Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 3/91 kr. 1
  • Fa Akokoduru To Nsa Frɛ Afoforo Sɛ “Bra!”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Fa Akokoduru To Nsa Frɛ Afoforo Sɛ “Bra!”
  • Yɛn Ahenni Som—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • FA AKOKODURU NYA MU KYƐFA
  • “Honhom No Ne Ayeforo No Kɔ So Ara Ka Sɛ: ‘Bra!’”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • “Ma Obiara A Ɔte Nka Sɛ: ‘Bra!’”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Ɔsatu a Ɛsow Aba
    Yɛn Ahenni Som—2013
  • To Nsa Frɛ Wɔn
    Yɛn Ahenni Som—2015
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1991
km 3/91 kr. 1

Fa Akokoduru To Nsa Frɛ Afoforo Sɛ “Bra!”

1 Nsɛm a esisi ntɛm wɔ wiase nyinaa no ma wohu mmere yi sɛ “nna a edi akyiri.” (2 Tim. 3:1-5) Nsɛmmɔnedi a ɛredɔɔso, sikasɛm a ɛsɛe, nyarewa a ebetumi akum obi ma ahokyere no yɛ kɛse. Nanso anigyesɛm ne sɛ wɔ amanehunu a ɛte sɛɛ nyinaa akyi no, wɔreto nsa afrɛ nnipa sɛ wɔmmɛyɛ biribi a ebenya wɔn so tumi daa. Honhom no ne ayeforo no kɔ so ka sɛ: “Bra!” Mprempren “nnipakuw kɛse” bi abɛka wɔn ho ma wɔreto nsa frɛ nnipa a wɔwɔ mmeae nyinaa wɔ baguam sɛ wɔmmra mmegye nkwa nsu kwa.​—Adi. 7:9; 22:17.

2 Ɛnnɛ, wɔn a trenee ho sukɔm de wɔn no mu pii regye ɔfrɛ yi so. Afe a etwaam no, nnipa ɔpepem pii kɔɔ ɔmantam nhyiam horow a wɔyɛe no, na nnipa bɛyɛ ɔpepem du baa Nkaedi no ase. Nnipa afoforo ɔpepem pii nso rekyerɛ Yehowa nsiesiei ho anisɔ denam Ahenni nkrasɛm no a wotie no so. Ɛnde, hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yɛde yɛn bere bedi dwuma nyansam de ato nsa afrɛ afoforo wɔ baguam ne wɔ afie afie!​—Aso. 5:42; Efe. 5:15, 16.

FA AKOKODURU NYA MU KYƐFA

3 Nsiyɛ a Kristofo a wodi kan no de yɛɛ asɛnka adwuma no nti, wɔtaa wɔn. (Aso. 16:19-21: 17:2-8) Nanso, wɔannyae mmɔden a wɔbɔe akokoduru so sɛ wɔbɛbɔ asɛmpa no dawuru no da. Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛda akokoduru adi na yesi yɛn bo wɔ mmɔden a yɛbɔ sɛ yɛbɛka asɛmpa no mu.

4 Wɔ aman a wɔabara adwuma no wɔ hɔ mpo mu no. anuanom no a wɔn koma nyinaa mu nya asɛnka adwuma no mu kyɛfa wɔ ɔtaa a emu yɛ den a wɔn adwuma, wɔn fie ne wɔn ahofadi mpo a ebetumi afi wɔn nsa ka ho nyinaa akyi. Wɔn nhwɛso pa no yɛ nkuranhyɛ ma yɛn sɛ yɛnkɔ so nto nsa mfrɛ afoforo sɛ “Bra!”​—2 Tess. 3:9

5 Bɛboro mfe 35 wɔ bere a onuawa bi suaa nokware no akyi no, ɔkɔɔ so kuraa ɔpɛ a na ɔwɔ wɔ ne koma mu sɛ ɔbɛyɛ ɔkwampaefo no mu. Bere a odii mfe 70 no, ne nsɛm tebea sakrae, na ɔbɛyɛɛ daa ɔkwampaefo. Ɛwom sɛ nnipa a wɔadi saa mfe no mu kakraa bi pɛ na wobefi ase ayɛ adwuma foforo de, nanso ɔyɛɛ saa. Bere a mprempren a ɔde mfe dodow bi ayɛ bere nyinaa som adwuma no, ose: “Ɛyɛ yiye da biara.” Wama afoforo anya honhom mu ahoɔden esiane akokoduru a ɔde gyee nsa a Yehowa to frɛɛ no sɛ ɔnyere ne ho na onnya Ahenni adwuma no mu kyɛfa kɛse no so nti.

6 Sɛnea na ɛte wɔ afeha a edi kan no mu no, nkurɔfo regye ɔfrɛ yi so, wɔsakra wɔn nsusuwii, wɔyɛ wɔn adwene foforo, na wogyae wɔn nneyɛe a egu Onyankopɔn anim ase no. Wɔbɛyɛ amanaman ntam Adansefo a wɔahyira wɔn ho so no mufo, na wɔkɔka honhom no ne ayeforo no ho ma wɔka kyerɛ nnipa komapafo afoforo sɛ “Bra!”

7 Nkɔanim kɛse a Ahenni adwuma no anya ne baa dwumadibea ahorow a wɔtrɛw mu wɔ nsase pii so no di Yehowa nhyira ho adanse. Nanso bere a saa nhyehyɛe dedaw yi wɔ no reba awie. Bere a ɛfata sɛ yɛde akokoduru ne nsiyɛ to nsa frɛ afoforo sɛ “Bra!” no ni, sɛnea ɛbɛyɛ na afoforo atumi agye so ntɛm ara na wɔayɛ nea wɔte no ho biribi.​—Aso. 20:26, 27; Rom. 12:11.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena