Yɛn Ahenni Som Adwuma A Yɛbɛyɛ Denam Index No Mmoa So
1 Sɛ Kristofo a yɛahyira yɛn ho so no, yɛbɔ mmɔden se yɛbɛyɛ yɛn som adwuma. Yehowa de akwankyerɛ ne nkuranhyɛ pii ama wɔ nhoma pii a ɛsom bo mu na aboa yɛn ma yɛayɛ saa. So yebetumi de adi dwuma yiye? Ade titiriw a ɛbɛboa yɛn ma yɛayɛ saa ne Watch Tower Publications Index a wotintim toatoa so wɔ kasa horow mu fi 1961 mu no.
2 Ɔkwan bɛn so na Index no betumi aboa wo ma woayɛ wo som adwuma no? Ɛnam ɔkwan a ɛkyerɛ wo kɔ afotu pa ne nkyerɛkyerɛmu a wɔde ama dedaw so no so na ɛyɛ saa. Wosusuw anuanom a wɔwɔ wiase nyinaa no ho na wɔyɛɛ Index no. Obiara betumi anya nea ohia na ɔde adi atirimpɔw biara a mfaso wɔ so ho dwuma, a mmofra so kosi wɔn nenanom so, fi Bible asuafo afoforofo so kosi mpanyimfo so.
NEA WOBƐYƐ A WUBEHU NEA WUHIA NO
3 Sɛ nkyekyem pɔtee bi anaasɛ nkyekyem ahorow bi mu ntease na wopɛ sɛ wunya a, wubehu sɛ eye sɛ wubedi kan ahwɛ kyerɛw nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ nhoma no akyi no. So obi aka Yohane 10:30 ho asɛm de abɔ mmɔden sɛ ɔde bɛkyerɛ sɛ Baasakoro nkyerɛkyerɛ no teɛ? Kyerɛw nsɛm a wɔahyehyɛ no bɛtwe w’adwene asi nsɛm a ɛkyerɛkyerɛ nea enti a Yesu kaa saa nsɛm no mu so. Kyerɛw nsɛm a wɔahyehyɛ no bɛma yɛanya yɛn kokoam Bible akenkan mu mfaso kɛse bere a yɛhwehwɛ nkyekyem a ɛte sɛ nea asete yɛ den anaa emu nna hɔ yiye no mu nkyerɛkyerɛmu no.
4 Nsɛmti a wɔahyehyɛ no ma yenya akwan horow a yɛbɛfa so anya nsɛm a mfaso wo so no ara. Sɛ nhwɛso no, ebia na wubehia nea ɛsɛ sɛ woyɛ bere a ɔhokafo a onnye nni mpene so sɛ ɔbɛma wode wo mma akɔ nhyiam horow ho nsɛm. Sɛ wubenya mmuae no a, wubetumi ahwɛ nsɛmti te sɛ “Husbands,” “Wives,” “Children,” “Opposition,” anaasɛ “Meetings.” Sɛ woanhu asɛmti bi a wohwehwɛ no wɔ asɛmti a edi kan no ase a, hwehwɛ wɔ baabi foforo. Bisa wo ho sɛ: ‘Ɛfa henanom ho? So beae pɔtee bi ho hia? So ɛyɛ su titiriw bi? So ɛyɛ nkate titiriw bi? So ɛyɛ botae titiriw bi?” Sɛ wuhu asɛmti titiriw bi a ɛte sɛ nea ɛno nen a, di kan hwɛ nhoma a woatwe adwene asi so a ɛwɔ asɛmti no ase no. Sɛ wuhu asɛmti foforo a ɛfa asɛm no ho yiye a, ɛntaa mma wonsɛe bere.
5 Index no a yɛde bedi dwuma ahokokwaw mu no betumi ayɛ pii wɔ yɛn asɛyɛde kronkron no ho dwuma a yebedi no mu. Bere a yɛn ho kokwaw kɛse wɔ adwinnade yi a yɛde di dwuma no mu no, yɛn mmusua, yɛn Bible asuafo ne yɛn asafo no benya mu mfaso. Krataa yi afoforo a ɛbɛba akyiri yi bɛhwehwɛ mmeae pɔtee a Watch Tower Publications Index no betumi de mmoa kɛse ama wɔ yɛn Ahenni som adwuma a yɛbɛyɛ no mu mu.