Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 6/91 kr. 2
  • Sɛnea Abusua No Betumi Anya Index No Mu Mfaso

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Abusua No Betumi Anya Index No Mu Mfaso
  • Yɛn Ahenni Som—1991
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yɛn Ahenni Som Adwuma A Yɛbɛyɛ Denam Index No Mmoa So
    Yɛn Ahenni Som—1991
  • Yɛn Ahenni Som Adwuma A Yɛbɛyɛ Sɛ Yehowa Adansefo
    Yɛn Ahenni Som—1991
  • Fa Index No Di Dwuma Na Ama Woanyin Wɔ Honhom Mu
    Yɛn Ahenni Som—1987
  • ‘Nsɛm A Ɛyɛ Dɛ, Nokware Nsɛm A Yɛbɛhwehwɛ’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1991
km 6/91 kr. 2

Sɛnea Abusua No Betumi Anya Index No Mu Mfaso

1 1 Timoteo 5:4 ka abusua mufo ho asɛm sɛ: “Wonsua onyamesom pa wɔn fi mu kan.” Nokwarem no, onyamesom pa ahofama a yebeyi adi akyerɛ wɔ sɛnea yɛne yɛn abusua mufo di mu no yɛ ade a ɛsɛ sɛ yesua. Eyi mu no, yehia ɔsoro akwankyerɛ, efisɛ yɛn abusuafo a yɛbɛhwɛ wɔn no yɛ yɛn Kristofo asɛyɛde no fã. Watch Tower Publications Index no betumi aboa yɛn ma yɛanya nsɛm tebea horow a ɛsɔre wɔ abusua asetra mu no ho akwankyerɛ.

2 Wɔhyehyɛ abusua bere a ɔbarima ne ɔbea ware no. (Gen. 2:24) So woresusuw aware ho anibere so? Wubehu asɛmti ketewa a ɛne “selecting a mate” wɔ asɛmti a ɛne “Marriage” ase. Nhoma ahorow no bɛtwe w’adwene asi adeyɛ yi a ɛtɔ da bi a, ne yɛ yɛ den no ho afotu a ɛboa so. Index no nso kura nsɛmti nketewa a ɛne “husband’s role” ne “wife’s role,” na emu biara de nsɛm a ɛho bɛba wɔn a wɔpɛ sɛ wɔware anaa wɔaware dedaw no ho mfaso ho nhoma ma. Bio nso, nsɛmti nketewa te sɛ “basis for happiness,” “communication,” ne “faithfulness” twe adwene si nsɛm a ebetumi ama aware ayɛ papa so. Sɛ nsɛnnennen sɔre a, asɛmti ketewa te sɛ “problems” betumi atwe w’adwene asi sɛnea mubetumi asiesie ho afotu a etu mpɔn so.

3 Mmofra yɛ agyapade a efi Yehowa hɔ. (Dw. 127:3) Ɔkwan bɛn so na awofo betumi atete wɔn mma wɔ “[Yehowa] kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu”? (Efe. 6:4) Nea ɛho hia titiriw ne akwankyerɛ a Yehowa nam n’Asɛm ne akoa nokwafo ne ɔbadwemma no so de ma no. Ehia sɛ awofo hu wɔn mma nkate ne wɔn ahiade ahorow. Yebetumi ahu afotu ne nyansahyɛ ahorow a ɛboa denam Index no mu nsɛmti a ɛne “Children” ne “Youths” no so. Na Yehowa mmara a yɛde bɛhyɛ wɔn koma a enyinii no mu nso ɛ? Asɛmti a ɛne “Child Training” twe adwene si mmofra ntetee afã horow nyinaa, a sɛnea yɛbɛboa wɔn ma wɔn ankasa ne Yehowa anya abusuabɔ, na wɔn kɔn adɔ nokware no ka ho ho nkɔmmɔbɔ a ɛma nhumu so.​—1 Pet. 2:2.

4 Abusua Bible mu nkɔmmɔbɔ a wodi kan yɛ ho nhyehyɛe ho hia na abusua no adi yiye. (Deut. 6:6-9; Yes. 54:13; Efe. 5:25, 26) Yebetumi ahu abusua nkɔmmɔbɔ a anigye wom ho nsɛm ho nhoma wɔ asɛmti a ɛne “Families” no ase. Nsɛmti nketewa a ɛne “Bible study” ne “teaching children from infancy” de nhoma ahorow pii a ɛde sɛnea yebetumi ayɛ abusua adesua wɔ ɔkwan a etu mpɔn na ɛyɛ anigye so ho akwankyerɛ ahorow ma wɔ 1930-1985 Index no mu. Afei nso, dɛn nti na wunsusuw Yehowa Adansefo asetra ho nsɛm ho wɔ bere ne bere mu? Mpɛn pii no yebetumi ahu eyinom wɔ nsɛmti a ɛne “Fulltime Ministry,” “Missionaries,” “Pioneers,” ne nea ɛkeka ho ase. Yehu ne nyinaa wɔ “Life Stories of Jehovah’s Witnesses” ase, a asetra ho nsɛm a ekura nsɛmti te sɛ “Decisions That Have Contributed to a Happy Life,” “Joyful, Despite My Handicap” ne “Serving God as a Family” ka ho.

5 Watch Tower Publications Index no yɛ adwinnade pa a ɛbɛboa wo ma woanya abusua asetra ho afotu ne adwene a wokura wɔ ho pii. Ɛmmra sɛ ɛbɛboa wo ma woanya anigye kɛse wɔ w’asɛyɛde ahorow a wudi ho dwuma wɔ abusua no mu no mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena