Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/91 kr. 1-4
  • Mommpa Abaw

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mommpa Abaw
  • Yɛn Ahenni Som—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • FA “KINGDOM COME” NHOMA NO MA
  • HYƐ AFOFORO NKURAN SƐ WƆNKƆ SO NYƐ DEN
  • ‘Mommma Yɛmmmrɛ’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Kar Tae—Ebetumi Abɔ Wo Nkwa Ho Ban!
    Nyan!—2004
  • Mommmrɛ Papayɛ Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • Hwehwɛ Nsɛmmisa Yi Ho Mmuae
    2017-2018 Ɔmansin Nhyiam Program—Ɔmansin Sohwɛfo na Ɔbɛyɛ
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1991
km 2/91 kr. 1-4

Mommpa Abaw

1 1991 Yearbook no ka ntrɛwmu a ɛyɛ anigye a ɛrekɔ so wɔ asase so nyinaa ho asɛm. Yenyaa adawurubɔfo dodow nkɔanim a ɛsen biara foforo wɔ aman ahorow mu.

2 Nanso nneɛma kɔ so dɛn wɔ mo asasesin mu? So muhyia anibiannaso? So nnipa no nkyerɛ Ahenni nkrasɛm no ho anigye? So ebinom suro sɛ wobetie esiane anohyeto no nti? Sɛ saa a Paulo afotu a ɛwɔ Galatifo 6:9 no betumi ahyɛ mo nkuran: “Mommma yɛmmmrɛ papayɛ mu; na sɛ yɛampa abaw a, yebetwa so aba ne bere mu.” Ɛda adi sɛ nea ɛka papa a yɛbɛyɛ ho ne Ahenni asɛmpa no a yɛbɛka wɔ afie atɔe no. Ɛsɛ sɛ yɛkɔ so de ntɛmpɛ ka asɛm no kosi sɛ Yehowa bɛka sɛ adwuma no aba awiei. (Yes. 6:8) Yɛda so ara hu nnipa a wɔte sɛ nguan wɔ nsasesin a emu yɛ den no mu.

3 Dɛn na yebetumi ayɛ na yɛampa abaw wɔ ɔsom adwuma no mu? Sɛnea yɛkɔ nkurɔfo nkyɛn anaasɛ yɛn nnianim nsɛm a yɛbɛsakra no no betumi aboa. Nyansahyɛ a eye wɔ Reasoning nhoma no mu. So woasɔ eyinom ahwɛ? Asɛntiaa bi a ɛyɛ tẽẽ nso betumi akanyan afiewuranom pii anigye. Ma nkurɔfo nhu sɛ wudwen wɔn no ne wɔn yiyedi ho nti na woaba hɔ no.

FA “KINGDOM COME” NHOMA NO MA

4 Yɛde nhoma dedaw a ekura nkratafa 192 no mu biara bɛma wɔ February mu. Sɛ yenni bi a, yebetumi akyerɛ sɛ yedwen afoforo ho denam “Let Your Kingdom Come” nhoma no a yɛde bɛma wɔn no so. Yɛn ankasa nam asɛmpa no a yɛka no so kamfo Onyankopɔn Ahenni kyerɛ na yegyina akyi. “Kingdom Come” nhoma no yɛ adwinnade pa a ɛbɛboa afoforo ma wɔasua Ahenni no a wɔbɔ din mpɛn pii wɔ mpaebɔ mu, nanso ɛho biribi kakraa bi na wonim no ho nneɛma pii.

5 Nhoma no ti biara kura nsɛm a eye a yebetumi abɔ ho nkɔmmɔ. Wubetumi ahu sɛ ti 1 ne mfonini a ɛwɔ nkratafa 4 ne 5 no nso boa wɔ asɛm a wobɛka akyerɛ no mu. Henanom na wɔrempɛ sɛ wɔbɛtra ase wɔ Paradise tebea a wɔayɛ ho mfonini wɔ ha no mu? Eti a edi kan no mu ɔkasamu abien a edi kan no twe adwene si mpae a Kristoman mufo tĩ mu bɔ mpɛn pii no so. Nokwarem no, wubetumi anya asɛm a wobɛka akyerɛ no ho nsɛntitiriw afoforo a ɛfata te sɛ ɔkasamu abien a edi kan wɔ ti 18 wɔ kratafa 174 no. Afei nso, adaka a asɛmti no ne sɛ “What God’s Kingdom Will Do” (Nea Onyankopɔn Ahenni Bɛyɛ) a ɛwɔ kratafa 25 no ne yɛn mprempren Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no hyia yiye. Sɛ wode nhoma ahorow dedaw no redi dwuma a wubetumi de nnianim nsɛm a ɛtete saa no adi dwuma. Nhwɛso ahorow ni: Asɛmpa a Ɛbɛma Wo Ani Agye ti 16 nkratafa 141, 142; ti 17 nkratafa 155, 157. Life Does Have a Purpose, nkratafa 160, 167 nkyekyem 1, 2. Choosing the Best Way of Life, ti 11 kratafa 177 nkyekyem 1, 2.

6 Akyinnye biara nni ho sɛ Ahenni asɛnka adwuma no mu kyɛfa a yebenya dapɛn dapɛn no bɛma yɛanya nkuranhyɛ ne denhyɛ. Afei nso, yɛnam Onyankopɔn Asɛm a yebesua no daa ne asafo nhyiam horow mu kyɛfa a yebenya daa no so betumi akɔ so ayɛ den wɔ honhom mu.​—Heb.10:23-25.

HYƐ AFOFORO NKURAN SƐ WƆNKƆ SO NYƐ DEN

7 Wubetumi aboa wo ho na woahyɛ afoforo nkuran nso denam adwuma a wo ne wɔn bɛyɛ wɔ asɛnka mu no so. (Gal. 6:10) Dɛn nti na wummisa akwampaefo ne mpanyimfo no sɛ ebia wubetumi ne wɔn ayɛ adwuma anaa? Afei nso, wubetumi ahyɛ wɔn a wɔntaa nkɔ asɛnka anaasɛ ebia wɔayɛ mmerɛw no nkuran denam wɔn honhom fam yiyedi ho anigye a wobɛkyerɛ no so.

8 Ehia sɛ yɛn nyinaa nya boasetɔ wɔ Yehowa som mu na yɛampa abaw wɔ nna a edi akyiri yi a emu yɛ den yi mu. Boasetɔ a ɛte sɛɛ no betumi ama yɛakura yɛn Kristofo nsiyɛ mu wɔ nsɛnnennen a afoforo ma yehyia anaasɛ anibiannaso a wɔda no adi nyinaa akyi. (Heb. 10:36-39) Bɔ Yehowa mpae sɛ ɔmma wo ahoɔden. (Yes. 40:29-31) Srɛ no sɛ ɔmmoa wo na woagyina mu, na woakura adwempa mu. Kae sɛ, yɛreyɛ Onyankopɔn adwuma. Ohu nea yɛyɛ wɔ n’adwuma mu, na ne werɛ mfi. (Heb. 6:10) Enti mommma yɛmmmpa abaw! Mmom no, momma ‘yɛnyɛ pii wɔ Awurade adwuma mu daa,’ mfa yɛn ho nto Yehowa so sɛ ɔnhyɛ yɛn den na yɛayɛ ‘n’adwuma pa’ no.​—1 Kor. 15:58; Gal. 6:9.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena