Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/91 kr. 2
  • Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
  • Yɛn Ahenni Som—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • DAPƐN A EDI KAN
  • DAPƐN A ƐTO SO ABIEN
  • DAPƐN A ƐTO SO ABIƐSA
  • DAPƐN A ƐTO SO ANAN
Yɛn Ahenni Som—1991
km 2/91 kr. 2

Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

DAPƐN A EDI KAN

Dwom 30

10 min: Asafo mu nkaebɔ ne krataa yi mu Nkaebɔ a wɔapaw. Si nhoma a yɛde bɛma February so dua. Bobɔ nhoma dedaw a mowɔ wɔ mo asafo no mu din. Munsusuw nnianim nsɛm a mubetumi de ɛno ne mprempren Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no adi dwuma ho. Sɛ munni nhoma dedaw a wɔkyerɛ sɛ yɛmfa nni dwuma no bi a, si “Kingdom Come” nhoma a yɛde bedi dwuma so dua.

15 min: “Mommpa Abaw.” Asɛm no mu nsɛntitiriw ho nkɔmmɔbɔ. Bisa nyansahyɛ ahorow fi atiefo hɔ bere a mususuw nkyekyem 3 ho no. Ma ɔdawurubɔfo a ɔfata mfa nyansahyɛ a wɔde ama wɔ nkyekyem 5 no nyɛ sɛnea wɔde nhoma a yɛde rema no bɛma ho ɔyɛkyerɛ. Hyɛ asafo no nkuran sɛ wɔnyere wɔn ho wɔ asɛnka mu na wɔmmpa abaw anaasɛ wɔmma anibiannaso anaa ɔsɔretia a wohyia no mmu wɔn aba mu.

20 min: Yɛbɛyɛ Dɛn Akɔ so Ayɛ Den? Nsɛm a wobisabisa de si sɛnea ehia sɛ yɛkɔ so yɛ den na yɛammpa abaw so dua. (1) Bisabisa nnipa baanu anaasɛ baasa a wɔde mfe pii asom a wɔyɛ nhwɛso pa nsɛm. Ahokyere a ɛbɛma wɔagyae asɛnka bɛn na wɔahyia na wɔadi so? Dɛn na ɛboaa wɔn ma wɔkɔɔ so a woampa abaw? (Wobetumi aka mpaebɔ, nhyiam a wɔkɔ daa, kokoam adesua, afoforo nkuranhyɛ, ne ade ho asɛm.) Dɛn na wɔyɛe na wɔammrɛ wɔn som adwuma ase anaasɛ wɔannyae? (Wobetumi aka sɛnea daa fekubɔ wɔ nhyiam ase ho hia, kokoam adesua a wɔkɔ so yɛ, wɔne Yehowa ntam abusuabɔ ho anisɔ, ne ade ho asɛm.) Ɔkwan bɛn so na wɔakɔ so akari pɛ wɔ honhom mu? (Wobetumi aka mpanyimfo ne afoforo mmoa, ahenni nneɛma a wɔde di kan wɔ wɔn asetra mu, Yehowa a wɔbɔ no mpae ne ade ho asɛm.) (2) Bisabisa mmofra bi a wɔyɛ adawurubɔfo a wɔkɔ asɛnka daa na wɔyɛ nhwɛso pa nsɛm. Dɛn na ɛboa wɔn ma wɔkɔ asɛnka daa? Ɔkwan bɛn so na wɔn awofo aboa wɔn? so adawurubɔfo afoforo hyɛ wɔn nkuran na wɔboa wɔn wɔ asɛnka mu? Wɔn botae horow wɔ Yehowa adwuma mu ne dɛn? Fa nea wɔkae wɔ nsɛm a wubisabisae no mu ntimũ tiawa wie.

Dwom 10 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A ƐTO SO ABIEN

Dwom 121

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Sika akontaabu ne ntoboa a wɔkyerɛ sɛ nsa aka ho nsɛm. Kamfo asafo no wɔ wiase nyinaa adwuma a wɔboa ne ntoboa a wɔde to Asafo Ti Ahenni Asa Foto mu no ho. Twe adwene si “Siesie Wo Ho ma Ɔwɛn-Aban Kra Ɔsatu” no mu nsɛm so, na hyɛ adawurubɔfo nkuran sɛ wɔnyɛ nhyehyɛe mprempren na wɔanya emu kyɛfa kɛse. Adawurubɔfo betumi de Watch Tower Publications Index 1930-85 no aba Ɔsom Nhyiam no ase dapɛn a edi hɔ no.

20 min: Medical Document ne Identity Card. Ɔkyerɛwfo ma wɔkyekyɛ nkratasin no na wosusuw Asafo ti krataa a wɔkyerɛw no May 15, 1990, wɔ asɛm yi ho no ho. Wo ne atiefo nsusuw nea enti a ɛsɛ sɛ yedi akwankyerɛ ahorow no akyi yiye na nkratasin no abɔ yɛn ho ban yiye ho. Mpanyimfo betumi ahwɛ ma wɔahyehyɛ bere a wɔapɔn nhyiam no sɛnea wɔyɛɛ afe a etwaam no. Ɛnsɛ sɛ wɔtwentwɛn wɔn nan ase wɔ ne hyehyɛ ne wɔn nsa a wɔde bɛhyɛ ase pɛpɛɛpɛ no mu.

15 min: “Munhyiam Daa Bere a Ɛda no Rebɛn No.” Asemmisa ne mmuae a wɔde susuw asɛm no ho. Boa wɔn nyinaa ma wonhu wɔn fam de a ɛsɛ sɛ wɔyɛ na afoforo pii aba nhyiam na wɔahyɛ wɔn ankasa ne afoforo den.

Dwom 108 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A ƐTO SO ABIƐSA

Dwom 111

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Teokrase Nsɛmmansɛmma. Fa dapɛn awiei asɛnka ho nhyehyɛe ka ho. Fa nsɛmma nhoma a aba foforo mu nsɛm a nnipa a wɔwɔ mo asasesin mu ani begye ho titiriw ho nyansahyɛ ma. Ɛsɛ sɛ obiara de Asetra wɔ Wiase Foforo a Asomdwoe Wom Mu kratawa no biako ba Ɔsom Nhyiam ase dapɛn a edi hɔ no.

15 min: “Yɛn Ahenni Som Adwuma a Yɛbɛyɛ Denam Index no Mmoa So.” Ɔkasa a ɔpanyin ma a atiefo nya mu kyɛfa. Yɛ sɛnea ɔpanyin ne asafo mu ɔsomfo betumi de Index adi dwuma de asiesie wɔn ho akɔsra anuanom ho ɔyɛkyerɛ. Munsusuw sɛnea wɔbɛkyerɛkyerɛ adawurubɔfo ma wɔde Index no adi dwuma na wɔanya wɔn dapɛn biara Bible akenkan no mu mfaso kɛse ho.

20 min: “Nokwaredi a Yɛde Bɛtɔ Yɛn Bo Ase wɔ Anohyeto Nyinaa Akyi.” Ɔkasa a ɛkanyan anigye a egyina 1974 ne 1986 Yearbook mu osuahu ahorow a ɛfa nsɛmti a edidi so yi ho no so: (i) Sɛ yebekura yɛn honhom mu yiyedi mu a, sɛnea ehia sɛ yehu akenkan ne akyerɛw na yenya daa kokoam adesua ho bere nhyehyɛe ho asɛm a wɔka no nyɛ nea wosi so dua dodo. (1986 Yearbook, kratafa 225, nkyekyem 2, 3; kratafa 157, nkyekyem 2) (ii) Onipa ho suro sum afiri​—kwati! (1976 Yearbook, kratafa 178. nkyekyem 1; hwɛ January 1, 1986, Ɔwɛn-Aban nkratafa 25, 26 nso.) (iii) Ɛmfa ho sɛnea ebia asɔretiafo ho yɛ hu, yɛn ho a yɛde to Yehowa so koraa ma yedi nkonim.​—1974 Yearbook, kratafa 146, nkyekyem 4 kosi kratafa 148 nkyekyem 1.

Dwom 203 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A ƐTO SO ANAN

Dwom 192

8 min: Asafo mu nkaebɔ.

22 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ​—Denam Nkratawa So.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm no ho. Ma wɔnkenkan kyerɛw nsɛm no. Bere a moasusuw nkyekyem 7 ho awie no, ma ɔkwampaefo anaasɛ ɔdawurubɔfo a ɔfata nyɛ sɛnea wɔde kratawa Asetra wɔ Wiase Foforo a Asomdwoe Wom Mu fi adesua ase wɔ sankɔhwɛ mu ho ɔyɛkyerɛ. Hyɛ adawurubɔfo nkuran sɛ wɔmfa eyi nni dwuma wɔ sankɔhwɛ mu, ne titiriw bere a ɛyɛ den sɛ wɔbɛto afiewuranom wɔ fie wɔ nsrahwɛ a edi kan no akyi no. Ma adawurubɔfo a wɔadi kan asiesie wɔn ho nka sɛnea wɔatumi de eyi adi dwuma ma ayɛ yiye ho asɛm.

15 min: So Wubetumi Ayɛ Akwampaefo Aboafo Adwuma wɔ Nkaedi Bere Yi Mu? Nkɔmmɔ a wɔne onua bi a wanya osuahu sɛ daa ɔkwampaefo anaasɛ ɔkwampaefo boafo bɔ. Bisabisa pii a wɔayɛ akwampaefo aboafo adwuma wɔ bere a atwam no mu nsɛm. Nsakrae bɛn na wɔyɛe a ɛma wonyaa wɔn nnɔnhwerew? Si nhyehyɛe pa a wɔyɛe no so dua. Esiane sɛ Nkaedi bere no rebɛn nti, hyɛ adawurubɔfo a wɔn ani gye ho sɛ wɔbɛyɛ no nkuran ma wɔne ɔpanyin bi nsusuw wɔn nhyehyɛe horow no ho. Ɛdenam gyinae a pii besi mprempren sɛ wɔbɛyɛ no so no, wobetumi ayɛ adwuma yi. Wɔ ebinom fam no, eyi betumi ama wɔayɛ daa akwampae adwuma. (kmTW 3/90 kr. 3) Wobetumi abisa ɛho akwammisa kratasin afi ɔhwɛfo guamtrani no anaasɛ ɔkyerɛwfo no hɔ.

Dwom 151 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena