Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
DAPƐN A EDI KAN
10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ a wɔapaw. Sɛ bere ma kwan a, fa akwan a wɔbɛfa so de nsɛmma nhoma a aba foforo ama wɔ mo asasesin mu ho nyansahyɛ ma. Hyɛ wɔn nkuran sɛ wɔmfa wɔn ho nhyɛ asɛnka mu dapɛn awiei yi.
15 min: Yɛ Nhyehyɛe ma Akwampaefo Aboafo Adwuma wɔ Nkaedi Bere no mu. Nkuranhyɛ ɔkasa a nsɛm a ɛbɛboa wɔn a wɔbɛpɛ sɛ wɔyɛ akwampaefo aboafo wɔ March anaa April mu anaasɛ asram abien no nyinaa mu ka ho. Twe adwene si akwampaefo aboafo adwuma ho nsɛm a ɛwɔ Nkaebɔ Ahorow afa hɔ no so. Kyerɛkyerɛ nhyehyɛe ahorow a asafo no ne adawurubɔfo ankorankoro betumi ayɛ na wɔayɛ akwampae adwuma wɔ Nkaedi bere no mu no mu. Fa akwampaefo aboafo adwuma ho akwammisa nkratasin kura na wode ama wɔn a ebia wɔbɛpɛ sɛ wɔhyehyɛ bi wɔ nhyiam no akyi no. Wubetumi aka sɛ dapɛn awiei anum na ɛwɔ March mu, ne sɛ yɛbɛbɔ mmɔden titiriw ato nsa afrɛ nkurɔfo aba Nkaedi no ase wɔ March 30, ne baguam ɔkasa titiriw a wɔbɛma no April 7 no ase.
20 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Bere Titiriw Mu.” Nsemmisa ne mmuae. Ɔkasa a emu yɛ hyew na ɛyɛ anigye a wɔde hyɛ asafo no nkuran na wɔanya da a ɛsen biara wɔ afe no mu no ho atenka no bi. Si sɛnea ɛho hia sɛ wɔyɛ nhyehyɛe pa na wɔakɔsra nnipa a wɔbaa Nkaedi no nea edi kan a wɔkyerɛ anigye no so dua.
Dwom 129 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A ƐTO SO ABIEN
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Sika akontaabu. Da ayamye a asafo no de adi mo asafo no mu ahiade ho dwuma ho anisɔ adi, ka ntoboa a mode manae a Asafo ti no kyerɛ sɛ nsa aka no ho asɛm kyerɛ anuanom.
10 min:”Yehowa a Yeyi N’ayɛ wɔ Nnwonto mu.” Nkuranhyɛ ɔkasa a egyina asɛm no so. Fa anwummere yi dwumadi mu nnwom no kyerɛkyerɛ nsɛntitiriw a wɔada no adi wɔ asɛm yi mu no mu. Wɔ asafo ahorow bi fam no, wɔrentumi nto nnwom wɔ asafo nhyiam horow ase, wontumi nto no brɛoo mpo, esiane nsa a ɛda yɛn dwumadi so no nti. Nanso, ɛtɔ da bi a, yenya kwan to dwom wɔ baguam, te sɛ wɔ ayi ne yeforohyia ase.
15 min: “Fa Akokoduru to Nsa Frɛ Afoforo sɛ “Bra!” Asemmisa ne mmuae a wɔde susuw asɛm ho ne ɔyɛkyerɛ ahorow. Ka Yɛn Ahenni Som no mu asɛm no ho asɛm, na si afe asɛm a ɛne Adiyisɛm 22:17 a yɛde bedi dwuma so dua. Yɛ ɔyɛkyerɛ abien fa kyerɛ sɛnea wɔde nhoma a yɛde rema mprempren no bɛma wɔ mo asasesin no mu.
10 min: “W’ani Hwɛ He?” Ɔkasa a nkate wom. Si sɛnea ɛho hia sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so bere nyinaa no so dua.
Dwom 20 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A ƐTO SO ABIƐSA
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Asemmisa Afa. Kyerɛ sɛnea ɛho hia sɛ adawurubɔfo nyinaa hu wɔn asafo no din ankasa, ne emu mpanyimfo no bi nso din, sɛ ɛnyɛ wɔn nyinaa mpo a. Hyɛ asɛnka adwuma mu kyɛfa kɛse a wobenya dapɛn awiei yi ho nkuran, na fa sɛnea wobetumi ato nsa afrɛ anigyefo ma wɔaba Nkaedi no ho nyansahyɛ ma.
15 min: “Yɛn Ahenni Som Adwuma a Yɛbɛyɛ sɛ Yehowa Adansefo.” Onuabarima a ɔfata sɛ ɔkyerɛkyerɛ ka asɛm a wɔde ama no ho asɛm, na ɔkyerɛ sɛnea yɛde afã horow bedi dwuma na yɛn som adwuma atu mpɔn.
20 min: Ka sɛ “Bra!” Fa Nya Wiase Nyinaa Anigye no Bi. Ɔkasa, nsɛm a wobisabisa, osuahu ahorow, a egyina January 1, 1991 Ɔwɛn-Aban mu nsɛm so. Ɔwɛn-Aban no mu nsɛm ho ɔkasa a ɛyɛ anigye na ɛhyɛ nkuran a mo asafo no mu adawurubɔfo mmɔdenbɔfo nsɛm ne osuahu ahorow a ɛda saa anigye no adi ka ho.
Dwom 211 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A ƐTO SO ANAN
10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Teokrase Nsɛmmansɛmma. Fa akwan a ɛfata a wɔbɛfa so ato nsa afrɛ anigyefo aba Nkaedi no ho nyansahyɛ ma na yɛ ho ɔyɛkyerɛ. Hyɛ asɛnka mu kyɛfa a wobenya dapɛn awiei yi ho nkuran.
15 min: “Sɛnea Yehowa ma N’adwuma kɔ So.” Ɔkasa a egyina December 1, 1990. Ɔwɛn-Aban, nkratafa 22-5 mu nsɛm so.
20 min: Siesie Wo ho Ma Ɔsom Adwuma wɔ April Mu. Yɛde Revelation—Its Grand Climax At Hand! nhoma no bɛma wɔ April mu. Wɔde nhoma yi a yɛde bɛkyerɛ na yɛde ama ho nyansa a eye mae wɔ March 1989 Yɛn Ahenni Som no mu. Munsusuw nyansahyɛ ahorow yi a ebetumi aboa adawurubɔfo no dapɛn awiei yi mu bi ho. Ma wɔnyɛ nhoma no a wɔde ma ho ɔyɛkyerɛ a wɔasiesie no yiye.
Dwom 63 ne mpaebɔ a wɔde wie.