Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ Wɔ Bere Titiriw Mu
1 Yɛn kalenda so da a ɛho hia sen biara wɔ afe yi mu ne Memeneda, March 30. Saa da no bere a awia akɔtɔ akyi no, yɛbɛyɛ Yesu wu Nkaedi no. (1 Kor. 11:20, 24) Dɛn nti na wɔyɛɛ da a Yesu wui no da a ɛsɛ sɛ yɛkae titiriw?
NKAEDI NO—NEA ƐKYERƐ
2 Yesu wu no yɛ asɛm a ɛho hia wɔ amansan no mu. Bere a ɔsomafo Paulo rekyerɛw Kristofo a wɔde honhom awo wɔn no asafo no mufo no, ɔkae sɛ: “Na da biara a mubedi abodoo yi, anaasɛ mobɛnom kuruwa yi ano no, monka Awurade wu no nkosi sɛ ɔbɛba.” (1 Kor. 11:26) Enti Nkaedi no twe adwene si nea Yesu Kristo wu no kyerɛ wɔ Yehowa atirimpɔw ho dwumadi mu so titiriw. Esi nea Yesu afɔrebɔ wu no kyerɛ so dua, ne titiriw no wɔ apam foforo no mu, ne sɛnea ne wu no ka wɔn a wɔbɛyɛ ne yɔnko adedifo wɔ ɔsoro Ahenni no mu no.—Yoh. 14:2, 3; Heb. 9:15.
3 Yesu nam ne mudi mu a okurae kosii bere a owui no so tew n’Agya din ho, na ɔdaa no adi sɛ onipa a ɔyɛ pɛ betumi adi Onyankopɔn nokware wɔ sɔhwɛ biara a ebia Satan de bɛba no so no mu. Ne wu no de ɔdesani afɔrebɔ a ɛyɛ pɛ a wohia na wɔagye Adam asefo no nso mae, na ama atumi ayɛ yiye sɛ nnipa pii a wobenya gyidi no bɛtra ase daa wɔ paradise asase so. Esiane nea wɔnam Yesu wu no so betumi ayɛ nyinaa nti, na ɛfata yiye sɛ ɔde ahyɛde ma n’asuafo sɛ wɔnkae ne wu no.—rs nkr. 266-7.
SƐNEA YEBETUMI AKYERƐ ANISƆ
4 Wiase no wɔ afahyɛ pii wɔ afe no mu, na wɔyɛ nneɛma pii de ma enya nkɔso. Nea ɛne eyi bɔ abira no, Awurade Anwummeduan no ne afahyɛ biako pɛ a wɔde ahyɛde maa Yesu anammɔn akyidifo a wɔwɔ ahofama no sɛ wonni. Akyinnye biara nni ho sɛ ɛyɛ afe no mu afahyɛ a ɛsen biara ma nokware Kristofo nyinaa. So ɛnsɛ sɛ ade titiriw a Awurade Anwummeduan a ɛyɛ nkaede no kyerɛ no kanyan yɛn ma yedwen ho yiye wɔ March mu?
5 Ebia yebetumi agye simma kakraa bi wɔ March dapɛn biara mu ne yɛn Bible asuafo asusuw kyerɛw nsɛm a esi nea Kristo wu no kyerɛ so dua ho, na yɛakyerɛ wɔn nea yegyina so yɛ Nkaedi no. Yebetumi ahyɛ wɔn nkuran nso sɛ wonni Nkaedi Bible akenkan ma March 25-30 no akyi yiye. Eyi betumi aboa wɔn ma Awurade Anwummeduan no ho anisɔ a wɔwɔ no ayɛ kɛse.
6 Esiane sɛ Nkaedi no si Memeneda nti, ɛbɛyɛ mmerɛw kɛse ama pii sɛ wɔbɛyɛ nhyehyɛe aba. Adawurubɔfo pii de nokwasɛm a ɛyɛ sɛ dapɛn anum na ɛwɔ March mu no redi dwuma de asom sɛ akwampaefo aboafo. Eyi ma wonya Awurade Anwummeduan afahyɛ no so dua a yesi no mu kyɛfa kɛse. Ɛma wonya hokwan afoforo nso de boa afoforofo ma wosiesie wɔn adwene ma bere titiriw yi.
7 Esiane nea Nkaedi afahyɛ no kyerɛ nti, momma yɛnyɛ nea yebetumi biara mfa mmoa afoforo na ama wɔaba bi. Yebetumi ahu nneɛma a ɛsɛ sɛ mpanyimfo no di ho dwuma ho nkaebɔ wɔ March 1989 ne March 1990 Yɛn Ahenni Som no mu.
8 Ɛmmra sɛ yɛde nhumu ne nea Yesu wu no kyerɛ ma adesamma nyinaa ho anisɔ kɛse behyia 1991 mu da titiriw yi kwan. Yiw, ɛmmra sɛ yɛn nyinaa bɛkɔ bi wɔ March 30 anwummere, bere a Yehowa nokware asomfo de nokwaredi di Yesu ahyɛde a ese “monka Awurade wu no nkosi sɛ ɔbɛba” no so bio no.