Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/91 kr. 2
  • Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
  • Yɛn Ahenni Som—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • DAPƐN A EDI KAN
  • DAPƐN A ƐTO SO ABIEN
  • DAPƐN A ƐTO SO ABIƐSA
  • DAPƐN A ƐTO SO ANAN
  • DAPƐN A ƐTO SO ANUM
Yɛn Ahenni Som—1991
km 4/91 kr. 2

Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

DAPƐN A EDI KAN

Dwom 4

5 min: Asafo mu nkaebɔ ne Our Bulletin no mu Nkaebɔ a wɔapaw. Ka dapɛn yi awiei asɛnka nhyehyɛe ho asɛm.

15 min: Wɔn a Wɔbaa Nkaedi no a Yɛbɛboa Wɔn. Atiefo nkɔmmɔbɔ. Onigyeni no nam ba a ɔbae no so de ɔdɔ a ɔwɔ ma Yehowa no ho adanse ama. Nkaedi a wɔbɛba pɛnkoro pɛ wɔ afe no mu no dɔɔso ma ebinom. Wɔmpɛ sɛ wɔbɛba dapɛn biara asafo nhyiam horow no. Dɛn na wubetumi atwe wɔn adwene asi so? (2 Ahe. 10:15, 16; Gal. 6:6) Wobɛyɛ dɛn atumi akanyan wɔn akɔnnɔ ama dapɛn biara nhyiam horow no? (Nyansahyɛ biako ne sɛnea yɛyɛ nhyiam horow no ne atirimpɔw nti a yɛyɛ no ho asɛm a wobɛka. Wubetumi ne wɔn akenkan Yehowa Adansefo​—Wɔde Biakoyɛ Reyɛ Onyankopɔn Apɛde wɔ Wiase Nyinaa afã horow a ehia na wo ne wɔn asusuw ho.) Sɛ woayɛ nea wɔaka wɔ atifi hɔ no wɔ bere a atwam no mu na ama osuani bi aba nhyiam horow, nanso antumi amma wanyɛ saa a, wubetumi de anifere ahwehwɛ nea ɛhaw no ankasa na ama woatumi akɔ so aboa no. Wo ne no besusuw Hebrifo 10:24, 25; Dwom 122:1; 84:10; Mateo 18:20 ho dɛn? Dɛn nti na eye sɛ wobɛboa Bible suani no ma wadwen ɔne Yehowa ntam abusuabɔ ho? (Mal. 1:6; 2 Kor. 6:14-18) Ɔkwan bɛn so na nhyehyɛe foforo mu a ɔbɛtra ho anidaso yɛ nkuranhyɛ a ɛbɛma watie Yehowa wɔ biribiara mu? (Yes. 65:17-19; Adi. 21:1-4) Hyɛ obiara nkuran sɛ ɔmmɔ mmɔden yiye mmoa wɔn a wɔbaa Nkaedi no ma wɔmmra dapɛn biara asafo nhyiam horow no na wɔanya nkɔso.

25 min: “So Woyɛ Ɔdawurubɔfo a Ɔkɔ Asɛnka Daa?” Asemmisa-ne-mmuae nkɔmmɔbɔ. Kanyan wɔn ma wonnya adwuma a Onyankopɔn de ama a ɛne sɛ yɛnka asɛmpa no ho anisɔ a efi koma mu. Kyerɛ nneɛma a ɛmma wontumi nkɔ asɛnka daa no, na bisa nea ɛbɛma agyae no ho nyansahyɛ. Sɛ mo nyinaa kɔ asɛnka daa a, kanyan wɔn nyinaa na hyɛ wɔn nkuran sɛ wɔnkɔ so saa daa. Afei nso, hyɛ akwampaefo aboafo adwumayɛ wɔ April mu ho nkuran.

Dwom 6 ne mpaebɔ a Wɔde wie.

DAPƐN A ƐTO SO ABIEN

Dwom 87

10 min: Asafo mu nkaebɔ ne sika akontaabu. Ka ntoboa a wɔkyerɛ sɛ nsa aka ho asɛm ka ho. Kae wɔn nyinaa krataa a ɛyɛ CSB:DA January 30, 1991, a wɔkyerɛw kɔmaa asafo nyinaa sɛ wɔmmoa Liberia anuanom a wɔwɔ yɛn ntam no.

20 min: Monyɛ ho nhyehyɛe anaasɛ momma The Watchtower, April 15, 1990 no nkratafa 26 kosi 28 asɛm a asɛmti no ne “‘Munnyina Pintinn.’ Monhinhim” no sɛ ɔkasa. Ɛsɛ sɛ moma mu nsɛm no fa mo asafo no ho.

15 min: Ɔkasa a egyina November 1, 1990 Ɔwɛn-Aban mu asɛm a ɛne “Kɔ so Ma Wɔnyɛ Wo Pɛ” so.

Dwom 129 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A ƐTO SO ABIƐSA

Dwom 164

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Fa dapɛn no awiei asɛnka nhyehyɛe ka ho.

25 min: “Abusua Adesua a Ɛsow Aba a Yɛbɛyɛ.” Asemmisa ne mmuae. Yɛ agya a ɔreyɛ abusua dapɛn biara adesua ho ɔyɛkyerɛ wɔ nkyekyem 7. Ɔde mpɔtam hɔ ɔhaw bi redi dwuma de atwe abusua no adwene asi sɛnea eye sɛ wɔde Bible nnyinasosɛm bedi dwuma no so. Sɛ moresusuw nkyekyem 8 ho a, yɛ ɔyɛkyerɛ foforo. (Wubetumi ama abusua koro no ayɛ.) Abofra no biako ma mmuae a ɛnteɛ. Agya no nka n’anim na mmom ɔde ahokokwaw boa no ma ohu Bible no adwene. Kamfo awofo wɔ wɔn mmmɔdenbɔ ho, hyɛ wɔn a wɔnyɛ abusua adesua no nkuran ɔhyew so sɛ wɔnyɛ saa dapɛn yi.

10 min: Ka mo asafo no dwumadi wɔ ɔsom afe yi mu besi nnɛ ho asɛm, na si asɛnka ne nhyiamkɔ so dua.

Dwom 221 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A ƐTO SO ANAN

Dwom 135

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Teokrase Nsɛmmansɛmma. Ka asɛnka nhyehyɛe ne nsɛmma nhoma a aba foforo a mubetumi de adi dwuma wɔ nsɛmma nhoma kyekyɛ mu no mu nsɛntitiriw ho asɛm. Wubetumi aka nhoma a yɛde rema no ho osuahu akyerɛ.

15 min: Siesie Nnianim Nsɛm a Etu Mpɔn. Ɔpanyin a otu mpɔn wɔ asɛnka mu boa adawurubɔfo ma wosiesie nnianim nsɛm a ɛbɛfata mo asasesin no. Ma nyansahyɛ no nnyina Reasoning nhoma no nkratafa 9-15 so. Ka nnianim nsɛm a wobetumi de ɛno ne mprempren Nkɔmmɔbɔ Asɛmti anaasɛ asɛmti foforo a ɛyɛ ne bere mu de adi dwuma ho asɛm. Ma adawurubɔfo baanu a wɔwɔ osuahu nyɛ asɛm a wɔka kyerɛ wɔ afie afie ho ɔyɛkyerɛ abien, a wɔde nnianim nsɛm a ɛfata mo asasesin no titiriw wɔ nsa a ɛda yɛn dwumadi so yi mu no di dwuma. Sɛ bere ma kwan a, ka mo hɔnom osuahu a ɛkyerɛ sɛnea mfaso wɔ nnianim nsɛm a ɛkanyan ofiewura anigye so ho asɛm tiawa.

20 min: Sɛnea Wubegyina Pintinn wɔ Mmofrabere Mu. Mommɔ krataa a ɛyɛ AB:DD February 14, 1991, a wɔkyerɛw kɔmaa asafo ahorow nyinaa wɔ ɔman ho dɔ ho guasodeyɛ ho mu nsɛntitiriw ho nkɔmmɔ. Bere a woaka krataa no mu nsɛntitiriw awie no, ma abusua bi nyɛ nsɛntitiriw no mu binom ho ɔyɛkyerɛ. Abusua ti bisa mmofra nsɛm te sɛ. “Dɛn na wobɛyɛ sɛ wo kyerɛkyerɛfo fi ase kyerɛ ɔman dwom no anaasɛ ɔman ntam no wɔ mo sukuu dan mu a?”; “So Ɔdansefo abofra betumi asua ɔman ntam no bere a wɔrekyerɛ wɔ sukuu dan mu no? Dɛn ntia?”; “Sɛ wɔrekyerɛ ɔman ntam no wɔ sukuu dan mu na ɔkyerɛkyerɛfo no ka kyerɛ wo sɛ wo nkutoo ka a dɛn na wobɛyɛ?”; “Dɛn nti na Kristoni rentumi mfa ne ho nhyɛ ɔman ho dɔ ho guasodeyɛ mu wɔ baabi a muhyiam to santen?”; “Nkyerɛkyerɛmu bɛn na wode bɛma, sɛ wo kyerɛkyerɛfo bisa wo nea enti a womfa wo ho nhyɛ ɔman dɔ ho guasodeyɛ mu a?”; “Sɛ wɔde wo kɔ ɔkyerɛkyerɛfo panyin no office sɛ womfa wo ho nhyem, na ɔka kyerɛ wo sɛ to ɔman dwom no anaasɛ ka ɔman ntam no a, dɛn na wobɛyɛ? Dɛn ntia?”; Paw atifi hɔ nsemmisa no mu biara na wo ne mmofra no nsusuw ho sɛnea bere ma kwan. Bisa atiefo bere a Kristoni betumi de ne ho ahyɛ ɔman adwuma mu ne bere a saayɛ bɛyɛ nea ebu Kyerɛwnsɛm so ho asɛm.

Dwom 131 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A ƐTO SO ANUM

Dwom 27

5 min: Asafo mu Nkaebɔ.

20 min: “Nya Akokoduru wɔ Yehowa Som Mu.” Ɔkasa a egyina 1973 Yearbook no mu osuahu a asɛmti “Jehovah Sends Forth the Light” a nkratafa 144 kosi 149, nkyekyem 3, na efi ase, ne fi kratafa 157 (“Transcription Machines and Speaking Trumpets”) kosi kratafa 159, nkyekyem 2 no so.

20 min: “Nkɔso a Wubenya wɔ Ɔsom Adwuma no Mu.” Ɔpanyin a ne ho akokwaw ne onuabarima a wayɛ ne ho sɛ ofiewura a ɔde bere bi atra nokware no mu nanso ɔnkɔ n’anim ntam nkɔmmɔbɔ. Ma wɔnyɛ nea ɛsɛ sɛ wosua a wɔaka ho asɛm wɔ nkyekyem 3 no ho ɔyɛkyerɛ tiawa. Sɛ moresusuw nkyekyem 4 ho a, ma ɔkwampaefo anaasɛ ɔdawurubɔfo foforo a otu mpɔn nkyerɛ ɔdawurubɔfo bi a onni osuahu pii sɛnea wodi tebea a muhyia wɔ mo asasesin mu wɔ bere ne bere mu ho dwuma. Fa nyansahyɛ a ɛwɔ April 1, 1986 Ɔwɛn-Aban no nkratafa 13-18 a ɛfa koma mu a wobedu ho no ka nkɔmmɔbɔ no ho. Hyɛ obiara nkuran sɛ ɔnyɛ nhyehyɛe pɔtee bi na ama wanya nkɔso wɔ nkɔmmɔ a ɔne nkurɔfo bɔ ne wɔn a ɔsan kɔsra wɔn mu no mu.

Dwom 123 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena