Munhyiam Daa Bere A Ɛda No Rebɛn No
1 Wiase no mu nnipa pii ani nsɔ akronkronne bio, enti wɔde wɔn bere ne wɔn ahoɔden nyinaa hwehwɛ honam fam nneɛma, din ne anigye a mfaso nni so. (2 Tim. 3:1-5) Nea ɛbɛyɛ na nokware Kristofo akwati adeyɛ a wɔrennya mu mfaso no, wɔhyɛ wɔn nkuran sɛ wonhyiam daa nni honhom fam aduan, sɛ wɔn ahofama a edi mũ a wɔde ma Onyankopɔn no fã.—Ex. 20:5; Mat. 6:33; Heb. 10:24, 25.
2 Esiane anohyeto ne ɔhaw afoforo a anuanom binom hyia nti, wontumi nyɛ saa daa. Yɛbɛyɛ dɛn atumi aboa yɛn ho yɛn ho na yɛakɔ asafo nhyiam horow wɔ baabi mpo a wɔtetɛw yɛn wɔ yɛn dwumadi ahorow ho no? Dɛn na ankorankoro, mmusua, mpanyimfo ne asafo mu asomfo betumi ayɛ na nnipa a wɔba asafo nhyiam horow no dodow akɔ soro?
ABUSUA MUFO FAM DE A ƐSƐ SƐ WƆYƐ
3 Sɛ abusua mufo siesie wɔn ho yiye ma nhyiam horow no, sua ade a wobesua no a, wɔn nyinaa de ahopere hwɛ nhyiam a wɔbɛkɔ no kwan. Sɛ abusua no ti no, wɔhyɛ agya no nkuran sɛ ɔnyɛ nhyehyɛe mma abusua no nsua nea asafo no besua wɔ dapɛn no mu no. Ɔbɛyɛ nhyehyɛe nso na waboa ne yere ne ne mma ma wɔayɛ wɔn dwumadi a wɔwɔ wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu no.—Deut. 6:6, 7; fa toto Genesis 8:18, 20 ho.
4 Abusua no a agya no bɛhwɛ ma wɔasiesie wɔn ho yiye wɔ honhom fam akyi no, ɔde akwankyerɛ ahorow a ɛbɛma abusua no mufo nyinaa akɔ asafo nhyiam horow no bɛma. Sɛ awofo no mu biako anaasɛ wɔn baanu nyinaa yɛ wɔn ankasa adwuma a, wobetumi ayɛ nhyehyɛe apɔn ntɛm asen sɛnea wɔyɛ daa no, na wɔatumi ayɛ ne hɔ nnwuma akɔ nhyiam horow no nyinaa wɔ bere ano. Mmofra a wɔanyinyin betumi aboa ma wɔayɛ nnwuma no na annɔɔso dodo amma ɛna no. Mmusua bi yɛ “nnuan a emu yɛ hare a ne noa nyɛ den” de si nnuan a emu yɛ duru a ne noa gye bere ananmu. Mfaso foforo a ɛwɔ so nso ne sɛ “nnuan a emu yɛ hare” no boa abusua no ma wɔnna wɔn nhyiam no ase.
ASAFO NO FAM DE A ƐSƐ SƐ ƐYƐ
5 Yebetumi akae anuanom, ne titiriw wɔn a wɔntaa mma nhyiam no wɔ da, bere ne beae a yɛbɛyɛ asafo nhyiam horow no ho. Sɛ yefi nhyiam no rekɔ fie a, yebetumi akɔsra anuanom a wɔamma no, anaasɛ yɛbɛyɛ saa wɔ bere a eye mu akyiri yi, na yɛne wɔn abɔ ɔkasa no ne nkaebɔ ahorow no mu nsɛntitiriw kakra ho nkɔmmɔ. Sɛ woresiesie wo ho ama nhyiam a, so wubetumi afrɛ ɔdawurubɔfo ɔfoforofo, anaasɛ woahyɛ onua bi a wayɛ mmerɛw no nkuran ma ɔne wo abesua ade no? Anuanom anokwafo binom yɛ nhyehyɛe kosiesie wɔn ho ma asafo nhyiam wɔ anuanom a wonni apɔwmuden afie mu na ama wɔanya mu kyɛfa.
6 Mpanyimfo ne asafo mu asomfo betumi ayɛ pii de aboa ma nnipa a wɔba nhyiam no dodow akɔ soro denam anuanom a wɔbɛsrasra wɔn daa no so. (Yer. 23:4) Adesua sohwɛfo biako ne ne boafo yɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛkɔ akɔsra onua biara a wamma kuw no nhyiam saa anwummere no ara. Nea efii mu bae ne sɛ ɛhyɛɛ kuw no muni biara nkuran ma ɔbaa nhyiam daa, ankyɛ nnipa a wɔba nhyiam wɔ kuw no mu no dodow kɔɔ soro sen biara. Adesua so ahwɛfo afoforo paw sɛ wɔbɛkɔ akɔsra wɔn a wɔmma nhyiam daa no, bere a aka bere kakra ma wɔafi nhyiam no ase no, na wɔahyɛ wɔn nkuran ma wɔaba. Eyi taa ma wɔn a wɔba nhyiam no dodow kɔ anim.
7 Sɛnea asafo bi honhom fam tebea te ho sɛnkyerɛnne biako ne wɔn nkyerɛkyerɛ ne nnipa dodow a wɔba nhyiam. Nea ɛbɛyɛ na asafo no mu mpanyimfo abɔ ade a ɛsom bo a wɔde ahyɛ wɔn nsa no ho ban no, wɔnam asafo mu asomfo mmoa so yere wɔn ho sɛ wɔbɛma ɔkasa ahorow a wɔasiesie no yiye, na wɔayɛ dwumadi afoforo wɔ akuw no nyinaa mu dapɛn biara. Afei nso, asafo pii mu mpanyimfo kuw no hyiam ɔsram biara susuw asafo no honhom fam tebea ho. Wosusuw ɔsram a atwam no mu nsato no nhyiamkɔ ho kyerɛwtohɔ ne nneɛma afoforo ho wɔ nhyiam a ɛte sɛɛ ase. Sɛ wohu sɛ wɔn a wɔba nhyiam anum no mu bi dodow so atew a, wobɔ mmɔden sɛ wobehu nea enti a aba saa, na wɔyɛ nhyehyɛe na wɔadi ho dwuma.—Aso. 20:28; 1 Pet. 5:2.
NYA YEHOWA MU AHOTOSO
8 Sɛ yɛte sɛ wɔamia tetew a wɔtetɛw yɛn wɔ yɛn adwuma no ho no mu ho asɛm mpo a, momma ɛntra yɛn adwene mu sɛ ‘Yehowa rennyaw wɔn a wodi no nnokware no.’ (Dw. 37:28) Ne mu gyidi a yebenya ne mpae a yɛbɛbɔ no daa no bɛhyɛ yɛn den na yɛantoto nhyiamkɔ mu.—Luka 21:19; Yak. 1:2-6.
9 Ɔpɛ bere mu no, nnua a wɔatɛw wɔ nsu ho no na ɛtaa tumi gyina wim tebea a enye no ano na ɛkɔ so sow aba. (Dw. 1:1-3) Sɛ yɛannyae nhyiam a yɛkɔ no a, ebetumi ahyɛ yɛn nyinaa den ma yɛagyina yɛn gyidi ho sɔhwɛ wɔ mprempren ɔtaa yi mu no ano. Sɛ ɔdɔ ho adanse foforo no, momma yɛmfa nyɛ yɛn botae sɛ yɛbɛboa yɛn ho yɛn ho akosi awiei.—Yoh. 13:34, 35.