abien kɔɔ baabi a obetumi abɔ, ayiyi mu aduan no ahata, na ɛno akyi no, ɔtɔn emu aduan a wahata no.” Egyee no bɛboro nnawɔtwe anan ansa na ɔrenya sika a ebetumi de no akɔ. Momma ɛnyɛ yɛn botae saara sɛ yɛbɛkɔ nhyiam no!

Bio nso, momma ɛntra yɛn adwene mu sɛ ɛnyɛ honhom fam denhyɛ nkutoo na yenya fi yɛn nhyiam horow yi mu, na mmom, mpɛn pii no edi wɔn a wɔwɔ asafo no akyi no adanse kɛse. Sɛ nhwɛso no, hyɛ nea nsɛnkyerɛwfo bi kyerɛwee wɔ Greek nsɛmma nhoma Galaxias, November 1983 de no mu wɔ yɛn “Ahenni Biakoyɛ” nhyiam a wɔyɛe wɔ Athens no ho no nsow. Bere a ɔkaa nea wɔyɛe da biara ho asɛm wiei no, ɔkae sɛ:

“Ɛmfa ho sɛ obi gye nea Yehowa Adansefo Kristofo ka no tom anaasɛ onnye ntom no, Yehowa Adansefo nhyiam ase a obi kɔ wɔ ‘Apollo’ Stadium bɛma nea wɔyɛ wɔ hɔ no aka no yiye. . . . Ɛyɛ nea obiara ntumi nnye ho akyinnye sɛ nea wogye di no ka wɔn asetra, anaasɛ wɔ ɔkwan foforo so no, wɔde nea wogye di no tra ase.’ Ɛwom sɛ wɔyɛ mmɔdenbɔfo de, nanso wɔnyɛ katee. Wɔdɔ Onyankopɔn na wɔdɔ onipa nso.”

Momma Yehowa ɔdansefo biara ne afoforo a wɔdɔ nokware ne trenee nyinaa mmɔ mmɔden biara a wobetumi nkɔ “Ahenni Nkɔso” nhyiam no bi​—fi ne mfiase kosi n’awiei!

[Ase hɔ nsɛm]

a Akontaabu kakra a nsa aka kyerɛ sɛ nnipa a wɔn dodow bɛyɛ sɛ 4,749,537 na wɔkɔɔ nhyiam 637 a wɔyɛɛ no wiase nyinaa no na Adansefo afoforo 62,448 na wɔbɔɔ wɔn asu.

August Da Biara Da Asɛm

(wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena