Onyankopɔn Apɛde A Yɛbɛyere Yɛn Ho Denneennen Ayɛ
1 Adwumaden a atirimpɔw wom a ɛma yenya nea yɛpɛ no ma yɛnya akomatɔyam kɛse. (Ɔsɛnk 3:13) Adwuma a wɔyɛ nnɛ bɛn na ɛyɛ nea ɔsen biara a ebetumi ama yɛanya anigye mprempren akosi daakye a enni awiei? Mmuae no yɛ biako pɛ—Onyankopɔn apɛdeyɛ. Wɔbɛhwehwɛ nea enti a ɛte saa no mu fefeefe denam ɔkasa, ɔyɛkyerɛ ne osuahu ahorow so wɔ yɛn 1992 ɔsom afe no mu da koro nhyiam titiriw no dwumadi no mu. Dwumadi no asɛmti bɛyɛ ‘Onyankopɔn Apɛde a Yɛbɛyere Yɛn Ho Denneennen Ayɛ.”—Efe. 6:6; 1 Tim. 4:10.
2 Ɛnnɛ nnipa pii koma ntɔ wɔn yam wɔ nea wɔwɔ wɔ asetra mu, a adwuma a wɔn ani nnye ho ne emu kɛse no ho koraa, na wɔn aba mu abu wɔ ho. Nea ɛne eyi bɔ abira no, Yehowa apɛde a yɛyɛ de suasua Kristo no ma yenya atirimpɔw wɔ yɛn asetra mu, na etumi ma yɛde adwempa yɛ yɛn honam fam nnwuma mpo. Onyankopɔn apɛde a yɛbɛyere yɛn ho denneenen ayɛ no kyerɛ dɛn? Nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn ho yiye wɔ ho na ama yɛakɔ so atra ase ayɛ Onyankopɔn apɛde? Ɛdefa asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no ho no, ɔkwan bɛn so na ɛho hia sɛ yedi akwankyerɛ ne nyansahyɛ ahorow a Yehowa ahyehyɛde no de ma no akyi? Hokwan soronko bɛn na ɛwɔ hɔ ma mmofra a wɔde wɔn adwene si Onyankopɔn apɛdeyɛ so no?
3 Dwumadi no a ɔkasa atitiriw abien a ɛne “So Onyankopɔn Apɛde Kyerɛ W’asetra Kwan?” ne “Yɛn Atirimpɔw wɔ Asetra Mu—Onyankopɔn Apɛde a Yɛbɛyɛ” ka ho no bebua nsemmisa yi yiye. Yɛ nhyehyɛe mprempren na woakɔ akotie dwumadi titiriw yi nyinaa.