Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/11 kr. 3
  • ‘Ma Onyankopɔn Apɛde Nyɛ Hɔ’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Ma Onyankopɔn Apɛde Nyɛ Hɔ’
  • Yɛn Ahenni Som—2011
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bɔ W’ahonim Ho Ban
    Yɛn Ahenni Som—2012
  • ‘Aduan Wɔ Bere a Ɛsɛ Mu’
    Yɛn Ahenni Som—2010
  • Onyankopɔn Asɛm Ye Ma Ɔkyerɛkyerɛ
    Yɛn Ahenni Som—2013
  • Yɛn Ɔmansin Nhyiam Horow—Honhom Mu Apontow Mo Ahyɛ Yɛn Nyinaa Den
    Yɛn Ahenni Som—1980
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2011
km 8/11 kr. 3

‘Ma Onyankopɔn Apɛde Nyɛ Hɔ’

1. Dɛn ne da koro nhyiam titiriw dwumadi ma afe 2012 ɔsom afe no asɛmti, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesusuw asɛm yi ho?

1 Yehowa pɛ nti na ɔbɔɔ yɛn. (Adi. 4:11) Ɛno nti, yɛrentumi nni nea enti a ɔbɔɔ yɛn no ho dwuma gye sɛ yesua Onyankopɔn apɛde a yɛbɛyɛ no ho ade. Eyi a yɛbɛyɛ no nna fam, efisɛ ɛsɛ sɛ yɛko tia akɔnnɔ a ɛwɔ yɛn mu a ɛma yɛyɛ “nea ɔhonam ne nsusuwii pɛ” anaa yɛyɛ “nea amanaman no pɛ” no. (Efe. 2:3; 1 Pet. 4:3; 2 Pet. 2:10) Sɛ yɛannya Onyankopɔn hɔ mmoa a, yebetumi atɔ “Ɔbonsam afiri a ɔde akyere wɔn sɛ wɔnyɛ n’apɛde no mu.” (2 Tim. 2:26) Da koro nhyiam titiriw dwumadi ma afe 2012 ɔsom afe no bɛboa yɛn mu biara ma yɛayɛ yɛn ade ma ɛne Yesu adesrɛ a ɛto so abiɛsa, “w’apɛde nyɛ hɔ,” a ɛwɔ ne mpaebɔ a ɔde yɛɛ nhwɛso no mu no ahyia.—Mat. 6:9, 10.

2. Nsɛmmisa bɛn na wɔbɛma ho mmuae wɔ nhyiam no ase?

2 Nsɛmmisa a Yebenya Ho Mmuae: Bere a woretie dwumadi no, hwɛ sɛ wubenya nsɛmmisa yi ho mmuae anaa: Dɛn na ɛho hia sen sɛ yebetie Onyankopɔn Asɛm? Yɛbɛyɛ dɛn akɔ so ahu nea Onyankopɔn pɛ sɛ yɛyɛ? Dɛn nti na ɛho hia sɛ yenya ɔpɛ sɛ yɛbɛboa nnipa ahorow nyinaa? Yɛbɛyɛ dɛn anya asetena pa a abotɔyam wom? Mmofra, dɛn na ɛsɛ sɛ moma Yehowa hu wɔ mo ho? Sɛ yɛyɛ Onyankopɔn apɛde a, mfaso bɛn na yenya? Dɛn nti na ɛho hia paa sɛ yɛhyɛ afoforo den na yɛhyɛ wɔn nkuran?

3. Yɛbɛyɛ dɛn anya honhom fam nsiesiei yi so mfaso kɛse?

3 Bɔ mmɔden sɛ wobɛkɔ bi na tie dwumadi no yiye. Ebetumi aba sɛ ɔkasafo a Betel apaw no anaa ɔhwɛfo kwantufo na ɔbɛhwɛ nhyiam no so. Ansa na wobefi nhyiam no ase ne bere a moapɔn no, bɔ mmɔden sɛ wo ne no ne ne yere, sɛ w’aware a, bɛbɔ nkɔmmɔ. Sɛ mosan kɔ fie a, ɛnsɛ sɛ moyɛ ‘atiefo awerɛfifo,’ na mmom mommɔ dwumadi no ho nkɔmmɔ sɛ abusua, na munsusuw ɔkwan a mobɛfa so de ayɛ adwuma yiye ma ɛne Onyankopɔn apɛde ahyia ho.—Yak. 1:25.

4. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛde Onyankopɔn apɛdeyɛ di kan wɔ yɛn asetena mu?

4 Ɛrenkyɛ, wɔbɛsɛe wɔn a wodi wɔn ankasa akɔnnɔ akyi ne wɔn a wɔmmrɛ wɔn ho ase mma Yehowa no nyinaa. (1 Yoh. 2:17) Yɛda Yehowa ase sɛ wasiesie nsɛm a ɛyɛ ne bere mu de ama yɛn a ɛbɛboa ma yɛde Onyankopɔn apɛdeyɛ adi kan wɔ yɛn asetena mu!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena