Yɛn Ahenni Som Adwuma A Yɛbɛyɛ Wɔ Asafo No Mu
1 Yehowa nam Yesu Kristo, Kristofo asafo no Ti, so de asɛyɛde ama “akoa nokwafo ne ɔbadwemma,” anaasɛ ofiepanyin no. (Luka 12:42, 43) Nhyehyɛe yi ama yɛatumi anya sɛnea ‘yebebu yɛn bra wɔ Onyankopɔn fl’ no ho akwankyerɛ a wɔatintim. (1 Tim. 3:15) Yɛn adwinnade titiriw a yɛde hwehwɛ nea wɔatintim no ne Watch Tower Publications Index no. Ɔkwan bɛn so na ebetumi aboa wo?
2 So woyɛ ɔpanyin? Nsɛmti abien wɔ hɔ a ɛka w’asɛyɛde ahorow ho asɛm: “Elders” ne “Overseers.” Nhoma ahorow a ɛbɛma woanya nsɛm a wode bɛboa afoforo pii wɔ asafo no mu, sɛnea wode afotu bɛma, mpanyimfo kuw no mufo ntam abusuabɔ, mpanyimfo asɛyɛde ahorow, ne ade, no mu pii wɔ “Elders” afã hɔ. Nea ɛma obi fata sɛ ɔpanyin ho nhoma wɔ “Overseers” ase, efisɛ saa asɛmti no ne asɛmfua a Bible no de di dwuma, bere a ɛka eyi ho asɛm no. Dwumadi pɔtee te sɛ “presiding overseer,” “service overseer,” ne “secretary” nso wɔ “Overseers” ase. Asɛmti titiriw a ɛne “Congregations” nso bɛma woanya nsɛm a ɛboa.
3 Mo a moyɛ asafo mu asomfo nso yɛ adwuma a ɛho hia wɔ asafo no mu. Asɛmti a ɛne “Ministerial Servants” ka nea ɛma mofata ne mo asɛyɛde ahorow ho nsɛm. Mubehu sɛnea ɔsom mu hokwan ahorow a abue ama mo no ho hia, ne sɛnea mo nsa bɛka asɛyɛde afoforo ho nhoma ahorow nso.
4 Mpanyimfo ne asafo mu asomfo nyinaa wɔ hokwan ahorow wɔ nhyiam horow a wɔyɛ wɔ asafo no mu no mu. Asɛmti a ɛne “Meetings” de asɛm fã biara a nhwɛso ahorow a ɛyɛ anigye a ɛwɔ “efforts to attend” ase nso ka ho ho nhoma ma. Ɛwom, nhyiam horow yi mu biara ho asɛmti atitiriw nso wɔ hɔ.
5 Dwom 68:11 se: “Mmea a wɔka nkonim asɛmpa no asafo sõ.” Te sɛ mmarima a wɔwɔ asafo no mu no, ɛsɛ sɛ anuawanom nso bu ɔbra a wɔhwehwɛ afi wɔn hɔ wɔ Onyankopɔn fi no. Ɛtɔ da bi a, nsɛm te sɛ bere bɛn na ɛsɛ sɛ onuawa bi kata ne ti, anaa nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ bere a onuabarima a ɔfata sɛ ɔhwɛ nhyiam bi so anaasɛ ogyina asafo no ananmu bɔ mpae nni hɔ ho nsemmisa sɔre. Asɛmti a ɛne “Women” no betumi ama wɔanya nsɛmti yi ho nsɛm. Nsɛmti a ɛne “Sisters,” “Head Covering,” ne “Prayer” nso boa.
6 1 Timoteo 3:15 fã a etwa to kyerɛ sɛ Kristofo asafo no yɛ “nokware dum ne nnyinaso.” Ɛyɛ hokwan a yɛanya sɛ yegyina nokware no akyi, bere a yebu yɛn bra sɛnea ɛfata wɔ Onyankopɔn fi, na yɛyɛ yɛn Ahenni som adwuma wɔ asafo no mu no.