Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 3/91 kr. 1-2
  • Yɛn Ahenni Som Adwuma A Yɛbɛyɛ Sɛ Yehowa Adansefo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yɛn Ahenni Som Adwuma A Yɛbɛyɛ Sɛ Yehowa Adansefo
  • Yɛn Ahenni Som—1991
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Abusua No Betumi Anya Index No Mu Mfaso
    Yɛn Ahenni Som—1991
  • Yɛn Ahenni Som Adwuma A Yɛbɛyɛ Denam Index No Mmoa So
    Yɛn Ahenni Som—1991
  • Yɛn Ahenni Som Adwuma A Yɛbɛyɛ Wɔ Asafo No Mu
    Yɛn Ahenni Som—1991
  • Fa Index No Di Dwuma Na Ama Woanyin Wɔ Honhom Mu
    Yɛn Ahenni Som—1987
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1991
km 3/91 kr. 1-2

Yɛn Ahenni Som Adwuma A Yɛbɛyɛ Sɛ Yehowa Adansefo

1 Sɛ Yehowa Adansefo no, yɛn na yɛwɔ hokwan a ɛso sen biara wɔ asase so. Yɛyɛ Yehowa ananmusifo wɔ amansan asennibea a edi wɔn a wɔsom wɔn sɛ anyame nyinaa asɛm no mu. (Yes. 41:1, 23; 43:12) Nea ɛbɛboa yɛn ma yɛde yɛn anidaso ho anoyi a ɛfata ama no, Yehowa de nhoma ahorow pii ama. (1 Pet. 3:15) Watch Tower Publications Index no yɛ nhoma titiriw a yɛnam so nya nsɛm a yehia no. N’afã atitiriw no bi a yebehu no bɛboa yɛn ma yɛn ho akokwaw wɔ dwuma a yɛde di no mu.

2 Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa bu asɛmti titiriw a ɛne Jehovah no yiye. So wubetumi ahu nhoma ahorow a ɛkyerɛkyerɛ nneɛma bɔne a Yehowa ama ho kwan bere tiaa bi no mu no wɔ saa asɛmti no ase wɔ 1986-1989 Index no mu? Afei nso, wubehu asɛmti ketewa Name wɔ 1930-1985 Index no ne mprempren Index no mu. Biribiara a wɔatintim afa edin Yehowa ho no ho nhoma ahorow wɔ ha.

3 Asɛmti foforo a ɛho hia kɛse ne Jehovah’s Witnesses. Ɛkyerɛ nhoma ahorow a ɛka Yehowa Adansefo ho asɛm sɛ ahyehyɛde. So wunim adwene a yɛwɔ wɔ nhomasua a ɛkɔ anim, funu a wɔpaapae, obi a wokum no bere a obi foforo rebɔ n’ankasa ho ban, anaasɛ ɔmanfo yiyedi ho mmoa ho? Wubehu saa nsemmisa no ho nhoma ahorow wɔ asɛmti ketewa attitude toward​—no ase. Afei nso, wɔahyehyɛ Yehowa Adansefo ho nnɛyi abakɔsɛm wɔ aman ahorow so wom, na yehu nsɛm pii a wɔaka afa Yehowa Adansefo ho wɔ asɛmti ketewa Stataments by Others no ase.

4 Yebetumi ahwehwɛ sɛnea nnɛ bere yi mu Yehowa nkurɔfo ayɛ wɔn Ahenni som adwuma no ho nsɛm bere a yɛde nsɛmti atitiriw pii di dwuma no. Asɛmti ketewa Clarification of Beliefs wɔ asɛmti Dates ase. Wɔahyehyɛ nkyerɛkyerɛ, nkɔmhyɛ ne nkɔmhyɛ nsusuwso mu ntease a yɛwɔ ho nkyerɛkyerɛmu atitiriw ho nhoma ahorow nnidiso nnidiso sɛnea afe a wɔde kyerɛwee no te. Ɛkame ayɛ sɛ Dates of Prophetic Significance di akyi pɛɛ. Eyinom yɛ mfe a nkɔmhyɛ ahorow anaasɛ nkɔmhyɛ nsusuwso nyaa mmamu anaasɛ efii ase nyaa mmamu.

5 Yehowa nkoa anokwafo asetra ho abakɔsɛm hyɛ yɛn nkuran na ɛkyerɛkyerɛ yɛn. Ebetumi aboa yɛn ma yɛato nhyɛase a ɛyɛ den ama daakye wɔ yɛn mmofra ne yɛn Bible asuafo mu. Wonam wɔn ankasa din ne asɛm no asɛmti wɔ Life Stories of Jehovah’s Witnesses ase no so behu saa asetra ho abakɔsɛm yi.

6 Ade a ɛma Yehowa nkurɔfo da nsow ne anidaso a ɛwɔ hɔ ma wɔn a wɔanya Yehowa anim dom​—ɔsoro de ne asase so de ho Kyerɛwnsɛm mu nkyerɛkyerɛ no. Asɛmti titiriw a yehu wɔn a wɔanya “ɔsoro frɛ” no ho nhoma wɔ ase no ne Congregation of God. (Heb. 3:1; Aso. 20:28; 1 Tim. 3:15) Nsɛmti afoforo ne Remnant ne 144,000. Nsɛmti abien a ɛne Great Crowd ne Other Sheep no ne nsɛmti atitiriw a ɛtwe adwene si wɔn a wɔn anidaso ne daa nkwa wɔ asase so no ho nsɛm so.​—Adi. 7:9; Yoh. 10:16.

7 Sɛ ebia yɛyɛ mmofra anaasɛ mpanyimfo no, hokwan a yɛanya sɛ yɛyɛ Yehowa Adansefo mu biako no fa yɛn asetra fã biara ho. Yɛn Ahenni Som no mu nsɛm a ɛbɛba akyiri yi bɛkyerɛ sɛnea Index no betumi aboa yɛn wɔ yɛn som adwuma, asafo no, abusua no ne asɛnka mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena