Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/91 kr. 4
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ Denam Nkratawa So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ Denam Nkratawa So
  • Yɛn Ahenni Som—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • WƆ NSRAHWƐ A EDI KAN NO MU
  • WƆ SANKƆHWƐ MU
  • Fa Nkratawa Trɛw Asɛmpa no Mu
    Yɛn Ahenni Som—2012
  • Nkratawa a Wɔde Di Dwuma ma Mfaso Fi Mu Ba
    Yɛn Ahenni Som—1993
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nkratawa A Yɛde Bedi Nwuma Ɔkwan A Etu Mpɔn So So
    Yɛn Ahenni Som—1990
  • Fa Nkratawa Fi Nkɔmmɔbɔ Ase
    Yɛn Ahenni Som—2000
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1991
km 2/91 kr. 4

Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ Denam Nkratawa So

1 Ɔbarima bi kyerɛw Asafo ti no sɛ: “Awuraa bi a mitwaa ne ho maa me Bible kratawa bi. Ɛkan sɛ ‘Asetra wɔ Wiase Foforo a Asomdwoe Wom Mu.’ Na mahaw ansa na merekenkan, nanso eyi akyi no, me werɛ kyekyee na minyaa asomdwoe.” Na ɔbarima no pɛ nsɛm afoforo pii na ɔkyerɛw bisae, na ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Mede ahopere hwɛ nhoma ‘Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So’ no kwan afi mo nkyɛn.”

2 Nokwarem no, Bible nkrasɛm tiawa a wɔatintim wɔ nkratawa no mu na ɛkanyan pii a mprempren wɔreyi Yehowa ayɛ no akɔnnɔ wɔ honhom mu nneɛma ho. So wode nkratawa di dwuma wɔ wo som adwuma no mu? Pii reyɛ saa. Wotintimii Wiase Foforo a Asomdwoe Wom nkratawa no ɔpepem 122 ne akyi ne nkratawa afoforo abiɛsa nso a ɛne Nea Enti a Wubetumi de Wo Ho Ato Bible no So, Dɛn Na Yehowa Adansefo Gye Di? ne Anidaso Bɛn na Ɛwɔ Hɔ ma Adɔfo a Wɔawuwu bɛyɛ ɔpepem 250 wɔ Brooklyn nkutoo. Wɔde eyi mu 300,000 ne akyi kɔmaa asafo ahorow a ɛwɔ Ghana no wɔ ɔsom afe a etwaam no mu.

3 Ɛnsɛ sɛ yebu tumi a Onyankopɔn Asɛm wɔ a wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ nkrasɛm tiawa yi mu no adewa. (Heb. 4:12; fa toto Sakaria 4:10; Yakobo 3:4, 5 ho.) Ɔdansefo bi a ofi Arizona kyerɛwee sɛ: “Mekenkan Ɔwɛn Aban Asafo no nkratawa pii, na awiei koraa no mihuu nokware no.” Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Wɔ wiase a enni adagyew yi mu no, nkurɔfo ntaa mpɛ sɛ wobegye bere akenkan ade, nanso nkratawa no mu nsɛm ware sɛnea ɛsɛ a ebetumi de nkrasɛm a ɛho hia ama, nanso ɛnware dodo a ɛbɛpam nkurɔfo ansa na wɔatwa wɔn ani ahwɛ mpo.”

4 Nneɛma ahorow bi nti, nkurɔfo taa twentwɛn wɔn nan ase sɛ wobegye nhoma afi yɛn hɔ. Nanso ɛnhaw nkurɔfo pii sɛ wobegye kratawa kɛkɛ afi yɛn nkyɛn. Ɔmansin sohwɛfo bi kyerɛkyerɛ mu sɛ ɔwɔ rɔba bag ketewa bi a nkratawa no hyehyem a ɔde kyerɛ, na ɔma ofiewura no paw nea ɔpɛ. Ɔkyerɛw sɛ: “Kratawa a wogye titiriw ne “Dɛn Na Yehowa Adansefo Gye Di?”

WƆ NSRAHWƐ A EDI KAN NO MU

5 Adawurubɔfo binom hu sɛ kratawa a wɔde ma no yɛ ɔkwan a etu mpɔn a wɔfa so fi nkɔmmɔbɔ ase. Sɛ wode bi kyerɛ a, ɛbɛma ofiewura bi a ɔtwentwɛn ne nan ase sɛ obebue ɔpon no abue. Kratawa no asɛmti a wode bɛkyerɛ na woaka ɛho nsɛm kakra no betumi abue kwan ma wo ne no abɔ yɛn adwuma ne yɛn atirimpɔw ho nkɔmmɔ.

6 Sɛ ɛda adi pefee sɛ ofiewura bi nni adagyew anaasɛ wahaw a ebia kratawa bi pɛ na obehia. Anidaso a ɛwɔ hɔ ma awufo ho kratawa no kyekyee ɔbea bi werɛ araa ma ɔkyerɛw Asafo ti no bisaa nsɛm afoforo pii. Sɛ obiara nni fie a yebetumi agyaw kratawa bi ato baabi a wɔn a wotwam fa hɔ no renhu ama ofiewura no.

WƆ SANKƆHWƐ MU

7 Sɛ obi resan akɔ baabi a wɔkyerɛɛ anigye bi wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu a, obetumi aka sɛ: “Mikyia wo, [bɔ ne din]. Ɛyɛ m’anigye ankasa sɛ mabɛto wo wɔ fie. Yehyiaa nea edi kan no, bere a wunya ma yɛde kaa Bibie no ho asɛm no maa m’ani gyei. Manya nsɛm afoforo a misusuw sɛ w’ani begye ho. Ɛwɔ kratawa yi a wɔato din sɛ Asetra Wɔ Wiase Foforo bi a Asomdwoe Wom Mu no mu. Sɛ wobɛkae a, yɛkaa Bible no bɔhyɛ a ɛfa nokware ne daa asomdwoe a adesamma benya no ho asɛm wɔ bere a atwam no mu. Nanso, esiane sɛ ɔsoro nkutoo ho na pii susuw bere a wɔkenkan bɔhyɛ ahorow yi nti hyɛ no nsow sɛ Dwom 37:29 kyerɛ sɛ nhyira horow yi bɛba asase so ha [Kenkan kyerɛwsɛm no, na kyerɛ ofiewura no faako a ɛwɔ wɔ kratawa no so.] So ɛyɛ anigye? [Munsusuw nkyekyem pii ho.] Kyerɛw nsɛm pii a ɛhyɛ nkuran wɔ kratawa yi mu na wubehu sɛ ɛyɛ anigye saa ara. Bere foforo a mɛba no, ebia yebetumi akenkan emu binom sɛnea yɛyɛɛ nnɛ no.”

8 Ampa, yɛn nkratawa no yɛ akyɛde a efi Yehowa hɔ. Ɛmmra sɛ yɛde mmoa a ɛsom bo yi bedi dwuma ahokokwaw mu bere a yɛyɛ ɔsom adwuma a etu mpɔn de kamfo no no, na yɛanya daa nhyira.​—Mmeb. 22:29.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena