Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 9/91 kr. 2
  • Ɔsom Nhyiam Horow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔsom Nhyiam Horow
  • Yɛn Ahenni Som—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • DAPƐN A EDI KAN
  • DAPƐN A ƐTO SO ABIEN
  • DAPƐN A ƐTO SO ABIƐSA
  • DAPƐN A ƐTO SO ANAN
  • DAPƐN A ƐTO SO ANUM
Yɛn Ahenni Som—1991
km 9/91 kr. 2

Ɔsom Nhyiam Horow

DAPƐN A EDI KAN

Nnwom: 165, 130

10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Bulletin no mu Nkaebɔ a wɔapaw. Kyerɛ ɔkwan biako anaa abien a wɔnam so de nsɛmma nhoma bɛma a ɛbɛfata mo asasesin no, na hyɛ adawurubɔfo no nyinaa nkuran sɛ wɔnkɔ asɛnka dapɛn yi awiei. Wɔmfa Reasoning nhoma mmra dapɛn a edi hɔ Ɔsom Nhyiam.

20 min: “Yi Onyankopɔn Din Ayɛ Kosi Ase.” Asemmisa-ne-mmuae nkɔmmɔbɔ. Fa ɔyɛkyerɛ a wɔasiesie no yiye a ɛkyerɛ sɛnea wobetumi de Nkɔmmɔbɔ Asɛmti adi dwuma wie. Sakra mu ma ɛne mo hɔnom tebea nhyia. Bere a ɔdawurubɔfo ada ne ho adi sɛnea ɛfata awie no, obetumi aka sɛ: “Ɛnnɛ yɛne yɛn mpɔtam hafo rebɔ sɛnea ehia sɛ yenya daakye ho adwempa ho nkɔmmɔ. Wiase akannifo taa ka nhyehyɛe a wɔayɛ ama wiase papa bi ho asɛm. Dɛn na wɔde wɔn anidaso agyina so? So wugye di sɛ nnipa betumi de wiase pa bi aba? [Ma ommua.] Odiyifo Yeremia aka eyi ho biribi sɛnea wɔakyerɛw wɔ Yeremia 10:23 no. [Kenkan.] Yebetumi anya daakye ho adwempa efisɛ yɛahu bɔ a Onyankopɔn ankasa ahyɛ no. Na saa bɔhyɛ yi bɛbam. Nea ɔsomafo Petro kyerɛw ni. [Kenkan 2 Peter 3:13.] Hwɛ sɛnea wɔasi Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛbɛbam yi so dua wɔ brochure yi mu” Afei ɔdawurubɔfo no betumi de brochure a ɔde rema no mu nsɛm a ɛsɛ no akyerɛ ofiewura no.

15 min: “Aba a Yegu ne Nsu a Yɛde Gugu So​—Akwan a Yɛfa so Yɛ Asuafo.” Wo ne atiefo nsusuw krataa a ɛhyem no kratafa 3, nkyekyem 1-9 ho. Sɛ moresusuw nkyekyem 7-9 ho a, fa asɛm no di dwuma yiye denam nsɛm ntiantiaa a wubebisa adawurubɔfo a wɔatumi ayɛ nea wɔaka ho nsɛm anaa osuahu a moanya wɔ mo hɔnom a ɛkyerɛkyerɛ nsɛntitiriw no mu no so. Hwɛ hu sɛ osuahu ahorow no ne nsɛm a wubisabisa no yɛ ntiantiaa na ɛfa asɛm no ho tẽẽ.

DAPƐN A ƐTO SO ABIEN

Nnwom: 72, 48

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Sika akontaabu. Kenkan ntoboa a mode manae ho krataa ne anisɔ nsɛm a efi asafo ti hɔ no kyerɛ asafo no. Afei nso, kamfo asafo no wɔ mmoa a wɔde ma wɔ mo asafo no ahiade ho. Hyɛ wɔn nkuran sɛ wɔnkɔ asɛnka dapɛn awiei ne mmere afoforo a wɔayɛ nhyehyɛe ama kuw adansedi no.

15 min: “Fi ɔkra Nyinaa Mu Yɛ Asɛnka Adwuma No”​—Ɔfã 2.” Asɛm no ho nkuranhyɛ ne ɔkyerɛkyerɛ ɔkasa a ɛkyerɛkyerɛ sɛnea wɔde Reasoning nhoma no di dwuma mu. Enhia sɛ ɔkasafo no ma afoforo yɛ nsɛm a wɔaka no ho ɔyɛkyerɛ, nanso ɔno betumi akyerɛ sɛnea wobenya nsɛm wɔ nhoma fɛfɛ a yɛde kɔ asɛnka yi mu na wɔde adi dwuma. Kyerɛ nea wɔbɛka akyerɛ no a wosua no ho mfaso wɔ ahosiesie ma asɛnka no mu. Sɛ bere ma kwan a, wubetumi ato nsa afrɛ ɔdawurubɔfo bi ma wakyerɛ sɛnea ɔyɛ eyi.

20 min:”Aba a Yegu ne Nsu a Yɛde Gugu So​—Akwan a Yɛfa so Yɛ Asuafo.” Bere a wode nnianim asɛm a ɛma ɛtoa nea yesuaa dapɛn a atwam no mu no so ama no, fa asemmisa-ne-mmuae susuw krataa a ehyem no nkratafa 3 ne 4, nkyekyem 10-21 ho. Ebia adawurubɔfo bi betumi aka sɛnea wɔama wɔn som adwuma anya nkɔso, na wɔnam nyansahyɛ ahorow a wɔde mae wɔ Our Bulletin a atwam no mu a wɔde dii dwuma no so fii Bible adesua ase ho asɛm.

DAPƐN A ƐTO SO ABIƐSA

Nnwom: 174, 25

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Teokrase Nsɛmmansɛmma. “Onyankopɔn Apɛde a Yɛbɛyere Yɛn ho Denneennen Ayɛ.” Hyɛ anuanom nkuran sɛ wonni kan nyɛ nhyehyɛe na ama wɔakɔ 1992 da koro nhyiam titiriw no. Sɛ bere ma kwan a, kyerɛ nsɛmma nhoma a aba foforo mu nsɛm a ebetumi ayɛ nea ɛfata sen biara a wɔbɛda no adi wɔ asɛnka mu dapɛn yi awiei.

20 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ​—Wɔ Asasesin a Yɛtaa Yɛ Mu Adwuma Mu.” Nsemmisa ne mmuae. Ma asɛm no mfa mo ho anaasɛ sakra mu ma ɛne asafo no ahiade nhyia.

15 min: “Asafo Nhoma Adesua Nhyehyɛe​—Ɔfã 2.” Ɔkasa a ɛhyɛ nkuran a nhoma adesua sohwɛfo a otu mpɔn ma.

DAPƐN A ƐTO SO ANAN

Nnwom: 134, 16

15 min: Asafo mu nkaebɔ. Asafo no asɛnka nhyehyɛe ne nea wɔreyɛ de ahyɛ adawurubɔfo a wɔyɛ akwampaefo nkuran na wɔaboa wɔn ho nkɔmmɔbɔ fefeefe. Hyɛ asɛnka a wɔbɛkɔ dapɛn yi awiei ho nkuran.

15 min: Asafo mu ahiade Wubetumi de June 8, 1991, Awake! mu nsɛm a edi kan no ama nsekudi ho ɔkasa anaa moasusuw ho.

15 min: Asemmisa afã. Nkɔmmɔ a wɔne atiefo bɔ. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔmfa wɔn akontaabu mma ntɛm ɔsram biara.

DAPƐN A ƐTO SO ANUM

Nnwom: 56, 132

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Ka nhoma a yɛde rema ɔsram no mu ho asɛm tiawa, na kae adawurubɔfo no sɛ wommegye Creation nhoma no na wɔde adi dwuma wɔ asɛnka mu dapɛn yi awiei.

17 min: “Ɔyarefo Nsrahwɛ​—Sɛnea Wobɛboa.” March 8, 1991, Awake! mu asɛm ho ɔkasa. Ka nhyehyɛe a asafo no ayɛ de boa wɔn a wɔn mfe akɔ anim, ayarefo, anaa wɔn a wontumi nkɔ baabiara no ho asɛm. Si kratafa 11 nkyekyem 4 no mu nsɛm a ɛfa yɛn ho a yebesiesie yiye ho no so dua.

18 min: “Subammɔne a Yebesiw Kwan na Ansan Amma.” April 8, 1991, Awake! mu asɛmti a wɔma no sɛ ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena