Teokrase Nsɛmmansɛmma
◆ Belize nyaa adawurubɔfo dodow a ɛboro 900 wɔ August mu, na 902 buu akontaa. Eyi yɛ afe a etwaam no de so nkɔanim ɔha biara mu nkyem 11.
◆ Ecuador wiee wɔn “Kasa Kronn” Ɔmantam Nhyiam horow no, na nnipa 40,799 ne wɔkɔe. Adawurubɔfo dodow nkɔanim 18,069 a wonyae wɔ August mu no yɛ afe a etwaam no de so nkɔanim ɔha biara mu nkyem 25.
◆ Nnipa 13,236 na wɔkɔɔ ɔmantam nhyiam horow a wɔyɛe wɔ Haiti no, na nnipa 396 ne wɔbɔɔ wɔn asu. Adawurubɔfo dodow nkɔanim a wonyaa wɔ afe no mu no yɛ 6,427
◆ New Caledonia nyaa adawurubɔfo dodow nkɔanim a ɛsen biara foforo 1,165 wɔ August mu, nkɔanim a ɛyɛ ɔha biara mu nkyem 15.
◆ New Zealand de adawurubɔfo dodow nkɔanim a ɛsen biara foforo 11,515 nyaa nkɔanim ɔha biara mu nkyem 10 wɔ August mu.
◆ Vanuatu de adawurubɔfo dodow nkɔanim a ɛsen biara foforo 189 nyaa nkɔanim ɔha biara mu nkyem 83 wɔ August mu. Sɛ wɔkyekyem a, asafo mu ɔdawurubɔfo biara nyaa Bible adesua abien